Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/85 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 7
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 14
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 21
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 28
Yɛn Ahenni Som—1985
km 7/85 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JULY 7

Dwom 205

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda yi. Yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔn simma biako mu ho ɔyɛkyerɛ ahorow abien. Fa Ɔwɛn-Aban a aba foforo di dwuma wɔ biako mu ne Nyan! nso wɔ foforo mu.

20 min: “Fa Survival Nhoma Di Dwuma wɔ July Mu.” Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma. Boa adwurubɔfo ma wɔmfa Survival nhoma mma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so denam emu nsɛntitiriw a wobɛda no adi no so. Ebinom bɛpɛ sɛ wɔkenkan asɛm a efi “Wɔn a Wotintimii” hɔ a ɛwɔ kratafa 2 no tiawa. Wɔahyɛ da asiesie ti 1 kosi ti 7 ama ɔmanfo. Wubetumi akenkan atiri yi biara nkyekyem a edi kan no bi a ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no hyia akyerɛ ofiewura no. Wubetumi de mfonini ahorow te sɛ nea ɛwɔ nkratafa 4 ne 5, 33 anaa 41 no adi dwuma. Ɛnyɛ afie afie adwuma mu nko na ɛsɛ sɛ wode nhoma no ma na mmom ɛsɛ sɛ wode ma wɔ sankɔhwɛ mu, ne wɔn a wo ne wɔn sua ade nso. Wo ne asafo no nti Nkɔmmɔbɔ Asɛmti mu tiawa.

15 min: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Ofie Bible Adesua Mu.” ɔkasa ne asemmisa-ne-mmuae a wɔde di nkyekyem 3-9 ho dwuma.

Dwom 150 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 14

Dwom 215

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Abusuafo ne Wɔn a Wunim Wɔn.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ anifere kwan a ɔdawurubɔfo betumi afa so bere a wakɔsra obusuani ho ɔyɛkyerɛ. Afei, yɛ Ɔdansefo a ɔreka nokware no ho asɛm akyerɛ obi a onim no a onhuu no fi bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: “So Wubetumi Adi Ahiade Titiriw Bi Ho Dwuma?” Ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma denam ɔkasa ne nsemmisa ne mmuae so. Ma asafo nhu hia a ɛho hia sɛ wobedi adanse fefeefe wɔ Ghana ɔmantifi no. Dɛn na asafo betumi ayɛ de aboa akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔfata sɛ wonya adwuma yi mu kyɛfa no? Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa adwempa nsusuw ho, sɛ ebia wɔde wɔn ho bɛma anaa wɔde mmoa biara a wobetumi bɛma wɔn a wɔde wɔn ho bɛma no.

Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 21

Dwom 133

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw asafo asɛnka akontaabu ma June ne Ghana April ɔsom akontaabu ho. Afei nso “Ɛrekɔ So Dɛn?” Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonkogye nsɛmma nhoma wɔ nhyiam no awiei na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɛho dwumadi no mu dapɛn awiei yi.

20 min: “1985 ‘Mudi Mu Kurafo’ Nhyiam.” Nsemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a ɛfa krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som. mu no ho fi ne mfiase kosi ɔfã a ɛfa “Kristofo Abrabɔ” ho no so (nanso ɛno nka ho) . Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho sɛ wobetie dwumadi no nyinaa yiye.

15 min: Hyɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ August mu ho nkuran. Ka akwampaefo aboafo dwumadi wɔ March ne April a etwaam no mu ho asɛm kyerɛ. Bisabisa ebinom nsɛm. Ɔkwan bɛn so na abusua mufo afoforo boae? Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ wɔn ankasa ne abusua asɛyɛde ahorow ho nhyehyɛe ma wotumi yɛe? So sukuufo betumi de akwamma bere a ɛware no ayɛ akwampae adwuma? Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa.

Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 28

Dwom 143

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Nya asɛnka adwuma titiriw mu kyɛfa August 4. Tĩ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo mu tiawa.

25 min: “1985 ‘Mudi Mu Kurafo’ Nhyiam.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a ɛfa krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho fi “Kristofo Abrabɔ” so kosi awiei. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nhwɛso pa denam nsɛm a ɛfa abrabɔ, ne ahotew ho aniberesɛm ho no akyi a wobedi no so. Kyerɛkyerɛ sɛnea, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, asafo betumi anya adwuma a edi nhyiam anim mu kyɛfa no mu. Hyɛ ho a wɔde bɛma ayɛ adwuma wɔ nhyiam ase ne Fida awia asɛnka mu kyɛfa a wobenya ho nkuran.

13 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo asafo ahiade te. Anaasɛ, Asafo Ɔsom Boayikuw no muni biako anaa baanu betumi abɔ nkuranhyɛ ne mfaso a efi ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a etwa to mu ho nkɔmmɔ.

Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena