‘Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye’
ASƐM tie yɛ adesua mu ade titiriw. Ebetumi anya obi nkwagye ho anidaso so tumi nso. Bere a na Yehowa rebegye ne man no afi Misraim nkoasom mu no, ɔde akwankyerɛ maa Mose, na ɔkaa nea ɛsɛ sɛ Israel mpanyimfo yɛ na ɔbɔfo no ankum wɔn mmakan no kyerɛɛ wɔn. (Ex. 12:21-23) Afei mpanyimfo no kaa asɛm yi kyerɛɛ abusua biara. Wɔde wɔn ano na ɛkae. Na ɛsɛ sɛ nkurɔfo no tie no yiye. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Bible bɔ amanneɛ sɛ: ‘Israelfo no nyinaa yɛe sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose ne Aaron no. Saa ara na wɔyɛe.’ (Ex. 12:28, 50, 51) Ne saa nti, Israel nyaa ogye a ɛyɛ nwonwa.
Ɛnnɛ, Yehowa resiesie yɛn ama ogye a ɛkyɛn saa. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛfata sɛ yetie akwankyerɛ ahorow a ɔde ma yɛn no yiye. Wɔde akwankyerɛ a ɛte saa ma yɛn wɔ asafo nhyiam ahorow ase. So worenya nhyiam a ɛtete saa mu kyɛfa yiye? Ne kɛse no ara gyina sɛnea wutie asɛm no so.
So wutumi de akwankyerɛ a wɔde ma wɔ nhyiam ahorow ase no mu nsɛntitiriw sie wo tirim? So wode ayɛ wo su sɛ dapɛn biara, wobɛhwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so de akwankyerɛ a wɔde ma no adi dwuma wɔ w’ankasa asetra mu anaa woaka ho asɛm akyerɛ afoforo?
Siesie Wo Koma
Nea ɛbɛyɛ na yɛanya akwankyerɛ a wɔde ma wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase mu mfaso yiye no, ehia sɛ yesiesie yɛn koma. Wɔde nea esii wɔ Yuda hene Yehosafat ahenni bere so no na asi hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ saa no so dua. Yehosafat gyinaa nokware som akyi pintinn. ‘Oyiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua fii Yuda,’ na osisii mmapɔmma, Lewifo, ne asɔfo a wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no Yehowa Mmara wɔ Yuda nkurow nyinaa mu. Nanso, “sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi.” (2 Be. 17:6-9; 20:33) Ná atoro anyame a wɔsom ne ɔsom a Yehowa mpene so a wɔde ma wɔ abosonsomfo sorɔnsorɔmmea no agye wɔn ti ara ma wɔantu ase.
Dɛn nti na akwankyerɛ a Yehosafat yɛɛ ho nhyehyɛe no antumi annya wɔn so nkɛntɛnso ankyɛ? Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Na ɔman no nnya nsiesiee wɔn koma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no.” Wɔtee, nanso wɔantumi anni so. Ebia wosusuwii sɛ kwan a na wobetwa akɔ Yerusalem akɔbɔ afɔre no yɛ den. Sɛnea ɛte biara no, gyidi ankanyan wɔn koma.
Nea ɛbɛyɛ na yɛrensan nkɔfa Satan wiase no akwan so no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn koma gye akwankyerɛ ahorow a Yehowa de rema nnɛ no. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan titiriw biako ne mpaebɔ. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ yɛde aseda begye Nyankopɔn akwankyerɛ atom. (Dw. 27:4; 95:2) Eyi bɛboa yɛn ma yɛakyerɛ anisɔ wɔ mmɔden a yɛn nuanom rebɔ ho; ɛmfa ho sɛ wɔnyɛ pɛ no, wɔde wɔn ho ama sɛ Yehowa mfa wɔn nni dwuma mfa nkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo. Ɛnyɛ nneɛma foforo a yɛresua no nko na ɛbɛka yɛn ma yɛada Yehowa ase, na mmom hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛma nneɛma a yɛasua pɛn no ho anisɔ a yɛwɔ no mu adɔ nso. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde kosi ase nti, yɛbɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me wo kwan, . . . ka me koma bom ma ensuro wo din.”—Dw. 86:11.
Fa W’adwene Si Biribi So
Aso a yɛbɛyɛ atie asɛm ho akwanside pii wɔ hɔ. Dadwen betumi ahyɛ yɛn so. Dede anaa akɔneaba a atiefo no di wɔ nhyiam no ase anaa akyi no betumi atwetwe yɛn adwene. Yɛn ho a ɛmfa yɛn betumi ama ayɛ den sɛ yɛde yɛn adwene besi asɛm a wɔreka no so. Ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔwɔ mmofra nkumaa no behu sɛ wɔn adwene wɔ nneɛma abien so. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi dwumadi no so?
Aniwa no wɔ ade a yɛde yɛn adwene si so no so nkɛntɛnso kɛse. Fa w’aniwa di dwuma ma ɛmmoa wo denam ɔkasafo no so a wode besi no so. Sɛ ɔfrɛ Bible mu asɛm bi—nea wunim no yiye mpo—a, bue na kenkan di n’akyi. Kwati sɛ wobɛdan wo ti akɔ baabi a dede biara wɔ anaa biribiara a ɛretwam so. Sɛ w’aniwa retwetwe nneɛma pii ba w’adwenem a, worente nsɛm a wɔka wɔ asɛnka agua so no mu pii.
Sɛ ‘wo mu dadwen’ bi ma ɛyɛ den ma wo sɛ wode w’adwene besi dwumadi no so a, bɔ Yehowa mpae ma ɔmma wo adwene ne koma a edwo a ɛbɛboa wo ma woayɛ aso atie asɛm. (Dw. 94:19; Fil. 4:6, 7) Sɛ ɛho hia a, yɛ saa mpɛn pii. (Mat. 7:7, 8) Asafo nhyiam ahorow no yɛ nsiesiei a efi Yehowa hɔ. Wubetumi anya ahotoso sɛ ɔpɛ sɛ wunya dwumadi no mu mfaso.—1 Yoh. 5:14, 15.
Ɔkasa Ahorow a Wubetie
Ɛda adi sɛ wubetumi akaakae nsɛm bi a woate afi ɔkasa ahorow mu. Nanso, ɔkasa a wubetie no hwehwɛ pii sen nsɛntitiriw bi a wobɛboaboa ano ara kwa. Ɔkasa te sɛ akwantu. Ɛwom sɛ wubetumi ahu nneɛma a ɛyɛ anigye wɔ kwan mu de, nanso nea ehia ne baabi a worekɔ, botae no. Ebia na ɔkasafo no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma atiefo no anya ntease pɔtee bi anaasɛ ɔbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ biribi.
Susuw ɔkasa a Yosua ma kyerɛɛ Israel man no a wɔakyerɛw wɔ Yosua 24:1-15 no ho hwɛ. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛkanyan ɔman no ma wɔagyina nokware som afã pintinn atwe wɔn ho afi aman a atwa wɔn ho ahyia no abosonsom ho. Dɛn nti na na ɛno ho hia saa? Sɛnea na atoro som anya ɔman no so nkɛntɛnso no maa gyinabea pa a na wɔwɔ wɔ Yehowa anim no ho baa asɛm kɛse. Ɔman no buaa Yosua adesrɛ no sɛ: “Eyi mpare yɛn sɛ yebegyaw [Yehowa, NW] akɔsom anyame foforo . . . yɛbɛsom [Yehowa, NW].” Na wɔyɛɛ saa!—Yos. 24:16, 18, 31.
Bere a wutie ɔkasa bi no, bɔ mmɔden sɛ wubehu adwene a ɛwɔ akyi no. Susuw sɛnea nsɛm a ɔkasafo no ka no boa ma wuhu saa adwene a ɛwɔ akyi no ho. Bisa wo ho nea asɛm no hwehwɛ sɛ woyɛ.
Asɛm a Wubetie Bere a Wɔresusuw Nsɛm Ho
Ɔwɛn-Aban Adesua, Asafo Nhoma Adesua, ne Ɔsom Nhyiam no afã bi yɛ nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw nsɛm bi a egyina Bible so ho.
Ɔkwan bi so no, tie a wubetie asɛm bere a wɔresusuw nsɛm ho no, te sɛ nea worenya nkɔmmɔbɔ bi mu kyɛfa. Sɛ wubenya mu mfaso yiye a, yɛ aso tie. Hwɛ faako a nkɔmmɔbɔ no rekɔ. Hyɛ sɛnea nea ɔhwɛ so no si asɛmti ne emu nsɛntitiriw no so dua fa no nsow. Ma ne nsɛmmisa ahorow ho mmuae wɔ wo tirim. Tie bere a afoforo kyerɛkyerɛ nsɛm mu anaasɛ wɔma ho nhwɛso no. Adwene a afoforo kyerɛ a wubegyina so asusuw asɛm ho no bɛma woanya ntease foforo wɔ asɛmti bi a na wunim dedaw no ho. Nya nkitahodi no mu kyɛfa denam w’ankasa gyidi a wobɛka ho asɛm so.—Rom. 1:12.
Adesua asɛm no a wubedi kan asua no bɛboa wo ma wode wo ho ahyɛ nkɔmmɔbɔ no mu na woadi mmuae a afoforo bɛma no akyi. Sɛ wo nsɛm tebea ma ɛyɛ den sɛ wubesua adesua asɛm no yiye a, anyɛ yiye koraa no, gye simma kakraa bi fa hwɛ asɛm no mu kakra ansa na nhyiam no afi ase. Eyi a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woanya nkɔmmɔbɔ no mu mfaso kɛse.
Asɛm a Wubetie Wɔ Ɔmansin ne Ɔmantam Nhyiam Ase
Nneɛma a ɛtwetwe adwene taa dɔɔso wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase sen asafo nhyiam ahorow ase. Eyi betumi ama asɛm a wubetie no ayɛ den kɛse. Dɛn na ebetumi aboa yɛn?
Ade biako a ehia ne sɛ wobɛda yiye anadwo. Ansa na wobefi dwumadi no ase da biara no, ma da no asɛmti ntra w’adwenem yiye. Hwɛ ɔkasa biara asɛmti, na bɔ mmɔden sɛ wubesusuw nea wɔbɛka no ho. Fa wo Bible no di dwuma yiye. Nnipa pii hu sɛ nsɛm ntiantiaa a wɔbɛkyerɛw ato hɔ no boa wɔn ma wɔde wɔn adwene si dwumadi no so. Kyerɛkyerɛw nsɛm a woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma wɔ w’ankasa asetram ne asɛnka mu ho nsɛm ntiantiaa to hɔ. Wo ne afoforo nsusuw nsɛm no bi ho bere a mutwa kwan kɔ nhyiam no ase na mosan ba da biara no. Eyi bɛboa wo ma nsɛm no aka wo tirim.
Mmofra a Wɔtete Wɔn Ma Wotie Asɛm
Kristofo awofo betumi aboa wɔn mma—nkokoaa mpo—ma ‘wɔahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu’ denam ba a wɔde wɔn bɛba asafo nhyiam ahorow, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam no ase so. (2 Tim. 3:15) Esiane sɛ ɛsono mmofra suban ne sɛnea wotumi tie asɛm fa nti, nhumu ho hia na woatumi aboa wɔn ma wɔasua sɛnea wotie asɛm yiye. Ebia nyansahyɛ a edidi so yi bɛboa wo.
Sɛ mowɔ fie a, yɛ bere nhyehyɛe ma wo mma no ntra ase dinn na wɔnkenkan anaa wɔnhwɛ mfonini ahorow a ɛwɔ yɛn Kristofo nhoma ahorow no mu no. Kwati sɛ wode agode begye mmofra no adwene wɔ nhyiam ahorow ase. Sɛnea na ɛte wɔ tete Israelfo fam no, saa ara na ɛnnɛ mmofra ba nhyiam ase sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobetie, na wɔasua ade.’ (Deut. 31:12) Faako a ɛbɛyɛ yiye no, awofo binom ma wɔn mma a wonnyinyinii pii no nhoma a wɔresua no bi. Bere a mmofra no nyinyin kakra no, boa wɔn ma wonsiesie wɔn ho sɛ wobenya kyɛfa wɔ dwumadi a ɛhwehwɛ sɛ atiefo de wɔn ho hyem no mu.
Kyerɛwnsɛm no da abusuabɔ a emu yɛ den a ɛda tie a yebetie Yehowa ne osetie a yɛbɛyɛ ama no no ntam adi. Yebetumi ahu eyi wɔ Mose nsɛm a ɔka kyerɛɛ Israel man no mu: ‘Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.’ (Deut. 30:19, 20) Ɛnnɛ, akwankyerɛ a Yehowa de ma a yebetie na yɛayɛ osetie de adi dwuma wɔ yɛn asetram no ho hia na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom ne daa nkwa sɛ nhyira. Ɛnde, hwɛ sɛnea ehia sɛ yetie Yesu afotu yi: “Enti monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa”!—Luka 8:18.