Ahenni No A Wɔbɛhwehwɛ No Kan
1 Obiara a n’adwene mu da hɔ pɛ sɛ onya nkwa tenten wɔ tebea horow a asomdwoe wom mu. Mfomso nni eyi mu na wobetumi anya eyi denam ‘Ahenni no a wɔbɛhwehwɛ no kan’ no so. (Mat. 6:33) Nanso sɛ anka wɔbɛhwehwɛ Ahenni no, nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ nneɛma pii a ɛmma wonnya asetra mu anigye. Ɛte sɛ nea nneɛma a wɔyɛ ma ɛtra so ne nea ɛrekɔ so nnɛ. Nneɛma a ɛde yɛn nkwa to asiane mu abu so. Nsɛmmɔnedi ne ɔmanfo basabasayɛ atrɛw adu asase no so mmeae ahorow a anka bere bi asetra a asomdwoe kɛse wom wɔ hɔ no.
2 Nanso, yenim sɛ, sɛ obi de ‘Ahenni no a ɔbɛhwehwɛ’ di kan wɔ n’asetra mu a, ebenya n’asetra so tumi wɔ ɔkwan pa so. Yehowa bɛma wanyin akyɛ.—Mmeb. 8:1, 2.
MMOA A ƐSOM BO
3 Wɔ January mu no, yɛbɛyɛ adwuma de aboa nnipa ma wɔahwehwɛ Ahenni no na woatiw nkwa botae no denam nhoma nketewa dedaw a wɔatew ne bo so aba ¢150 no so. Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛboa afoforo wɔ saa kwan yi so! Yɛ pɛ sɛ yedi kan nya nsɛntitiriw a ebetumi akanyan anigye wɔ wɔn a wɔwɔ koma pa no mu na yɛaboa wɔn ma wɔahu sɛnea nhoma ahorow yi bo bɛba wɔn mfaso wɔ Ahenni no a wɔbɛhwehwɛ no kan no mu. Dɛn na yebetumi aka?
4 Sɛ ɛte sɛ nea ofiewura no pɛ nyamesom a, bere a wɔada wo ho adi akyi no ebia wobɛpɛ sɛ woka sɛ: “Nnipa a wɔn ani gye ho sɛ wobɛma wɔn asetra anya nkɔso no betumi akyerɛ eyi denam ɔsom pɔtee bi a wɔde wɔn ho bɛhyem no so. Nanso ɛda so ara yɛ nea nnipa a wɔyɛ saa no mu pii nni anigye. Dɛn nti na eyi te saa? Bible ma yɛn saa mmuae yi: [Kenkan 2 Timoteo 3:1, 2, 5.] Yehu eyi ntɛm ara wɔ nea yɛakenkan a ɛkyerɛ sɛ ɔsom bi ara kwa a yɛde ma no nyɛ nea ɛdɔɔso no mu. Ɛnde, dɛn na Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛnyɛ? Hyɛ mmuae a wɔde ama wɔ Yohane 4:28 no nsow: [Kenkan] Bible no ankasa bɛboa wo ma woasua pii wɔ ɔsom a mfaso ankasa wɔ so no ho. Wubetumi asua Bible no denam nhoma abien yi mmoa so. Wɔayɛ nhoma no sɛnea ebesi ɔsom a mfaso ankasa wɔ so no so dua. Sɛ nhwɛso no, . . . ” Twe adwene si nhoma abien no mu biara kratafa anaasɛ nkyekyem bi a ɛka ɔsom kronn ho asɛm no so. Afei ka sɛ: “Abien no yɛ wo de na ɛyɛ nea wɔatew ne bo so baa ¢150.”
5 Esiane sɛ nhoma a wode bɛma no mu pii wɔ biribi ka wɔ Onyankopɔn Ahenni ho nti, wubetumi aka asɛm a edi so yi de w’asɛm no aba awiei bere a woakenkan Yohane 4:28 awie no akyi: “Ɛda adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no mu gyidi bɛyɛ ɔsom a Onyankopɔn ani sɔ no fã titiriw. Mepɛ sɛ mede saa nhoma a wɔasiesie no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma woahu Onyankopɔn Ahenni na aboa wo ma woanya ne nhyira horow no bi mu anigye mprempren no bɛma wo. Yɛde ɛne nea ɛka ho yi rema wɔ ɔsram yi mu de agye bo a wɔatew so aba ¢150.”
YƐN BOTAE
6 Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔasua Yehowa ho ade na akanyan wɔn ma wɔahwehwɛ Ahenni no kan. Eyi bɛhyɛ anidaso a wɔwɔ a ɛfa asetra wɔ trenee tebea horow mu ho no mu den. Nhoma nketewa a n’akenkan nyɛ den, emu da hɔ, ɛka nsɛm tẽẽ, nanso ekura nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛfa Ahenni no ne nokware som ho no bɛboa yɛn ma yɛadu yɛn botae no ho. Momma yɛnna anigye adi wɔ yɛn som adwuma a yɛyɛ no mu!