Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/99 kr. 3-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2000

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2000
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Akwankyerɛ
  • DWUMADI NHYEHYƐE
Yɛn Ahenni Som—1999
km 10/99 kr. 3-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2000

Akwankyerɛ

Wɔ 2000 mu no, nhyehyɛe a yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu na edidi so yi.

NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible Foforo no, Ɔwɛn-Aban [w-TW], “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], Insight on the Scriptures Po 2 [it-2-E], ne “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” a ɛwɔ New World Translation [td-E] mu no, na dwumadi ahorow no begyina so.

Ɛsɛ sɛ wɔde nnwom, mpaebɔ, ne nnianim nsɛm tiawa fi sukuu no ase wɔ BERE ANO. Ɛho nhia sɛ wodi kan ka dwumadi no mu nsɛm. Sɛ sukuu sohwɛfo no de dwumadi no fa biara reto gua a, ɔbɛkyerɛ asɛmti a wobedi ho dwuma no. Di akwankyerɛ a edidi so yi akyi:

DWUMADI 1: Simma 15. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo na odi eyi ho dwuma, na ebegyina Ɔwɛn-Aban anaa “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Sɛ wɔde dwumadi yi gyina Ɔwɛn-Aban so a, ɛsɛ sɛ wɔma no sɛ simma 15 afotu kasa a ntimu nsɛmmisa biara nka ho; sɛ wɔde gyina “All Scripture” nhoma no so a, ɛsɛ sɛ wɔma no sɛ simma 10 kosi 12 afotu kasa, na wɔde simma 3 kosi 5 yɛ ntimu, a nsɛmmisa no yɛ nea wɔatintim wɔ nhoma no mu no. Ɛnyɛ botae no ne sɛ wɔbɛka nsɛm pii kɛkɛ, na mmom sɛ wɔde adwene besi mfaso a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no so, na wɔasi nea ebetumi ayɛ asafo no mmoa kɛse no so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma.

Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔma wɔn saa ɔkasa yi hwɛ di wɔn bere so. Sɛ ɛho hia anaasɛ ɔkasafo no ara bisa a, wubetumi de kokoam afotu ama no.

BIBLE AKENKAN NO MU NSƐNTITIRIW: Simma 6. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo di asɛm yi ho dwuma na ɔma ɛfa mo ahiade ho yiye. Asɛmti biara ho nhia. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Obetumi de anibu 30 kosi 60 abɔ atiri a wɔde ama sɛ onni ho dwuma no nyinaa mua. Nanso, nea ɔde bɛyɛ ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa atiefo no ma wɔahu nea enti ne sɛnea asɛm no ho wɔ mfaso ma yɛn. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.

DWUMADI 2: Simma 5. Eyi yɛ Bible no fa bi akenkan a wɔde ma onuabarima. Wɔbɛyɛ eyi wɔ asa kɛse no ne asa ketewa no nso so. Akenkan no taa yɛ ntiantiaa sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma asuafo no atumi de nkyerɛkyerɛmu tiawa ama wɔ kasa no mfiase ne n’awiei. Wobetumi de asɛm no ho abakɔsɛm, emu nkɔmhyɛ, anaa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia ne sɛnea wɔde emu nnyinasosɛm bedi dwuma aka ho. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyem no nyinaa wie ansa na wɔakyerɛkyerɛ mu. Nanso sɛ nkyekyem a osuani no rekenkan no ntoam a, obetumi aka baabi a akenkan no ntoaso no wɔ.

DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Dwumadi yi begyina “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” a ɛwɔ New World Translation mu no so. Wobetumi ayɛ no sɛ bɔnnɔ so adansedi, sankɔhwɛ, anaa ofie Bible adesua, na wɔn a wɔyɛ dwumadi no betumi atra ase anaasɛ wɔagyina hɔ. Ade a sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no siesie n’asɛmti no na ɔboa ofiewura no ma odwen kyerɛw nsɛm no ho. Ɛsɛ sɛ osuani a wɔma no saa dwumadi yi yɛ obi a onim akenkan. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔhokafo biako, nanso obetumi de obi foforo aka ho. Ɛnyɛ sɛnea wɔyɛ dwumadi no na ɛsɛ sɛ wɔma ehia wɔn kɛse, na mmom sɛnea wɔde Bible no di dwuma yiye.

DWUMADI 4: Simma 5. Dwumadi yi begyina Bible mu nipa bi anaa “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” a ɛwɔ New World Translation mu no so. Sɛ dwumadi yi fa Bible mu nipa bi ho a, wobetumi anya ne ho nsɛm afi Insight on the Scriptures no Po 2, wɔ afa a ne din pue no mu. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan Kyerɛwnsɛm a ɛwom no na ama wahu Bible mu nipa no ho asɛm no yiye—n’asetra mu nsɛm ne nipasu, ne suban, ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ osuani no gyina asɛmti no so siesie dwumadi no na ɔpaw kyerɛw nsɛm a ɛfata a ɔde bedi dwuma. Obetumi de kyerɛw nsɛm foforo a esi Bible mu nnyinasosɛm a ɛfa asɛmti no ho so dua aka ho. Nea enti a yesua Bible mu nipa bi ho ade ne sɛ yɛbɛkyerɛ nea yebetumi asua afi nhwɛso a ɔyɛe no mu. Ne nneyɛe a ɛkyerɛ nokwaredi, akokoduru, ahobrɛase, ne ahofama yɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesua; ne subammɔne no yɛ kɔkɔbɔ a anibere wom a ɛkyerɛ Kristofo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ɔbra bɔne ho. Sɛ wɔde dwumadi yi gyina “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” so a, ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no di dwuma na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ sɛnea kyerɛw nsɛm no fa asɛm no ho. Wobetumi de Dwumadi 4 no ama onuabarima anaa onuawa. Sɛ wɔde dwumadi yi ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔma no sɛ ɔkasa. Sɛ wɔde dwumadi yi ma onuawa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no. Afei nso, sɛ wɔde ahyɛnsode # di Dwumadi 4 asɛmti anim a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde bɛma onuabarima.

*BIBLE AKENKAN NHYEHYƐE A WƆDE AKA HO: Wɔde eyi ahyɛ nkahyemde mu wɔ dwom a wɔbɛto no dapɛn biara no akyi. Sɛ yedi nhyehyɛe yi akyi, kenkan bɛyɛ nkratafa du dapɛn biara a, yebetumi akenkan Bible mu no nyinaa awie wɔ mfe abiɛsa mu. Sukuu dwumadi no anaa ɛho sɔhwɛ no fa biara nnyina akenkan nhyehyɛe a wɔde aka ho no so.

MONHYƐ NO NSOW: Sɛ mopɛ afotu, bere sodi, sukuu sɔhwɛ, ne sɛnea wosiesie dwumadi ahorow no ho nsɛm ne akwankyerɛ foforo a, yɛsrɛ mo, monhwɛ October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3.

DWUMADI NHYEHYƐE

Jan. 3 Bible akenkan: Deuteronomium 4-6

Dwom 9 [*Yeremia 49-52]

No. 1: Kyerɛ Yehowa Nhyira Ho Anisɔ (w98-TW 1/1 nkr. 22-4)

No. 2: Deuteronomium 6:4-19

No. 3: td-E 1A Nea Enti a Nyankopɔn Mpene Nananom a Wɔawuwu Som So

No. 4: Simon (No. 8)—Asɛmti: #Fa Adwempa Som Onyankopɔn

Jan. 10 Bible akenkan: Deuteronomium 7-10

Dwom 49 [*Kwadwom 1-5]

No. 1: Kamfo Nokware Nyankopɔn No (w98-TW 1/1 nkr. 30-1)

No. 2: Deuteronomium 8:1-18

No. 3: td-E 1B Yebetumi De Nidi Ama Nnipa, Nanso Onyankopɔn Nkutoo Na Yɛsom No

No. 4: Sisera (No. 1)—Asɛmti: Nkonimdi Wɔ Yehowa

Jan. 17 Bible akenkan: Deuteronomium 11-14

Dwom 132 [*Hesekiel 1-9]

No. 1: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nhyehyɛe To Hɔ Ma Yɛn Adɔfo (w98-TW 1/15 nkr. 19-22)

No. 2: Deuteronomium 11:1-12

No. 3: td-E 2A Harmagedon—Ɔko a Ɛde Nsɛmmɔnedi Bɛba Awiei

No. 4: Salomo—Asɛmti: #Bɔ Wo Koma Ho Ban

Jan. 24 Bible akenkan: Deuteronomium 15-19

Dwom 162 [*Hesekiel 10-16]

No. 1: Tumi a Nokware no Wɔ na Ɛka Nkurɔfo Bom (w98-TW 1/15 nkr. 29-31)

No. 2: Deuteronomium 19:11-21

No. 3: td-E 2B Nea Enti a Harmagedon Ko no Da Onyankopɔn Dɔ Adi

No. 4: Sostene—Asɛmti: Ka Asɛm No Kyerɛ Nnipa Ahorow Nyinaa

Jan. 31 Bible akenkan: Deuteronomium 20-23

Dwom 13 [*Hesekiel 17-21]

No. 1: Nea Kyerɛwnsɛm no Ka Wɔ Ayeyi ne Adɛfɛdɛfɛsɛm Ho (w98-TW 2/1 nkr. 29-31)

No. 2: Deuteronomium 20:10-20

No. 3: td-E 3A Asubɔ—Ade a Wɔhwehwɛ Fi Kristofo Hɔ

No. 4: Stefana—Asɛmti: #Kura Nokware no Mu Denneennen

Feb. 7 Bible akenkan: Deuteronomium 24-27

Dwom 222 [*Hesekiel 22-27]

No. 1: Nea Yebetumi Agyina so Ahwɛ Nneɛma Pa Kwan (w98-TW 2/1 nkr. 4-6)

No. 2: Deuteronomium 25:5-16

No. 3: td-E 3B Asubɔ Nhohoro Bɔne

No. 4: Stefano—Asɛmti: # Da no Adi sɛ Honhom ne Nyansa Ayɛ Wo Ma

Feb. 14 Bible akenkan: Deuteronomium 28-30

Dwom 180 [*Hesekiel 28-33]

No. 1: Nya Anisɔ Su (w98-TW 2/15 nkr. 4-7)

No. 2: Deuteronomium 28:1-14

No. 3: td-E 4A Bible no Yɛ Onyankopɔn Asɛm a Efi Honhom Mu

No. 4: Susana—Asɛmti: Momfa Mo Ahode Mmoa Mo Ho

Feb. 21 Bible akenkan: Deuteronomium 31-34

Dwom 46 [*Hesekiel 34-39]

No. 1: Deuteronomium—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 40-1 nky. 30-4)

No. 2: Deuteronomium 32:35-43

No. 3: td-E 4B Bible—Akwankyerɛ Pa Ma Yɛn Bere Yi

No. 4: Sintike—Asɛmti: Mo ne Mo Ho Mo Ho Ntra Asomdwoe Mu

Feb. 28 Bible akenkan: Yosua 1-5

Dwom 40 [*Hesekiel 40-45]

No. 1: Yosua Nnianim Nsɛm (si-E kr. 42 nky. 1-5)

No. 2: Yosua 2:8-16

No. 3: td-E 4C Bible—Wɔkyerɛw Maa Nnipa a Wofi Aman Nyinaa Mu

No. 4: Tamar (No. 1)—Asɛmti: Nyɛ Ntɛm Mmu Atɛn

Mar. 6 Bible akenkan: Yosua 6-9

Dwom 164 [*Hesekiel 46–Daniel 2]

No. 1: Awofo—Mommɔ Mo Mma Ho Ban! (w98-TW 2/15 nkr. 8-11)

No. 2: Yosua 7:1, 10-19

No. 3: td-E 5A Mogya a Wɔde Ma Kyerɛ Sɛ Wommu No sɛ Ɛyɛ Kronkron

No. 4: Tera (No. 1)—Asɛmti: So Obi Awofo Som Ye Bere Nyinaa?

Mar. 13 Bible akenkan: Yosua 10-13

Dwom 138 [*Daniel 3-7]

No. 1: Nea Bible Ka Wɔ Nkɛntɛnso Ho (w98-TW 2/15 nkr. 23-7)

No. 2: Yosua 11:6-15

No. 3: td-E 5B So Ɛsɛ sɛ Obi Fa Ɔkwan Biara a Ɔpɛ So Gye Ne Ho Nkwa?

No. 4: Teres—Asɛmti: Nea Nokware a Wonni De Ba

Mar. 20 Bible akenkan: Yosua 14-17

Dwom 10 [*Daniel 8–Hosea 2]

No. 1: Nnipa Anokwafo a Wɔwɔ “Atenka Te sɛ Yɛn Ara” (w98-TW 3/1 nkr. 26-9)

No. 2: Yosua 15:1-12

No. 3: td-E 6A Bere Bɛn Na Amanaman Mmere no Baa Awiei?

No. 4: Toma—Asɛmti: #Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yedwen Nea Yɛka Ho

Mar. 27 Bible akenkan: Yosua 18-20

Dwom 105 [*Hosea 3-14]

No. 1: Yesu Asase so Nna a Etwa To a Yɛbɛkaakae (w98-TW nkr. 3/15 3-9)

No. 2: Yosua 18:1-10

No. 3: td-E 7A Dɛn Ne Kristofo Asafo No?

No. 4: Tiberio—Asɛmti: Nneyɛe Bɔne Tumi Ma wobu Obi Abomfiaa

Apr. 3 Bible akenkan: Yosua 21-24

Dwom 144 [*Yoel 1–Amos 7]

No. 1: Yosua—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 45-6 nky. 21-4)

No. 2: Yosua 21:43–22:8

No. 3: td-E 7B So Petro Ne “Ɔbotan” No?

No. 4: Timoteo—Asɛmti: #Gyidi a Nkontompo Nnim Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Apr. 10 Bible akenkan: Atemmufo 1-4

Dwom 43 [*Amos 8–Mika 5]

No. 1: Atemmufo Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 46-7 nky. 1-7)

No. 2: Atemmufo 3:1-11

No. 3: td-E 8A Nokware Nyansahu Foa Bible Adebɔ Ho Kyerɛwtohɔ No So

No. 4: Tito—Asɛmti: #Fi Koma Nyinaa Mu Som Anuanom No

Apr. 17 Bible akenkan: Atemmufo 5-7

Dwom 193 [*Mika 6–Sefania 1]

No. 1: Sua Biribi Fi Akwankyerɛ a Yesu De Maa Asuafo 70 No Mu (w98-TW 3/1 nkr. 30-1)

No. 2: Atemmufo 5:24-31

No. 3: td-E 8B So Na Adebɔ Nna no Mu Biara Yɛ Nnɔnhwerew 24?

No. 4: Tobia (No. 2)—Asɛmti: Onyankopɔn Atamfo Bedi Nkogu

Apr. 24 Sɔhwɛ. Kenkan Deuteronomium 4–Atemmufo 7

Dwom 91 [*Sefania 2–Sakaria 7]

May 1 Bible akenkan: Atemmufo 8-10

Dwom 38 [*Sakaria 8–Malaki 4]

No. 1: Di Afoforo Ni (w98-TW 4/1 nkr. 28-31)

No. 2: Atemmufo 9:7-21

No. 3: td-E 9A So Yesu Wui Wɔ Mmeamudua So?

No. 4: Trofimo—Asɛmti: #Boa Wɔn a Wodi Anim No

May 8 Bible akenkan: Atemmufo 11-14

Dwom 82 [*Mateo 1-8]

No. 1: Barnaba, “Awerɛkyekye Ba” (w98-TW 4/15 nkr. 20-3)

No. 2: Atemmufo 13:2-10, 24

No. 3: td-E 9B So Ɛsɛ sɛ Kristofo Som Mmeamudua?

No. 4: Trifaina—Asɛmti: Kyerɛ Mmea a Wɔbɔ Mmɔden Pii Awurade Adwuma Mu Ho Anisɔ

May 15 Bible akenkan: Atemmufo 15-18

Dwom 26 [*Mateo 9-14]

No. 1: Asomdwoe Wiase a Asraafo Nni Mu (w98-TW 4/15 nkr. 28-30)

No. 2: Atemmufo 17:1-13

No. 3: td-E 10A Adɛn Nti Na Yewuwu?

No. 4: Tihiko—Asɛmti: #Yɛ Kristoni Nokwafo a Wɔwɔ Ne Mu Ahotoso

May 22 Bible akenkan: Atemmufo 19-21

Dwom 42 [*Mateo 15-21]

No. 1: Atemmufo—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 50 nky. 26-8)

No. 2: Atemmufo 19:11-21

No. 3: td-E 10B So Awufo Betumi Ahaw Wo?

No. 4: Uria (No. 1)—Asɛmti: Fi Wo Koma Nyinaa Mu Som Nyankopɔn

May 29 Bible akenkan: Rut 1-4

Dwom 120 [*Mateo 22-26]

No. 1: Rut Nnianim Nsɛm ne Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 51-3 nky. 1-3, 9-10)

No. 2: Rut 3:1-13

No. 3: td-E 10C So Nnipa Betumi Ne Wɔn Abusuafo a Wɔawuwu Akasa?

No. 4: Urijah (No. 2)—Asɛmti: Suro Nokware Nyankopɔn no Na Ɛnyɛ Onipa

June 5 Bible akenkan: 1 Samuel 1-3

Dwom 191 [*Mateo 27–Marko 4]

No. 1: 1 Samuel Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 53-4 nky. 1-6)

No. 2: 1 Samuel 1:9-20

No. 3: td-E 11A So Ɔbonsam Yɛ Obi a Ɔtease Ankasa?

No. 4: Usa (No. 2)—Asɛmti: #Adwempa Mma Asoɔden Nyɛ Ade a Ɛteɛ

June 12 Bible akenkan: 1 Samuel 4-7

Dwom 85 [*Marko 5-9]

No. 1: Hena Ne Yehowa? (w98-TW 5/1 nkr. 5-7)

No. 2: 1 Samuel 4:9-18

No. 3: td-E 11B Ɔbonsam—Wiase Sodifo a Aniwa Nhu No

No. 4: Usia (No. 3)—Asɛmti: #Brɛ Wo Ho Ase Ma Teokrase Nhyehyɛe

June 19 Bible akenkan: 1 Samuel 8-11

Dwom 160 [*Marko 10-14]

No. 1: Mudi Mu Kura So Wɔ Akatua (w98-TW 5/1 nkr. 30-1)

No. 2: 1 Samuel 8:4-20

No. 3: td-E 11C Nea Bible Ka Wɔ Abɔfo a Wɔyɛɛ Bɔne no Ho

No. 4: Wasti—Asɛmti: Brɛ Wo Ho Ase na Wo Ne Nyankopɔn Nnantew

June 26 Bible akenkan: 1 Samuel 12-14

Dwom 172 [*Marko 15–Luka 3]

No. 1: So Ahonyade Betumi Ama Wo Anigye? (w98-TW 5/15 nkr. 4-6)

No. 2: 1 Samuel 14:1-14

No. 3: td-E 12A Asase—Wɔbɔe sɛ Ɛmmɛyɛ Paradise

No. 4: Sakeo—Asɛmti: #Nyɛ Odifudepɛfo

July 3 Bible akenkan: 1 Samuel 15-17

Dwom 8 [*Luka 4-8]

No. 1: Eunike ne Lois—Akyerɛkyerɛfo a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa (w98-TW 5/15 nkr. 7-9)

No. 2: 1 Samuel 16:4-13

No. 3: td-E 12B Asase So Asetra Remma Awiei Da

No. 4: Sadok (No. 1)—Asɛmti: #Yɛ Akoa Nokwafo

July 10 Bible akenkan: 1 Samuel 18-20

Dwom 156 [*Luka 9-12]

No. 1: Du Nkurɔfo Komam Denam Nsɛm a Ɛdan ti a Wobɛka So (w98-TW 5/15 nkr. 21-3)

No. 2: 1 Samuel 19:1-13

No. 3: td-E 13A So Wubetumi Ahu Atoro Adiyifo?

No. 4: Seba—Asɛmti: Wobebu Wɔn a Wɔtan Onyankopɔn Nkurɔfo Atɛn

July 17 Bible akenkan: 1 Samuel 21-24

Dwom 33 [*Luka 13-19]

No. 1: Di W’abusua Asɛyɛde Ho Dwuma (w98-TW 6/1 nkr. 20-3)

No. 2: 1 Samuel 24:2-15

No. 3: td-E 14A Honhom Fam Ayaresa Ho Hia Dɛn?

No. 4: Sakaria (No. 12)—Asɛmti: Yehowa Werɛ Remfi Ne Nkoa Anokwafo

July 24 Bible akenkan: 1 Samuel 25-27

Dwom 60 [*Luka 20-24]

No. 1: Nokware Atɛntrenee—Bere Bɛn ne Ɔkwan Bɛn So? (w98-TW 6/15 nkr. 26-9)

No. 2: 1 Samuel 25:23-33

No. 3: td-E 14B Onyankopɔn Ahenni—Nea Ebeyi Honam Fam Ayaresa Afi Hɔ

No. 4: Sakaria (No. 20)—Asɛmti: #Monhyehyɛ Mo Ho Nkuran Wɔ Onyankopɔn Adwuma Mu

July 31 Bible akenkan: 1 Samuel 28-31

Dwom 170 [*Yohane 1-6]

No. 1: 1 Samuel—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 57-8 nky. 27-35)

No. 2: 1 Samuel 31:1-13

No. 3: td-E 14C Nnɛyi Gyidi Ayaresa Mfi Onyankopɔn

No. 4: Sakaria (No. 31)—Asɛmti: Gye Nea Onyankopɔn Ka Nyinaa Di

Aug. 7 Bible akenkan: 2 Samuel 1-4

Dwom 22 [*Yohane 7-11]

No. 1: 2 Samuel Nnianim Nsɛm (si-E kr. 59 nky. 1-5)

No. 2: 2 Samuel 2:1-11

No. 3: td-E 14D So Kasa Foforo a Obi Ka no Kyerɛ Ankasa sɛ Ɔsɔ Onyankopɔn Ani?

No. 4: Sedekia (No. 1)—Asɛmti: Hwɛ Yiye Wɔ Atoro Adiyifo Ho

Aug. 14 Bible akenkan: 2 Samuel 5-8

Dwom 174 [*Yohane 12-18]

No. 1: ‘Mompere Nhyɛn Ɔpon Teateaa No Mu’ (w98-TW 6/15 nkr. 30-1)

No. 2: 2 Samuel 7:4-16

No. 3: td-E 15A Henanom Na Wɔkɔ Soro?

No. 4: Sedekia (No. 4)—Asɛmti: #Di Onyankopɔn Mmara Nsɛm so Bere Nyinaa

Aug. 21 Bible akenkan: 2 Samuel 9-12

Dwom 107 [*Yohane 19–Asomafo no Nnwuma 4]

No. 1: Yɛ Ɔyɔnko Pa (w98-TW 7/1 nkr. 30-1)

No. 2: 2 Samuel 11:2-15

No. 3: td-E 16A Hell Nyɛ Baabi a Wɔyɛ Nkurɔfo Ayayade

No. 4: Serubabel—Asɛmti: #Fa Akokoduru Gyina Ɔsɔretia Ano

Aug. 28 Sɔhwɛ. Kenkan Atemmufo 8–2 Samuel 12

Dwom 177 [*Asomafo no Nnwuma 5-10]

Sept. 4 Bible akenkan: 2 Samuel 13-15

Dwom 183 [*Asomafo no Nnwuma 11-16]

No. 1: Ma Wo Mma Nnya Nhyɛase Pa Wɔ Asetram (w98-TW 7/15 nkr. 4-6)

No. 2: 2 Samuel 13:20-33

No. 3: td-E 16B Ogya Yɛ Ɔsɛe Ho Nsɛnkyerɛnne

No. 4: Siba—Asɛmti: Nnaadaa ne Ntwiri Ma Obi Nnwuma Pa Ho Ba Asɛm

Sept. 11 Bible akenkan: 2 Samuel 16-18

Dwom 129 [*Asomafo no Nnwuma 17-22]

No. 1: Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow Ho (w98-TW 7/15 nkr. 20-4)

No. 2: 2 Samuel 16:5-14

No. 3: td-E 16C Ɔdefo ne Lasaro Asɛm no Nkyerɛ sɛ Wɔyɛ Nkurɔfo Ayayade Daa

No. 4: Simri (No. 2)—Asɛmti: #Yehowa Ani Nnye Ɔbrasɛe Ho

Sept. 18 Bible akenkan: 2 Samuel 19-21

Dwom 19 [*Asomafo no Nnwuma 23–Romafo 1]

No. 1: So Wubetumi De Wo Ho Ato W’ahonim So? (w98-TW 9/1 nkr. 4-7)

No. 2: 2 Samuel 20:1, 2, 14-22

No. 3: td-E 17A Kristofo Adwene Wɔ Afahyɛ Ahorow Ho

No. 4: Simri (No. 3)—Asɛmti: Anuonyampɛ Ntraso Betumi Ama Obi Ahu Amane

Sept. 25 Bible akenkan: 2 Samuel 22-24

Dwom 98 [*Romafo 2-9]

No. 1: 2 Samuel—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E kr. 63 nky. 28-31)

No. 2: 2 Samuel 23:8-17

No. 3: td-E 18A Ahonisom Bɔ Onyankopɔn Ahohora

No. 4: Sipora—Asɛmti: Da Osuro ne Obu Adi Bere a Woresiesie Nsɛm

Oct. 2 Bible akenkan: 1 Ahene 1-2

Dwom 36 [*Romafo 10–1 Korintofo 3]

No. 1: 1 Ahene Nnianim Nsɛm (si-E nkr. 64-5 nky. 1-5)

No. 2: 1 Ahene 2:1-11

No. 3: td-E 18B Nea Efi Ahonisom Mu Ba

No. 4: Sofar—Asɛmti: Ɔkasatia Denneennen Nkyerɛ Ɔdɔ

Oct. 9 Bible akenkan: 1 Ahene 3-6

Dwom 106 [*1 Korintofo 4-13]

No. 1: Yɛ Nea Ehia Kan (w98-TW 9/1 nkr. 19-21)

No. 2: 1 Ahene 4:21-34

No. 3: td-E 18C Yehowa Nkutoo Na Ɛsɛ sɛ Yɛsom No

No. 4: td-E 19A #Onyankopɔn Ani Nnye Gyidi Afrafra Ho

Oct. 16 Bible akenkan: 1 Ahene 7-8

Dwom 76 [*1 Korintofo 14–2 Korintofo 7]

No. 1: Atumfoɔ a Yebedi Wɔn Adanse (w98-TW 9/1 nkr. 30-1)

No. 2: 1 Ahene 7:1-14

No. 3: td-E 19B So Ɔsom Nyinaa Ye?

No. 4: td-E 20A Ɛsɛ sɛ Kristofo De Onyankopɔn Din Di Dwuma

Oct. 23 Bible akenkan: 1 Ahene 9-11

Dwom 97 [*2 Korintofo 8–Galatifo 4]

No. 1: Adwene a Kristofo Kura Wɔ Ti Ade Ho (w98-TW 9/15 nkr. 24-7)

No. 2: 1 Ahene 11:1-13

No. 3: td-E 20B Nokwasɛm Ahorow a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

No. 4: td-E 20C #Onyankopɔn Su Horow a Yebehu

Oct. 30 Bible akenkan: 1 Ahene 12-14

Dwom 113 [*Galatifo 5–Filipifo 2]

No. 1: So Wubu Onyankopɔn sɛ Obi Ankasa? (w98-TW 9/15 nkr. 21-3)

No. 2: 1 Ahene 13:1-10

No. 3: td-E 20D Ɛnyɛ Onyankopɔn Koro Na Obiara Som No

No. 4: td-E 21A So Yehowa Adansefo Som no Yɛ Foforo?

Nov. 6 Bible akenkan: 1 Ahene 15-17

Dwom 123 [*Filipifo 3–1 Tesalonikafo 5]

No. 1: Kɔ so Nya Honhom Fam Nkɔso! (w98-TW 10/1 nkr. 28-31)

No. 2: 1 Ahene 15:9-24

No. 3: td-E 22A Yesu Kristo—Onyankopɔn Ba ne Ɔhene a Wɔapaw No

No. 4: td-E 22B Nea Enti a Yesu Mu Gyidi Ho Hia Ma Nkwagye

Nov. 13 Bible akenkan: 1 Ahene 18-20

Dwom 159 [*2 Tesalonikafo 1–2 Timoteo 3]

No. 1: Munni Nsɛnnennen Ho Dwuma Asomdwoe Mu (w98-TW 11/1 nkr. 4-7)

No. 2: 1 Ahene 20:1, 13-22

No. 3: td-E 22C Yesu Mu Gyidi Kɛkɛ Remma Obi Nnya Nkwa?

No. 4: td-E 23A #Nhyira a Onyankopɔn Ahenni De Bɛba

Nov. 20 Bible akenkan: 1 Ahene 21-22

Dwom 179 [*2 Timoteo 4–Hebrifo 7]

No. 1: 1 Ahene—Nea Enti a Mfaso Wɔ So (si-E nkr. 68-9 nky. 23-6)

No. 2: 1 Ahene 22:29-40

No. 3: td-E 23B Ahenni no Fi Ase Di Tumi Bere a Kristo Atamfo Wɔ Hɔ

No. 4: td-E 23C Ɛnyɛ Nnipa Mmɔdembɔ na Ɛde Onyankopɔn Ahenni Bɛba

Nov. 27 Bible akenkan: 2 Ahene 1-3

Dwom 148 [*Hebrifo 8–Yakobo 2]

No. 1: 2 Ahene Nnianim Nsɛm (si-E kr. 69 nky. 1-4)

No. 2: 2 Ahene 2:15-25

No. 3: td-E 24A Nea “Wiase Awiei” Kyerɛ

No. 4: td-E 24B #Ma W’ani Nna Hɔ Honhom Mu Wɔ Adanse a Ɛfa Wiase Awiei Ho no Ho

Dec. 4 Bible akenkan: 2 Ahene 4-6

Dwom 109 [*Yakobo 3–2 Petro 3]

No. 1: Hwɛ Yiye Wɔ Simony Ho (w98-TW 11/15 kr. 28)

No. 2: 2 Ahene 5:20-27

No. 3: td-E 25A Daa Nkwa Nyɛ Adaeso Ara Kɛkɛ

No. 4: td-E 25B Henanom na Wɔbɛkɔ Soro?

Dec. 11 Bible akenkan: 2 Ahene 7-9

Dwom 117 [*1 Yohane 1–Adiyisɛm 1]

No. 1: Bible Nnyinasosɛm a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi Bere a Yɛrebɔ Bosea No (w98-TW 11/15 nkr. 24-7)

No. 2: 2 Ahene 7:1, 2, 6, 7, 16-20

No. 3: td-E 25C Wɔn a Wobenya Daa Nkwa Wɔ Asase so no Dodow Nni Ano

No. 4: td-E 26A #Ɛsɛ sɛ Wodi Aware Ni

Dec. 18 Bible akenkan: 2 Ahene 10-12

Dwom 181 [*Adiyisɛm 2-12]

No. 1: Yesu Awo Ho Nokwasɛm (w98-TW 12/15 nkr. 5-9)

No. 2: 2 Ahene 11:1-3, 9-16

No. 3: td-E 26B Ɛsɛ sɛ Kristofo De Obu Ma Tiyɛ Nhyehyɛe No

No. 4: td-E 26C Awofo Asɛyɛde Wɔ Wɔn Mma Ho

Dec. 25 Sɔhwɛ. Kenkan 2 Samuel 13–2 Ahene 12

Dwom 217 [*Adiyisɛm 13-22]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena