Akwampae Adwuma No Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ
1 Yesu hyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ ‘wɔnsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra otwa adwuma no mu.’ (Mat. 9:37, 38) Ebinom rekyerɛ ahiade yi ho anisɔ denam pii a wɔyɛ wɔ adansedi adwuma no mu no so. Wɔ 1985 ɔsom afe no mu wɔ Ghana no, sɛ wɔkyekyem a, 1,500 buu akontaa sɛ akwampaefo aboafo ɔsram biara. Ɔsram a ɛkɔɔ soro sen biara ne April a 2,866 nyaa mu kyɛfa no. Mprempren bɛboro 2,200 resom sɛ daa akwampaefo. Pii ba bɛka wɔn ho ɔsram biara na wohu mfaso ne nhyira a adwuma yi a wɔyɛ no kɛse de ba no.
2 Nhyira ahorow a wɔn a wonya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse ma wɔbɛyɛ akwampaefo nya no bi ne nea ɛwɔ he? Onyankopɔn Asɛm a wosusuw ho na wɔka ho asɛm da biara no ankasa yɛ mfaso kɛse. Bere a wɔde yɛ asɛnka adwuma a wɔma ɛkɔ soro kodu nnɔnhwerew bɛyɛ 90 ɔsram biara no ma wohyia anigyefo pii, wɔma nhoma pii, wɔyɛ sankɔhwɛ pii, na wofi ofie Bible adesua pii ase. Eyi yɛ honhom mu adema kɛse, na wɔboa nnipa pii ma wobehu nokware no na wɔba bɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Akwampae adwuma no de nhyira a ɛne anigye kɛse a wonya nso ba.—Aso. 20:35.
HYƐ AKWAMPAEFO NKURAN
3 Ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ akwampae adwuma, nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kyerɛ akwampae adwuma no ho anisɔ na yɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ adwuma a ɛho hia yi mu no nkuran na yɛboa wɔn. Ɔkwan bɛn so? Yebetumi ayɛ nhyehyɛe ma yɛne akwampaefo no ayɛ adwuma wɔ afie afie, na yɛne wɔn akɔyɛ sankɔhwɛ ahorow nso. Akwampaefo ntaa nnya wɔn a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma awia. So wubetumi ayɛ awia adansedi ho nhyehyɛe na ama wo ne akwampaefo no ayɛ adwuma?
4 Nkuranhyɛ ne mmoa ho hia. Ɔhwɛfo kwantufo biako bɔɔ amanneɛ sɛ ɛnyɛ nnipa no nyinaa na nsɛm a wɔka no hyɛ akwampaefo nkuran. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ hia a akwampae adwuma ho hia no som bo kɛse na yɛkyerɛ mmɔden a wɔn a wotumi yɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu na ama wɔatumi ayɛ bi no bɔ no ho anisɔ. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so ma ɔdɔ a yɛwɔ ma asɛnka adwuma ne akwampae adwuma no mu yɛ den.
5 Wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ akwampae adwuma no mu dedaw no betumi akɔ so akyerɛ sɛ hokwan a wɔanya no som bo ma wɔn ampa denam ‘yere a wɔbɛyere wɔn ho kɛse’ wɔ Yehowa adwuma mu no so. (Luka 13:24, NW) Nnɔnhwerew a ɛsɛ sɛ wonya no wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma ahorow bɔ afɔre mpɛn pii na ama woatumi akɔ so ayɛ adwuma no. (Heb. 13:15) Ɛho hia sɛ wɔbɛkɔ so de honhom mu aduan a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ma no adi dwuma na ama wɔn ho ayɛ den honhom mu. Eyi nyinaa gye mmɔdenbɔ kɛse ne nhyehyɛe pa, sɛnea akwampaefo a wɔbɔ mmɔden betumi adi ho adanse no.
6 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo.” Ɛnnɛ, apinisi yi rebɛn n’awiei. (Rom. 8:22; 2 Tim. 3:1) Nanso nnipa yi mu binom ho pere wɔn sɛ wɔbɛte Ahenni ho asɛm no. Esiane wɔn yiyedi ho a yesusuw, ne yɛ a bere no ayɛ tiaa nti, ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wobetumi no susuw akwampae adwuma a wɔbɛyɛ no ho anibere so. So wubetumi ayɛ saa?—Dw. 34:8.
7 Sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan sɛnea yebetumi na yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse daa a, na yɛrekyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa adwuma a akwampae adwuma no nso ka ho.