Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/82 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 11
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 18
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 25
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 2
Yɛn Ahenni Som—1982
km 4/82 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE APRIL 11

Dwom 2

10 min: Nkaebɔ Ahorow. Hyɛ obiara nkuran anigye so ma onnya Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma dwumadi no mu kyɛfa.

20 min: “Ma Ayeyi Nyɛ Kɛse Denam Nsɛmma Nhoma kyekyɛ So.” Nsemmisa ne mmuae. Si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ dodow a yɛto nsa frɛ afoforo sɛ wɔnkra nsɛmma nhoma no dodow ara na hokwan wɔ hɔ sɛ yebenya ebinom ma wɔakra so dua. Saa ara na ɛte wɔ nsɛmma nhoma a yɛde ma ho; ɛkanyan asɛm no ho anigye, na bere a woasan akɔ hɔ no ebia wubenya wɔn ma wɔakra. Fa nsɛmma nhoma a aba nnansa yi kyekyɛ ho osuahu ahorow wie.

15 min: Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina February 1, 1982, Ɔwɛn-Aban mu Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ so.

Dwom 80 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 18

Dwom 45

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne Ɔkasa Atitiriw.

15 min: ‘Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Den.’ Nkuranhyɛ kasa a ɔpanyin de ma a egyina 1 Tesalonikafo 5:11 a esi hia a ɛho hia sɛ obiara hyɛ ne yɔnko gyidi den, na yɛde tɛkrɛma no di dwuma pa, so dua. (Yak. 3:10, 11: Commentary on James, nkratafa 117-119) Afei wobetumi aka hia a ehia sɛ obi siesie nsɛm a ɛba ɔne afoforo ntam ntɛm, a ɔmfa nhyɛ ne yam, na mmom akokoduru so ɔkɔ onu a wafom no nkyɛn sɛnea Mateo 18:15, 16 ne Mateo 5:23, 24 kyerɛ no, na asomdwoe aba wo ne wo nua ntam, ho asɛm.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Ɔwɛn-Aban. So.” Nsemmisa ne mmuae, ne nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so aka asɛm no yiye akyerɛ atiefo a wɔwɔ asasesin mu. Afei ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien a ɛfa Ɔwɛn-Aban a yɛde bɛma ne nea yɛbɛma wɔakra ho.

Dwom 16 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 25

Dwom 17

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.

10 min: Wo ne ɔdawurubɔfo biako anaa adawurubɔfo baanu mmɔ nkɔmmɔ wɔ sɛnea nokware no ho nimdeɛ a wonyae no aboa wɔn ma wɔadi wɔn asetra mu nsɛm a emu yɛ den so nkonim. Si so dua sɛ ɛnyɛ nimdeɛ a wɔanya no ara kwa, na mmom Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma no na aboa wɔn ma wɔayɛ nsakrae horow a ɛho hia.​—Yoh. 13:17.

10 min: Biribi a ɛho hia wɔ asafo no mu, anaa ma asɛm “Gyidi Ayaresa​—Enni Hɔ Mma Kristofo Nnɛ” ho ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ September 1, 1981 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu so.

15 min: “Anigye a Yebenya Denam Onyankopɔn Asɛm No Sua So.” Nsemmisa ne mmuae so a wɔnam ne atiefo bɔ ho nkɔmmɔ. Ma anuanom bi nka sɛnea wɔyɛ wɔn kokoam adesua ho nhyehyɛe ne bere a wɔyɛ saa nkyerɛ. Kanyan baguam ɔkasa ahorow a wofi nhoma foforo no mu bɛma no ho anigye.

Dwom 59 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MAY 2

Dwom 110

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne adekyee mu asɛm ho nkɔmmɔbɔ a abusua di ho dwuma te sɛ nea wɔwɔ anɔpa adidi ase. Hyɛ adekyee mu asɛm a abusua bɛbɔ ho nkɔmmɔ ho nkuran.

20 min: “Awofo​—So Mo Mma Benyin Honhom Mu?” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ, nanso hyɛ nea awofo ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔanyin honhom mu ho osuahu a wɔbɛka akyerɛ ho nkuran.

15 min: Ntease a Mubenya Ama Mo Mma. Agya, ɛna ne mma bɔ wɔn nsɛm a emu yɛ den no binom ho nkɔmmɔ. Ɛyɛ den ma abofra biako sɛ ɔbɛkɔ sukuu esiane sɛ mfɛfo sukuufo di ne ho fɛw nti. Abofra ka sɛnea mfɛfo sukuufo hyɛ no sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ akuw ahorow mu, ne amansɛm a wodi wɔ sukuu mu, ne ade, ho asɛm.

Awofo ne abofra ka asiane a ɛwɔ mu ho asɛm anifere ne ayamye kwan so, na wɔma abofra fi nokware no ho nimdeɛ ne anisɔ a ɔwɔ mu si gyinae. Abofra foforo nso ho kyere no bere a nsɛm a ɛfa nnapɔnna anaasɛ nna atitiriw a wodi ho sɔre. Abofra kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ tebea a ɛtete saa sɔre a, ɔfɛre sɛ ɔbɛka ne gyidi horow ho asɛm. Awofo gye tom sɛ ɛyɛ den ampa, na wɔkyerɛ awerɛhyem a wɔwɔ wɔ wɔn ba no mu sɛ obetumi adi saa nsɛm yi ho dwuma denam Yehowa mmoa so. Wɔka Bible mu nhwɛso horow a ɛfa sɛnea Yehowa boaa mmofra te sɛ Dawid ne Yosia no ho asɛm. Ma abofra mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛkae Bible mu nhwɛso horow, ebia nea ɛwɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm mu. Hwɛ Ɔwɛn-Aban, December 1, 1964, nkr. 729-735 ne February 15, 1965, nkr. 117-125.

Dwom 115 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena