Anigye A Yebenya Denam Onyankopɔn Asɛm No Sua So
1 Ɔhene Salomo onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease.” (Mmeb. 3:13, NW) So woanya saa anigye a Salomo kaa ho asɛm no? Nea ɛbɛma woanya ne ‘nyansa ne ntease a wubenya.’
2 Eyi gye mmɔdenbɔ ne bere. Yehowa Asɛm a yebesua, anya nimdeɛ a efi soro na yɛde eyi adi dwuma wɔ yɛn asetra mu ka eyi ho. (Mmeb. 2:2-4) Wɔn a wɔhwehwɛ ntease ne nyansa denam Onyankopɔn Asɛm a wosua no daa so no begye atom sɛ ‘wɔn a wokura mu no wɔ anigye.’—Mmeb. 3:18.
3 Adesua asekyerɛ biako ne: “Sɛ obi de n’adwene besi asɛm bi so yiye.” Eyi a yebehu no boa yɛn ma yehu nea enti a wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm daa no wɔ anigye. Wɔde ‘wɔn adwene resi’ Onyankopɔn nsusuwii ne ne bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no so. Enti wonya nkyerɛkyerɛ a ɛkorɔn sen biara, nea efi Onyankopɔn nkyɛn. Onyankopɔn nokware ahorow no a obi sua no yɛ anigye yiye, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so nyin honhom mu.—Heb. 5:13, 14.
SƐNEA AHYEHYƐDE NO BOA
4 Yehowa ahyehyɛde no boa yɛn ma yenya anigye a yɛhwehwɛ no. Nokwarem no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ adesua nhyehyɛe pa ma yɛn. Ɔkwan bɛn so? Yehui wɔ atifi hɔ sɛ akenkan yɛ adesua fã a ɛho hia, na yɛwɔ nneɛma pa pii a yebetumi akenkan, ɛnte saa? Enti ɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ yɛkenkan nhoma ahorow no ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no biara a ɛbɛba. Sɛ yɛkamfo kyerɛ afoforo sɛ wɔnkenkan nhoma horow no a, ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan kenkan. Nokwarem no yebetumi anya anigye afi nhoma pa a ɛtete sɛɛ a yɛbɛkenkan no daa mu.
5 Biribi foforo biara akyi no, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no ankasa nso. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebedi Teokrase Ɔsom Sukuu Bible akenkan nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn biara no akyi. Pii yɛ nhyehyɛe kenkan Onyankopɔn Asɛm no afã afoforo daa. So wurenya anigye wɔ saa kwan yi so?
6 Ahosiesie a yɛyɛ ma nhyiam horow no nso yɛ yɛn adesua nhyehyɛe no fã foforo a ɛho hia. Wubehu sɛ wutumi nya mu kyɛfa yiye na wobɛkae nea wɔbɔ ho nkɔmmɔ no kɛse. Na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so asiesie yɛn ho? Nyansahyɛ ahorow bi ne: ade a yebesua no a yɛbɛkenkan no yiye, atwitwa emu nsentitiriw ase na yɛakenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene akɔ so nanso wɔamfa emu nsɛm no amma no. Ebinom hu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wɔkyerɛkyerɛw nsɛmpɔw anaa kyerɛw nsɛm a ɛfa ho wɔ nkyɛn. Dodow a yetumi kae na yɛde di dwuma no, dodow ara na yɛn ani begye.—Yoh. 13:17.
7 Nneɛma afoforo bɛn na yebetumi de aka yɛn Kristofo adesua nhyehyɛe no ho? Ɛsɛ sɛ adekyee mu asɛm no a yɛbɛkenkan abɔ ho nkɔmmɔ no yɛ asɛyɛde wɔ Kristofo fie biara mu. Ɛsɛ sɛ ahosiesie a wodi kan yɛ ma sankɔhwɛ, Bible adesua ne ɔkasa ahorow nso yɛ nea ɛho hia. (Mmeb. 15:28; 1 Pet. 3:15) Pii yɛ nhwehwɛmu afoforo ka wɔn dapɛn biara Bible akenkan no ho na wɔate asɛm no ase yiye. Hwɛ nhyira ara a yɛn daa adesua nhyehyɛe no betumi ayɛ!
8 Ɛdenam w’adesua nhyehyɛe so no, so wunya ‘Yehowa mmara ho anisɔ’? (Dw. 1:2) Sɛ saa a, ɛnde nhyira ne wo, na hu sɛ nyansa a efi Yehowa nkyɛn a wubenya “ye sen dwetɛ.” (Mmeb. 3:14) Nanso, sɛ wuntumi nyɛ akenkan ne adesua a wobɛpɛ sɛ woyɛ no nyinaa a, mma w’abasam ntu. So ebia wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo dwumadi ahorow mu na woanya bere pii de ayɛ akenkan ne adesua? Bere a woyɛ eyi no, wubehu sɛ w’anigye reyɛ kɛse bere a Yehowa ho nimdeɛ a wowɔ kɔ anim no. Ɛno na wubehu no yiye sɛ nyansa a efi Yehowa nkyɛn yɛ “nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira [anaa anigye] ne nea okura mu.”—Mmeb. 3:18.