Nidi A Ɛyɛ Sɛ Yehowa Din Da Yɛn So
1 Hwɛ nidi ara a ɛyɛ sɛ edin Yehowa Adansefo no da yɛn so! Yedi ahurusi sɛ yɛahu Yehowa, ne sɛ ogye yɛn tom sɛ nnipa a wɔwɔ obu ma ne din na wodi ne mmara so. So yɛn ani nnye sɛ ɛka nnipa kakraa bi a wogyina Onipa a ɔso sen obiara wɔ amansan yi mu no afã no ho?
2 Sɛ Onyankopɔn din bɛyɛ nea ɛda yɛn so wɔ nidi mu a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛte nea din yi kyerɛ ase pefee. Ade biako ne sɛ, yegye Yehowa tom sɛ ɔne Obi a Ɔso na Ɔwɔ atirimpɔw. Nea ɔka nya mmamu. (Yes. 55:11) Bible no kyerɛ sɛ odi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma wie bere nyinaa. Enti yɛwɔ ahotoso kɛse sɛ n’atirimpɔw ahorow ma daakye benya mmamu. Sɛ yɛbɛda yɛn gyidi adi akyerɛ a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkwa yɛ adwuma de boa ne nhyehyɛe ahorow. Eyi hyɛ yɛn gyidi den na ɛma yegye di sɛ yebenya ne nhyira.—Mat. 7:21.
3 Yehowa din a ɛda yɛn so no, kyerɛ nso sɛ yebehu na yɛadɔ ne su ahorow. Sɛ yɛte ne din a, yesusuw ne mmɔborohunu, ne dom, n’abodwokyɛre, n’adɔe ne ne nokware no ho. (Ex. 34:6) Ne titiriw no, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ. Yesu kae sɛ ɔdaa Onyankopɔn din adi kyerɛɛ n’akyidifo. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu Onyankopɔn dɔ. (Yoh. 17:26) Enti Yesu a yesuasua no na yɛda ne su horow adi wɔ yɛn asetra mu no ka ne din a ɛda yɛn so wɔ nidi mu no ho.—Yoh. 13:35.
NEA EFI NE DIN A ƐDA YƐN SO WƆ NIDI MU NO MU BA
4 Sɛ yefi ɔkra nyinaa mu som Yehowa a, nneɛma pa a efi mu ba no yɛ nea afoforo hu. Wohu yɛn sɛ nnipa akokodurufo a wɔwɔ anigye a wɔyɛ biako wɔ nokware som mu wɔ aman horow nyinaa so. Yɛade yɛn ho afi nnubɔne a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ne abrabɔ bɔne ahorow ho. Mpɛn pii anigye wɔ yɛn mmusua ne yɛn aware mu esiane Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a yɛde di dwuma nti. Adwumawuranom pii pɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ adwuma ma wɔn esiane sɛ wodi nokware, wonwia ade, wonsisi afoforo anaasɛ wonni atoro nti. Nnipa pii aka nsɛm ahorow wɔ baguam de akamfo yɛn esiane sɛ wohu sɛ yɛyɛ soronko wɔ afoforo ho wɔ wiase no mu nti. (Hwɛ w83 6/1 kr. 10; wTW84 4/1 kr. 4; gTW82 5/8 kr. 11.) Yɛn Kristofo abrabɔ no twe nnipa koma pafo ba Yehowa nkyɛn.
5 Nanso adanse a ɛso sen biara a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma Yehowa din ne n’Ahenni no ho asɛm a yɛka no. Amanneɛbɔ ahorow a ɛhyɛ nkuran a efi wiase nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de nnam renya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma yi mu. Pii de wɔn ho rehyɛ akwampaefo aboafo ne daa akwampae ɔsom adwuma no mu. So woanya ɔsom adwuma a ɛte sɛɛ mu anigye? Sɛ ɛnte saa a, so wubetumi ayɛ saa wɔ bere bi mu wɔ afe yi mu? Hwɛ hokwan fɛfɛ a eyi ma yenya de ka Onyankopɔn din ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ nnipa pii.
6 Mma w’aba mu mmu, sɛ wo tebea horow mma wonnyɛ pii te sɛ afoforo a wɔwɔ honam fam ahoɔden na wonni akwanside pii no a. Yɛhyɛ Yehowa din anuonyam bere a obiara de nea ɔwɔ yɛ nea obetumi nyinaa no. Koma nyinaa mu a yefi ka asɛm no kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn dɔ no na yɛpɛ sɛ yedi no ni.
FA NHOMA DEDAW MA
7 Nea ɛboa kɛse ma afoforo hu Yehowa din no ne nhoma ahorow a ɔde ama yɛn wɔ mfe pii a atwam no mu denam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so no. Saa nhoma ahorow yi ama Yehowa din, n’atirimpɔw ne n’amansan tumi so kɛse. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛanya mfaso kɛse afi saa nhoma horow yi mu.
8 Ɔsram yi ne June mu nso yebenya hokwan bi a yɛntaa nnya a ɛbɛma yɛde saa nhoma dedaw ahorow yi bi ama wɔ asɛnka mu de agye bo titiriw a ɛne abien ¢60 ne biako ¢40 no. “Wo Pɛ Nyɛ Asase So”, “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni Mu Atoro” ne Daa Nkwa wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu ka saa nhoma ahorow dedaw yi ho.
9 Yɛn mu binom baa nokware no mu esiane saa nhoma ahorow no mu biako anaa abien a yesuae nti. Ɛnnɛ, ebetumi ayɛ ade koro no ara ama wɔn a wogye no. Enti, momma yemfi koma pa ne gyidi mu mfa mma na yɛmfa nsiyɛ nsan nkɔ wɔn a wogye bi no nyinaa nkyɛn. Yɛwɔ anidaso sɛ awiei koraa no, Yehowa din bɛba abɛda wɔn a wogye bi no so wɔ nidi mu.—Rom. 10:13.