Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 11/8 kr. 26-27
  • Mpampuro Adakabɛn—Philippine Nnwonto mu Anwonwade

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpampuro Adakabɛn—Philippine Nnwonto mu Anwonwade
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adakabɛn no Yɛ
  • Tebea Bɔne Ano a Agyina
  • Ne Siesie
  • Saa Akwaa A Ɛyɛ Nwonwa No​—Yɛn Koma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Nyan!—1994
g94 11/8 kr. 26-27

Mpampuro Adakabɛn—Philippine Nnwonto mu Anwonwade

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ PHILIPPINES HƆ

NNAKABƐN ahorow ahorow na aba wɔ bɛboro mfe 2,000 a atwam no mu. Akwan a wɔfa so yɛ no gu ahorow, nanso nnakabɛn nyinaa wɔ adorobɛn a ɛsesa so a ɛboa ma etumi gyigye. Wɔtaa de nnua ne nnade na ɛyɛ eyinom. Nanso, adakabɛn a yɛpɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ wo no wɔ adorobɛn a wɔde mpampuro titiriw na ayɛ. N’adorobɛn 953 a ɛma nnyigyei no mu 832 yɛ mpampuro. Nea aka no yɛ nnade. Bio nso, ɛwɔ adorobɛn bi a wɔde asiesie ho kɛkɛ.

Ɔkwan bɛn so na mpampuro adakabɛn yɛ adwuma? Ɛyɛ adwuma te sɛ nnakabɛn afoforo a ɛwɔ adorobɛn no ara pɛ. Adorobɛn abien na wɔde di dwuma, na wohuw mframa gu mu ma egyigye. Mframa adorobɛn—a ɛwowɔ ntokuru a ɛreyɛ ayɛ nkuruwankuruwa a ɛbemmɛn faako a wɔde asoso adakabɛn no ankasa mu no—ma nnigyei sɛnea atɛntɛbɛn yɛ no ara pɛ. Demmire adorobɛn—a nnade a ɛwosowosow hyehyem—ma nnyigyei sɛnea clarinet anaa saxophone yɛ no ara pɛ. Mpampuro a wɔde ayɛ adorobɛn no dodow no ara no ma adakabɛn yi nnyigyei yɛ soronko.

Adakabɛn no Yɛ

Spainni ɔsɛmpatrɛwfo bi, Diego Cera, na ofii ase yɛɛ mpampuro adakabɛn yi wɔ 1816 mu. Dɛn nti na ɔde mpampuro yɛe? Ebia ohia kakra a ɛwɔ saa ɔman no mu nti, na ɛho hia sɛ ɔde nneɛma a ne bo nyɛ den di dwuma. Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔyɛɛ adakabɛn no pɛe sɛ ɔde ɛhɔnom nneɛma a ɛfata na ɛyɛ.

Wɔ 1816 mu no, otwitwaa mpampuro de siee mpoano anhwea mu maa no dii bɛyɛ afe. Obuu nea nkoekoemmoa ne wim tebea yi antumi ansɛe no no sɛ ɛno na ɛbɛkyɛ, na ɔde yɛɛ adakabɛn no. Mfe pii a edi hɔ no, ɔkekaa adakabɛn no afã horow no boboom. Bere a owiee ne nyinaa wɔ 1821 mu no, wɔkaa ho asɛm sɛ “nea ɛsen biara ne nea wonnyaa ɛso bi da wɔ ɔman no mu.”

Tebea Bɔne Ano a Agyina

Tebea no nkɔɔ yiye mmaa mpampuro adakabɛn no. Asasewosow sisii wɔ afe 1829 mu wɔ Las Piñas kurow a adakabɛn no wɔ no mu. Ɔdan a na esi mu no so pae, na ebia wim tebea no kaa adakabɛn no kakra. Wɔ 1863 mu no, asasewosow bi a ano yɛ den mmoroso sɛee adakabɛn no kɛse mpo. Wɔsesaa adorobɛn no bi, nanso nkoekoemmoa tow hyɛɛ so bere tenten bi. Wɔ 1880 mu no, asasewosow a ano yɛ den foforo sɛee ɔdan a adakabɛn no si mu no kɛse, na bere a wonnya nsiesiee dan no nwiei no, ahum kɛse bi tui. Eduu saa bere no na adakabɛn no afã horow bi abɔ apete.

Wɔde mfe pii bɔɔ mmɔden sɛ wobesiesie, nanso bere a wɔbɔɔ mmɔden bi sɛ wɔbɛyɛ no, ɛsɛee no maa anyɛ sɛnea na ɛte bio. Obi a na ɔresiesie twitwaa mpampuro adorobɛn no afã bi de mmuaso hyehyeem. Eyi sakraa sɛnea adakabɛn no gyigye no kɛse. Na, ɛmfa ho mmɔden a wɔbɔe sɛ wobesiesie adakabɛn no, ɛkɔɔ so sɛee.

Adakabɛn no faa akodi mu nso. Las Piñas na Philippinesfo ne Spainfo dii ako wɔ 1890 mfe no mu, na Philippinesfo ne Amerikafo ko no nso sii wɔ hɔ. Nanso, ɛmfa ho sɛ adakabɛn no sɛee no, kyerɛwtohɔ a wɔyɛe fi 1911 kosi 1913 no kyerɛ sɛ ahɔho bɛhwɛe.

Afe 1941 kosi 1945 mu na wiase nyinaa ko a ɛto so abien no baa Philippines. Bere a Japanfo dɔm baa hɔ no, Onuonyamfo Y. Tokugawa a ɔyɛ Ɔhempɔn Hirohito busuani, de n’adwene kɔɔ adakabɛn no so. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wosiesiei kakra, nanso ɛno akyi no, wɔanyɛ adakabɛn no ho biribi titiriw biara mfe pii.

Afei, wɔ 1970 mfe no mu no, nkurɔfo kaa ho asɛm denneennen sɛ wɔnsan nsiesie. Ná mpampuro adorobɛn ɔhaha pii no mu 45 ayerayera na 304 nyɛ adwuma. Wohuu anomaa berebuw wɔ biako mu. So na biribi wɔ hɔ a wobetumi ayɛ ama adakabɛn no atumi ayɛ adwuma bio?

Ne Siesie

Wofii ase siesiei wɔ March 1973 mu, na amannɔne adwuma bi na wɔde ho adwuma no hyɛɛ wɔn nsa. Wɔde adorobɛn no faa po so hyɛn kɔɔ Japan, na wɔde adakabɛn no nkae guu hyɛn mu kɔɔ Germany. Ɛhɔ na wosii ɔdan soronko bi yɛɛ emu tebea te sɛ Philippines wim tebea no ara pɛ. Ne siesie no kɔɔ so wɔ saa dan yi mu.

Ná botae no ne sɛ wɔbɛyɛ ma asɛ mfiase de no sɛnea ebetumi biara. Awiei koraa no, wosiesie wiei. Wɔde adorobɛn a wɔasiesie wɔ Japan no faa wimhyɛn baa Germany. Wɔhyehyɛɛ adakabɛn mũ no bio, na wɔsɔ hwɛe. Afei, wɔ February 18, 1975 no, wɔde dii agoru dɔnhwerew biako kyerɛɛ Germanfo bi ma ɛyɛɛ wɔn dɛ.

Ɛno akyi pɛɛ no, wɔhyehyɛɛ adakabɛn no guu nnaka dummien mu, na ɛdenam Belguim wimhyɛn dwumadi bi mmoa so no, wɔde ne nyinaa, a emu duru yɛ kilogram 5,626 san kɔɔ Philippines. Wɔde anigye hyiaa no kwan wɔ Las Piñas, kurow a na wɔbɛkora so wom no. Nnipa mpem aduasa na wɔhwɛɛ nneɛma a wɔde sisii lɔre ahorow mu de yɛɛ adakabɛn no abakɔsɛm ho ɔyɛkyerɛ no.

Eduu May 9, 1975 no, na wɔawie mpampuro adakabɛn no a wobetumi de adi agoru de afi ne dwumadi ase. Germanni sankubɔfo bi ne Philippinesfo nnwontofo bi bedii agoru maa wɔde yii mpampuro adakabɛn no adi bio wɔ Philippines.

So w’ani sɔ nnwom akyɛde a yɛn Bɔfo no de ama yɛn no? Wobɛpɛ sɛ wote biribi a ɛyɛ soronko kakra? Sɛ ɛba sɛ wunya hokwan tie mpampuro adakabɛn a ɛwɔ Las Piñas no a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye Philippines nnwonto mu anwonwade soronko yi ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena