Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/88 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 8
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 10
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 17
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 24
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 31
Yɛn Ahenni Som—1988
km 1/88 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 8

Dwom 164

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Tĩ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma bɛma wɔ Memeneda nsɛmma nhoma dwumadi no mu no mu.

20 min: “Ahenni no a Wɔbɛhwehwɛ Kan.” Nsemmisa ne mmuae. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ nea wɔbɛka akyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 4 no mu no ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: “Adanse a Mubedi sɛ Abusua.” Nsemmisa ne mmuae. Ma abusua a wɔyɛ nhwɛso pa mmɔ hokwan a ɛwɔ hɔ ma ɔsom adwuma a wɔbɛtrɛw mu sɛ abusua wɔ January mu ne sɛnea wɔbɛyɛ wɔn asɛnka ho nhyehyɛe ho nkɔmmɔ. Hyɛ wɔn a wɔfata sɛ wonya asɛnka mu kyɛfa dapɛn awiei yi nkuran fa wie.

Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 10

Dwom 211

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka sɛnea wɔde nsɛmma nhoma ma ho asɛm na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa nsɛmma nhoma adansedi Memeneda.

20 min: Bible Adesua a Etu Mpɔn a Wɔyɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ Bible adesua ne abusua adesua wɔ ɔkwan a edu koma mu so. Tĩ nsɛntitiriw a wɔada no adi wɔ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ April 1, 1987 Ɔwɛn-Aban no kratafa 24 no mu wɔ asemmisa a ɛne “Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woredu abofra no komam?” no ne nea ɛwɔ asɛm a ɛne “Sɛ Wokyerɛkyerɛ a, Du Koma no Mu,” a ɛwɔ February 1, 1985 Ɔwɛn-Aban no nkratafa 13-17 no bi nso mu. Ma ɔkwampaefo a ɔyɛ nnam nyɛ nsɛntitiriw yi bi a wɔde yɛ Bible adesua bere a ɔde Tra Ase Daa, nhoma no ti 1 no mu nkyekyem biako anaa abien redi dwuma no ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Ma nhoma mu adesua sohwɛfo mmisabisa ankorankoro anaasɛ abusua bi a ɛwɔ ne kuw no mu no nsɛm. Ommisa bere tenten a wɔde atra nokware no mu, nea ɛmaa wɔn ani gyee nokware no ho, sɔhwɛ ahorow a na ɛsɛ sɛ wodi so ansa na woreba nokware no mu, ne akwanside ahorow a na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma na ama wɔagyina pintinn wɔ nokware no mu ne nea ɛkeka ho.

Dwom 10 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 17

Dwom 189

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Ka ntoboa biara a mode amana Asafo ti no a Betel foforo a yɛresi ne nea wɔde reboa asɛmpatrɛwfo ma wɔakɔ 1988 nhyiam no de ka ho a nsa aka no ho asɛm. Afei nso, “Ɛrekɔ So Dɛn?” Ka nhyehyɛe titiriw a wɔayɛ ama nsɛmma nhoma adansedi dapɛn awiei yi ho asɛm.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Fa Nnianim Asɛm a Etu Mpɔn Di Dwuma.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ nnianim nsɛm abien a ɛwɔ nkyekyem 4 no ho ɔyɛkyerɛ. Wo ne atiefo nhwehwɛ nea enti a etu mpɔn no mu.

15 min: So Wunya Ɔma Mu Anigye Kɛse No? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a edi kan wɔ November 22, 1987, Awake! mu so!

Dwom 184 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 24

Dwom 194

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma.

25 min: Mmofra, Munkura Mo Mudi Mu Bere a Mowɔ Sukuu Mu No. Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma a egyina School nhomawa no nkratafa 6 kosi 16 so. (Hwɛ June 15, 1964, Watchtower, nkratafa 377 kosi 382 nso.) Kamfo awofo ne wɔn mma wɔ wɔn gyinabea a wɔde nokwaredi kura mu no ho. Si nhwɛso ahorow a ɛwɔ Watchtower no mu asɛm no mu no so dua, ne titiriw no nea ɛwɔ kratafa 381 wɔ asɛmti ketewa a ɛne “Sukuudan Mu Adekyerɛ” ase no. Hyɛ mmofra no nkuran ma wommu bra pa wɔ sukuu na ama ɛde nidi abrɛ Yehowa na ama sukuu mpanyimfo abu wɔn.

10 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu no a Yɛde Benya Nkɔso.” Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo ka ho asɛm. Si nsakrae ahorow a ɛwɔ 1988 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no so dua. Hyɛ mo asafo no mu adawurubɔfo nkuran ma wɔmfa Teokrase Ɔsom Sukuu no nni dwuma pa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nnam kɛse wɔ wɔn Kristofo ɔsom adwuma no mu.

Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 31

Dwom 93

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmoa nhyehyɛe a wɔayɛ ama asɛnka dapɛn awiei yi a February mu Kwasida a edi kan ka ho. Si nsɛntitiriw a ɛwɔ nhoma nketewa a yɛde bɛma February no mu so dua.

20 min: Mo asafo no ahiade. Mubetumi asusuw mo Ahenni Asa no a mobɛsan asiesie mu anaasɛ mo de paint bɛsan aka ho no ho. So nhyehyɛe a moayɛ na ama asa no so atew no ye? Sɛ muresi foforo a, ɔkwan bɛn so na woreyi ntoboa? Si hia a ɛho hia sɛ Ahenni Asa no ho tew esiane sɛ ɛyɛ beae a ɛfata ma ɔsom kronn nti no so dua.

15 min: “Adawurubɔfo a Wɔnkɔ Asɛnka Daa a Wɔbɛboa Wɔn.” Ɔkyerɛwfo ne ɔpanyin foforo a ɔhwɛ Asafo Nhoma Adesua so nkɔmmɔbɔ. Momfa nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa mo asafo no mu adawurubɔfo a wɔnkɔ asɛnka daa nka ho.

Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena