Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JULY 5
Dwom 32
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ nyansa sɛ, sɛ wɔpɔn a adawurubɔfo nkogye nsɛmma nhoma na wonnya Memeneda a etia abien nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa.
20 min: “Nhomawa Ahorow a Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛayɛ Asuafo.” Asɛm no ho nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa bi. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien anaa abiɛsa a ɛfa nhomawa a wɔde ma ho sɛnea wɔahyɛ nyansa wɔ nkyekyem 3 kosi 6 no.
10 min: “Boa ma Wɔnkyekyɛ Nsɛmma Nhoma Ahorow no Pii.” Ɔkasa a emu yɛ hyew a ɔpanyin ma.
10 min: “So Wode Wo Ho Bɛbata Nokware no Ho?” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ March 15, 1987, Watchtower mu so.
Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JULY 12
Dwom 156
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Afei nso, sika akontaabu a ntoboa ahorow a mode manae wɔ June mu a Asafo ti nsa aka ka ho.
20 min: “So Wopɛ sɛ Woyɛ Bible Adesua?” Bere a wode asemmisa-ne-mmuae adi ho dwuma akyi no, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ sɛnea wofi adesua ase wɔ nhomawa mu wɔ nsrahwɛ a edi kan mu nkyerɛ. Bere a wɔagye ɔdawurubɔfo nhomawa a ɔde ama no, obetumi de Daakye Dwoodwoo Asetra—Ɔkwan a Wobɛfa So Anya akyerɛ na waka sɛ: “Eyi yɛ asɛm a ɛkame ayɛ sɛ obiara ani gye ho nnansa yi. So ɛnte saa? Hyɛ nea ɛka wɔ kratafa 8 no nsow.” (Kenkan nkyekyem a edi kan no na afei bisa nkyekyem no mu asɛm.) Wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so no, twe ofiewura adwene si nea Yesaia 32:17, 18 ka wɔ ahotɔ ho no so na bisa sɛ: “So w’ani gye tebea horow a ɛte sɛɛ ho?” Oguamtrani betumi ada no adi sɛ bɔnnɔ kwan a wɔfa so yi betumi ama wɔatoa so asusuw nkyekyem afoforo ho na wɔafi adesua ase.
Wɔ ɔyɛkyerɛ foforo mu no, kyerɛ obi a wadi kan agye nhomawa anan dedaw a So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho? ka ho a wɔsan kɔsra no. Ɔdawurubɔfo fi nkɔmmɔbɔ ase sɛ bere a ɔbaa hɔ nea edi kan no, wannya bere ankyerɛ no nhomawa no mu nsɛntitiriw no bi. Bere a ɔdawurubɔfo de n’ankasa de di dwuma no, ɔtwe adwene si nsemmisa a ɛwɔ kratafa 3 ase no so na ɔka tebea horow a ɛma nkurɔfo susuw ho sɛ ebia ɛyɛ nea Onyankopɔn dwen adesamma ho no ho asɛm. Ɔka kyerɛ ofiewura sɛ wɔasiesie nsemmisa no na ama ɔkenkanfo no asusuw asɛm no ho na ɔhyɛ nyansa sɛ wɔnhwɛ nkyekyem kakraa bi nka ho.
15 min: Dɛn na Ɛtwee Wo ma Wobɛsom Yehowa? Osuahu ahorow a efi anuanom a wɔapaw wɔn hɔ a ɛfa nea wɔn ani gyee ho wɔ nokware no ho a ɛma wonyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Yehowa no. Wo ne adawurubɔfo no nni kan nsusuw ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nsɛm pɔtee bi a ɛhyɛ nkuran wɔ wɔn adwene mu.
Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JULY 19
Dwom 123
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantia abien a wɔde foforo a aba di dwuma. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ dapɛn a ɛto so anan nsɛmma nhoma kyekyɛ mu.
20 min: “‘Wo Man Beyi Wɔn Yam Koraa Aba.’” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ ebinom anya adwuma yi mu kyɛfa wɔ mo asafo no mu a, bisabisa wɔn nsɛm anaasɛ ma wɔnka wɔn osuahu ahorow nkyerɛ. Hyɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu nyinaa ne awarefo a wobetumi no nkuran ma wɔnhwehwɛ wɔn nsɛm tebea mu nhwɛ sɛ wobetumi anya asasesin titiriw a wɔmmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ yi mu kyɛfa.
15 min: “So Wote Ase Bere Nyinaa?” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ April 1, 1987, Watchtower mu so.
Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JULY 26
Dwom 129
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka Nhoma a yɛde bɛma August ho asɛm. Kyerɛ nsɛm a etu mpɔn a wobetumi aka bere a wɔde brochure rema. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien a mmfora ne afoforofo betumi de adi dwuma wɔ afie afie Kwasida, August 2.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere Adansedi Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 8 ho a, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho nyɛ asɛm a wɔka wɔ anwummere adansedi mu ho ɔyɛkyerɛ a ɔresi nea wɔaka ho asɛm wɔ Reasoning nhoma mu no so dua.
15 min: Asafo ahiade anaa Tete Wo Ba Fi Mmofraase. Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma a egyina asɛm a ɛwɔ May 22, 1987, Awake! mu so.
Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 2
Dwom 193
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso “Ɛrekɔ So Dɛn?” Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ Memeneda a etia abien nsɛmma nhoma dwumadi mu ho nkuran.
20 min: Sɛnea Nhyiam Akɛse a Makɔ wɔ Mfe a Atwam no mu Ahyɛ Me Gyidi Den. Bisabisa adawurubɔfo a wɔwɔ osuahu ne anisɔ kɛse no bebree nsɛm, na ma wɔnka nhyiam akɛse a wɔakɔ mu osuahu ahorow ne mfaso a wɔanya nkyerɛ. Wubetumi ahwɛ Watch Tower Publication Index mu na woanya osuahu ahorow a ɛfata a ɛhyɛ nkuran.
15 min: Nea yɛde bɛma August. Ma atiefo nka sɛnea wotumi de brochure dii dwuma Kwasida a etwaam no wɔ afie afie nkyerɛ. Yɛ mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho ɔyɛkyerɛ ne sɛnea wɔdan kɔ nea yɛde rema wɔ ɔsram no mu no. Hyɛ brochure a yɛde befi ofie Bible adesua ase na yɛakɔ so ayɛ ho nkuran.
Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.