Akanfo Mmɛ—Sɛnea Ɛda Wɔn Asetra Adi
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GHANA HƆ
DƐN ne bɛ? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ bɛ ase sɛ “kasamu tiawa a mpɛn pii no nnipa taa fa ka asɛm de ma afotu anaasɛ wɔde ka asetra mu nsɛm kyerɛ.” Yorubafo a wofi Nigeria kyerɛ bɛ ase ma ɛyɛ anika sɛ “ɔpɔnkɔ a otumi ma wohu nsusuwii ahorow wɔ ahoɔhare so.”
Wɔda sɛnea mmɛ, anaa akasabebu hia no adi wɔ bɛ a Akanfo a wɔwɔ Ghana nim no yiye yi mu sɛ: “Ɔba nyansafo wobu no bɛ, na wɔnka no asɛm.” Asɛm no ne sɛ enhia sɛ wɔka nsɛm pii kyerɛ onyansafo bere nyinaa ansa na wahu ade pa a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Bɛ a ɛfata kanyan nsusuwii, ɛma wɔte nneɛma ase, na etumi kanyan obi ma ɔyɛ adetrenee.
Wɔ Ghana no, wɔde abebu di dwuma kɛse bere a wɔreware ne bere a wɔreyɛ ayi na wɔde di dwuma wɔ tete nnwomkorɔ mu. Ɛho nso hia bere a wotu abɔfo kɔ kurow bi so no. Mpɛn pii no, ɔkyeame anaa ɔbɔfo de mmebu di dwuma wɔ ahokokwaw mu.
Wɔ Akan man mu no, sɛ obi de mmebu di dwuma ahokokwaw mu a, wobu no sɛ onim nyansa. Anigyesɛm ne sɛ, wɔ Bible mu no, wɔka sɛ na Ɔhene Salomo—ɔbarima a na wagye din sɛ onim nyansa, ɔwɔ nimdeɛ, na wakokwaw wɔ amansɛm mu no—nim mmɛ 3,000. Nokwarem no, honhom mu na wofi kyerɛw Bible mu mmebusɛm no na ɛyɛ nokware bere nyinaa, a ɛnte sɛ mmɛ a egyina onipa suahu ne ne nhumu so no. Ɛmfa ho nyansa a ɛwɔ nnipa mmebu mu no, ɛnsɛ sɛ wɔde toto Bible mu de ho ɔkwan biara so. Nanso ma yɛnhwɛ Akanfo mmɛ ahorow bi.
Onyankopɔn Ho Adwene
Wɔ Ghana no, akasabebu gye tom bere nyinaa sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ, na eyi da adi wɔ Akanfo mmɛ pii mu. Onyankopɔn a onni hɔ ho adwene nni ɔfã biara wɔ Akanfo nsusuwii mu. Sɛ nhwɛso no, wobu bɛ bi sɛ: “Obi nkyerɛ abofra Nyame.” Abofra mpo nim dedaw sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ. Wɔtaa bu saa bɛ yi de ka ade bi a abofra nhia ho nsɛm pii na ɔde ahu dekode a ɛkyerɛ.
Akanfo bu bɛ foforo sɛ: “Woguan Nyankopɔn a wohyɛ n’ase.” Ɛkyerɛ sɛ, obi daadaa ne ho bere a ɔbɔ mmɔden sɛ obebu n’ani agu Nyankopɔn so no. Bible no kaa asɛm a ɛte saa ara wɔ mmere tenten bi a atwam sɛ Onyankopɔn aniwa “wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.” (Mmebusɛm 15:3) Yɛn nyinaa wɔ asodi wɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no anim.
Asetram Gyinapɛn ne Nnyinasosɛm Ahorow a Wɔda no Adi
Sɛnea ɛte wɔ amammerɛ afoforo mu no, Akanfo mmɛ yɛ baabi a wɔkora asetram gyinapɛn ne nnyinasosɛm ahorow so. Sɛ nhwɛso no, wɔda tumi a nsɛm a wɔka no wɔ adi ɔkwan a ɛfata so wɔ bɛ yi mu: “Ano patiriw a, ɛsen nammɔn.” Tɛkrɛma a ɛyɛ keka betumi de ɔhaw kɛse ankasa aba na nokwarem no, ebetumi ama obi akɔ so atra ase anaa wahwere ne nkwa.—Mmebusɛm 18:21.
Nanso, sɛ yɛhwɛ tɛkrɛma no yiye a, ebetumi de asomdwoe ankasa aba, sɛnea akasabebu yi di ho adanse no, “Tɛkrɛma wɔ hɔ a, ɛsẽ mmɔ nkuro.” Asɛm a ɛwɔ eyi mu ne sɛ wobetumi asiesie afanu bi—te sɛ obi ne ne yere—ntam ma asomdwoe aba denam odwo mu a wobefi asusuw nsɛm ho no so. Na sɛ eyi anyɛ yiye mpo a, tɛkrɛma a wɔde bedi dwuma ahokokwaw so wɔ asɛnni mu no betumi asiw ntawntawdi ano.
Nyansa
Mfaso a ɛwɔ nhumu ne nsɛm ho a yedi kan susuw so no da adi wɔ akasabebu pii a esi nyansa so dua no mu. Obi a ɔpere na odi akakabensɛm a onsusuw nea ebefi ne nneyɛe mu aba ho no betumi afa afotu afi akasabebu yi mu, “Wodi kan hwehwɛ aguanee ansa na wɔayi ɔprammiri ahi.”
Ɔwofo a ohu suban bɔne bi wɔ ne ba ho no bɛpɛ sɛ otie abebu yi, “Dua a enya wo a ɛbɛwɔ wo no, yetu ase, na yɛnsensen ano.” Yiw, ɛsɛ sɛ wotu suban bɔne biara ase—anaa wodi ho dwuma mfiase no ara—ansa na abɛyɛ ɔhaw ankasa.
Amammerɛ Mu Nneyɛe a Wɔnka Ho Asɛm Tẽẽ
Ɛtɔ mmere bi a ɛho hia sɛ wote amammerɛ bi ase na ama woate wɔn mmɛ ase. Sɛ nhwɛso no, wɔ Akanfo mu no, ɛnkyerɛ obu sɛ wode wo nsa benkum bɛkasa akyerɛ afoforo, titiriw wɔ mpanyimfo anim. Wɔka saa amammerɛ yi ho asɛm wɔ bɛ yi mu sɛ, “Obi mfa ne nsa benkum nkyerɛ ne kurom kwan.” Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ obi nya anisɔ ma nea ɔwɔ, a beae a ofi ka ho.
Ɛbɛ bi a ɛka Akanfo amammerɛ kwan so adidi wɔ fie ho asɛm no ka sɛ: “Abofra hu ne nsa hohoro a, ɔne mpanyimfo didi.” Wɔ adidi mmere no, wɔboaboa fiefo no ano sɛnea wɔn mfe te. Nanso, wɔma abofra a ɔyɛ n’ade wɔ ɔkwan pa so, titiriw wɔ ahotew ne ɔpɔw kwan so no kwan ma ɔkɔka n’agya ne mpanyimfo afoforo ho wɔ wɔn pon ho didi. Saa bɛ yi si so dua sɛ obu a obi benya gyina ne nneyɛe so mmom sen ne mfe a wɔadi so.
So woresusuw aware ho? Ɛnde dwen saa Akanfo bɛ yi ho, “Aware nyɛ nsafufu na wɔaka ahwɛ.” Wɔn a wɔtɔn nsafufu, nsa a wotwa wɔ abɛ so a emu kaw, taa ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtɔ bi no ka hwɛ ansa na wɔasi gyinae sɛ wɔbɛtɔ anaasɛ wɔntɔ koraa. Nanso, aware nyɛ ade a wobetumi aka ahwɛ saa. Saa bɛ yi da sɛnea aware abusuabɔ tra hɔ daa ne gye a wonnye aware a wɔsɔ hwɛ no ntom adi.
Nneɛma a Wɔhwɛ Kɔ Akyiri
Akasabebu pii da sɛnea Akanfo nananom hwɛɛ nnipa ne mmoa nneyɛe kɔɔ akyiri fae no adi. Sɛ nhwɛso no, akokɔbere ne ne mma a wɔhwɛɛ wɔn kɔɔ akyiri no na ɛma wobuu bɛ sɛ, “Akokɔ ba a ɔbɛn oni na odi abɛbɛ srɛ.” Ase ne dɛn? Sɛ obi tew ne ho a, werɛ fi no bere a wɔrekyɛ nnepa no.
Obiara a ohu apɔtorɔ a wawu no behu nokware a ɛwɔ ɛbɛ yi mu, “Apɔtorɔ wu a, na wohu ne tenten.” Wɔtaa bu saa bɛ yi bere a wɔnkyerɛ anisɔ mma obi no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, nea wɔnkyerɛ ne ho anisɔ de yɛ awerɛkyekye sɛ da a onni hɔ na nnipa behu ne so mfaso.
Mmɛ a “Wɔatwa no Tiaa”
Ɛwom sɛ wɔnam ano so na ɛde Akanfo mmɛ ama fi awo ntoatoaso biako so akɔ foforo so de, nanso wɔakora pii so wɔ adwinni mu. Yehu saa adwinni yi wɔ nnua a wɔasen, akyeamepoma, sika pɔ, ne nwentoma ne afei wɔ ɛnnɛyi ntama ahorow mu. Nsrahwɛfo a wɔkɔ Ghana mmeae a wɔde adwinne kyerɛ no behu ɔbarima bi a ɔreforo dua a ɔbarima foforo repia no ho adwinni. Eyi yɛ adwinni a ɛne bɛ yi hyia, “Woforo dua pa a, na wopia wo.” Afotusɛm a ɛwɔ bɛ yi mu da adi—sɛ woyɛ ade pa a, wɔboa wo.
Ayi ase titiriw na sɛnea nhoma kyerɛwfo bi kae no, wonya hokwan de “ntama di dwuma de kasa.” Nokwarem no, sɛnea tebea no yɛ awerɛhow no ma obiara susuw asetra ho kɔ akyiri. Ne saa nti, adwinni a ɛwɔ ayi ntama bi mu no ma wosusuw asetra ho kɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, ntama a wɔayɛ antweri ho mfonini wɔ mu no ma obi kae saa bɛ yi, “Owu antweri baako mforo.”a Eyi kae obiara sɛ ɛsɛ sɛ onya ahobrɛase adwene na ɛnsɛ sɛ ɔbɔ ne bra te sɛ nea ɔrenwu da.—Ɔsɛnkafo 7:2.
Wɔ Akan man mu no, ahemfo no abɔfo anaa wɔn akyeame nim sɛnea wɔde mmɛ di dwuma wɔ kasa mu yiye, na wotumi kura akyeamepoma a adwinni a ɛka nneɛma bi a ɛsom bo ma ɔman ho asɛm wɔ so. Sɛ nhwɛso no, anomaa a ɔde ne bɔwerɛ aso ɔwɔ ti yɛ “kasatiaa” a ɛkyerɛ sɛ, “Wuso ɔwɔ ti a, nea aka nyinaa yɛ hama.” Afotusɛm bɛn na ɛwom? Fa akokoduru gyina wo haw ahorow ano—mpa abaw da.
Ɔkwampa a Ɛsɛ sɛ Wɔde Bɛ Di Dwuma
Sɛnea ɛte wɔ mfatoho biara ho no, bere ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔde bɛ bi di dwuma no gyina asɛm ko ne atiefo ko no so. Ɛbɛ a wɔmfa nni dwuma wɔ kwan pa so no betumi abrɛ tumi a ɛwɔ asɛm bi mu ase. Na esiane sɛ wɔ amammerɛ bi mu, mmebu yɛ ɔkwampa a wɔfa so di nkitaho nti, nnipa pii betumi anya ɔkasafo a ɔmfa mmɛ nni dwuma yiye no ho adwene a ɛmfata.
Wɔ Ghana no, wobu mpanyimfo sɛ wɔne mmebu farebae. Enti, mpɛn pii no, ɔkasasin a wɔde fi bɛ ase ne, “Mpanyin se . . .” Na wɔ tebea a ɔkasafo rekasa akyerɛ mpanyimfo mu no, ɛkyerɛ obu sɛ obu bɛ fi ase sɛ, “Ɛyɛ mo mpanyimfo na moka sɛ . . .” Wɔ obu kwan so no, ɔkasafo a ɔyɛ akumaa no mpɛ sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔrekyerɛ ne mpanyimfo nyansa a ɛwɔ bɛ no mu no.
Nneɛma a Ɛfata Bi a Wɔahyɛ no Nsow
Wobetumi abu bɛ de afi asɛm bi ase anaasɛ wɔde awie. Afei nso, wobetumi anwene no wɔ nyansakwan so de aka asɛm bi araa ma ebehia sɛ obi de nhumu di dwuma ansa na wahu nea wɔrepɛ akyerɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa obi a ɔwɔ ahobrɛase na ɔpɛ asomdwoe ho no, ebia Ɔkanni bɛka sɛ: “Sɛ ɛkaa Asiamasi nko a, anka otuo rentow wɔ akuraa yi ase.” Eyi twe adwene si bɛ a ese, “Sɛ ɛkaa nwaw ne akyekyere nko a, anka otuo ntow wɔ wura mu” no so. Saa mmoa abien yi nyinaa ho dwo na wɔnyɛ basabasa na wɔmpɛ ntɔkwaw. Nnipa a wɔwɔ saa su yi ma asomdwoe ba.
Nanso, sɛ wopɛ sɛ Ɔkanni bu mmɛ kyerɛ wo a, baako pɛ na obebu akyerɛ wo, “Wonnae a, wonsõ dae.” Wɔ kwan foforo so no, wommu bɛ wɔ bere a tebea no mfata sɛ wɔyɛ saa, sɛnea sɛ obi nnae a, ontumi nsõ dae no. Asɛm anaa tebea bi na ɛma wobu bɛ.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛho hia sɛ yɛkyerɛ mu sɛ wɔyɛ adwinni yi wɔ ntama kɔla ahorow mu na ɛnyɛ ntama tuntum a wɔtaa de yɛ ayi no nko mu.