Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 9/15 kr. 8-9
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Nigeria

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Nigeria
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra Yere Wɔn Ho Bɛyɛ Akwampaefo
  • Video ne Ahenni Asa No
  • Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Tumi a Video Ahorow a Edi Adanse no Wɔ
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Wohia Anuanom Mmarima Pii Wɔ Akwampae Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 9/15 kr. 8-9

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Nigeria

NIGERIA hyɛ Afrika atɔe fam baabi a ɛhɔ trɛw kɔ soro na ɛkonton kɔ anafo fam no ntam. Ɛda Po a wɔfrɛ no Gulf of Guinea no so wɔ nkyempɛ no atifi pɛɛ, na emu nnipa bɛboro ɔpepem 88.a

Wɔ ɔsom mfe abien a atwam mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria no de wɔn ani asi mmofra so titiriw. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu daa no adi sɛ wɔn a wofii ase kaa asɛmpa no wɔ Nigeria wɔ 1992 mu no, na ɔha biara mu 80 adi fi mfe 10 kosi 20. Wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ afe no mu no, na ɔha biara mu 63 mfe te saa ara.

Mmofra Yere Wɔn Ho Bɛyɛ Akwampaefo

Mmofra pii de wɔn ho rehyɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no mu sɛ akwampaefo. Ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Hannah ka sɛ: “Bere a aka kakra ma mawie sukuu no, mekɔsraa wɔn a na wɔreyɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no, na mihyiaa anuanom mmea mpanyimfo baanu bi. Mekaa no me tirim sɛ, ‘Sɛ wɔn baanu tumi yɛ akwampae adwuma a, dɛn nti na mintumi nyɛ?’

“Enti bere a miwiee sukuu no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo. Asram abiɛsa akyi no, mikohuu Josephine a na wadi mfe 26 a na ɔyɛ ɔbosonsonni. Ɔkae sɛ: ‘Mo Yehowa Adansefo, moyɛ nnipa bɔnefo. Munni Buronya na momfa asuman nni dwuma.’ Meka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔma me ne no sua Bible no a, obehu nea enti a yɛnyɛ saa nneɛma no. Ɔkae sɛ ɛyɛ a mensan mmra. Ankyɛ na ofii ase baa nhyiam horow, na ɔyɛɛ nsakrae pii wɔ n’asetram. Wɔbɔɔ no asu December 1990 mu. Josephine ayɛ ɔkwampaefo fi August 1991. Bere a ɔkɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi afe a etwaam no, ɔde me kyiaa ne mfɛfo sukuufo no sɛ meyɛ ne honhom fam ɛna!”

Video ne Ahenni Asa No

Asafo ti no video kasɛt ahorow no biako boaa asafo ketewa bi ma wonyaa asase a wobesi so Ahenni Asa. Bere a wɔrehwehwɛ asase atɔ no, anuanom baanan kohuu Onojie, mpɔtam hɔ dikuro no. Ɔmaa wɔn asase bi a ne bo yɛ naira 20,000 ($1,025, U.S.). Ná asafo no ntumi ntua saa sika no, efisɛ adawurubɔfo 17 pɛ na na wɔrebesi dan no. Onojie no kae sɛ obedwen ho ama wɔn asase foforo.

Asram bi akyi no, asafo no mu mpanyimfo no biako kɔɔ Onojie no fie. Ná Onojie no rehwɛ sɛnea wosii no dikuro no ho video. Ɔpanyin no kae sɛ: “Mewɔ video bi a mɛpɛ sɛ wohwɛ. Wɔfrɛ no Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name.”

Akyiri yi, ɔpanyin no bisaa Onojie no sɛnea ohuu video no. Onojie no kae sɛ: “Mehwɛɛ video no mpɛn anum.” Ɔpanyin no san twee Onojie no adwene kɔɔ Ahenni Asa ahorow a ohui wɔ video no so no so, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ asafo a ɛwɔ hɔ no pɛ sɛ wosi biribi a ɛte saa ara. Afei obisaa no sɛ ebia asafo no betumi atɔ asase bi a ɛbɛn wɔn asase dedaw bi no a. Onojie no buae sɛ: “Nnɛra anadwo bere a mehwɛɛ video no wiei no, adwene a minyae ara ne no.” Ɛno akyi no, ɔmaa wɔn asase bi a ɛtoa asafo no de so a ne kɛse yɛ mita 6. Ɔkae sɛ: “Mubetumi afa eyi. Ne tenten de, mubetumi afa dodow biara a muhia. Monyɛ nkrataa no, na mede me nsa bɛhyɛ ase.”

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya ɛho nsɛm pii a, hwɛ 1994 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so.

[Kratafa 9 adaka]

ƆMAN NO HO AKONTAABU

1993 Ɔsom Afe

DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 174,582

NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ 507

DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 473,245

AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 19,777

BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 242,028

DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 8,888

ASAFO DODOW: 3,289

BAA DWUMADIBEA: BENIN CITY, EDO STATE

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena