Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/01 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 9
  • Dapɛn a Efi Ase July 16
  • Dapɛn a Efi Ase July 23
  • Dapɛn a Efi Ase July 30
  • Dapɛn a Efi Ase August 6
Yɛn Ahenni Som—2001
km 7/01 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase July 9

Dwom 4

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a Wɔapaw.

17 min: March Ɔsom Akontaabu. Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ka ɔman no ne mo asafo no March ɔsom akontaabu ho asɛm. Bisabisa adawurubɔfo ahorow a wɔkɔɔ asɛnka kɛse saa ɔsram no nsɛm. Ma wɔnka anigye a wonya fii asɛnka adwuma no a wɔyɛɛ no kɛse mu ne nea wɔreyɛ na ama wɔatumi ayɛ saa bere nyinaa.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ March 2001 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 28-30.

20 min: “So Wubetumi Akɔsom Faako a Mmoa Ho Hia Kɛse?”a Ka osuahu a ɛhyɛ nkuran a mo asafo mu adawurubɔfo anya afi asasesin a atew ne ho anaa wɔntaa nyɛ mu adwuma mu no ho asɛm.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no, nkratafa 112-13.

Dwom 42 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 16

Dwom 10

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Mmofra—Munsusuw Adwuma a Mobɛpaw Ho Yiye. Agya bi ne ne babarima anaa ne babea a ɔrebɛn mpanyin afe so kɔ ɔpanyin bi a ɔwɔ honam fam adwumayɛ mu suahu kɛse nkyɛn. Bere a wosusuw Ɔsom Nhyiam a wɔyɛe wɔ dapɛn abien a atwam no mu faa adwuma a wɔpaw ho no, abofra no resusuw ho anibere so sɛ ɔbɛyɛ daa akwampae adwuma no nanso ontumi nhu ɔkwan a ɔbɛfa so adi ne honam fam ahiade ho dwuma. Ɔpanyin no kyerɛ hia a ehia sɛ wonya adwene a ɛkari pɛ. (September 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 11, nkyekyem 13) Ɛyɛ papa sɛ obi sua adwuma bi na ɔde hwɛ ne ho. Ebinom abɔ mmɔden asua nnwuma nketenkete bi a wɔansɛe bere ne sika pii wɔ ho. (February 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14; Young People Ask, kratafa 178) Wɔbom susuw March 8, 1996, Nyan! no nkratafa 9-11, ne nyansahyɛ a edi mu a ɛfa honam fam adwuma a ɛfata a wɔbɛyɛ ho no ho.

20 min: Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Munsusuw nhomawa yi ne ɔkwan a yebetumi afa so de adi dwuma ama afoforo ahu yɛne yɛn dwumadi ho nsɛm no ho. Ɛkyerɛ nnipa ko a yɛyɛ (nkratafa 3-5), ɛka yɛn nnɛyi mfiase ne yɛn dwumadi ahorow ho asɛm (nkratafa 6-11), ɛkyerɛ gyidi ahorow a ɛma yɛda nsow wɔ ɔsom afoforo ho no (nkratafa 12-14), ɛkyerɛkyerɛ asɛmpa no a yɛka ne ɔkwan a yɛfa so ka no mu (nkratafa 15-21), ɛkyerɛ sɛnea yɛn adwuma no boa ɔmanfo (nkratafa 22-4), ɛkyerɛ sɛnea yɛn wiase nyinaa ahyehyɛde no te (nkratafa 25-6), na ebua nsɛm a nkurɔfo taa bisa fa yɛn ho no (nkratafa 27-31). Ma ɔdawurubɔfo bi nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea ɔde nhomawa no rebua nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 29 no biako a ofiewura bi a ɔrepɛ biribi ahu bisa no, na ɛno akyi no, ɔdawurubɔfo no de nsɛm a ɛwɔ nhomawa no akyi to nsa frɛ no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nhomawa no nni dwuma mma yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no nhu yɛn ho nsɛm, wɔmfa nkanyan anigye wɔ sankɔhwɛyɛ mu, na wɔntwe Bible asuafo adwene mmra ahyehyɛde no so.

Dwom 50 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 23

Dwom 19

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Ghana Betel Ntrɛwmu Nkɔso Ho Amanneɛbɔ.”

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Siesie Wo Ho Sua Yesaia Nkɔmhyɛ No!”b Ka mfaso a yebenya afi Yesaia nkɔmhyɛ nhoma no sua mu ho asɛm tiawa. (Hwɛ ti 1, nkyekyem 10-12, wɔ Yesaia Nkɔmhyɛ I.) Hyɛ obiara nkuran ma wɔnkɔ Asafo Nhoma Adesua daa.

Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 30

Dwom 22

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn July ɔsom akontaabu mmra.

20 min: Mmofra—Momfa Nhumu Nsusuw Mo Nhomasua Ho. Ɔpanyin ne awofo bi ne wɔn mma a wɔrebɛn wɔn mpanyin afe so bɔ nhomasua ntoaso ho nkɔmmɔ. Ɔpanyin no di anim ma wosusuw September 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 16-17, nkyekyem 11-13 no ho, na ɔkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔde bere nyinaa som adwuma no yɛ wɔn asetram ade titiriw no. (December 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 18-19, nkyekyem 13-15) Afei kuw no susuw afotu a ɛwɔ March 8, 1998, Nyan! no nkratafa 20-1 ho, na wɔkyerɛ hia a ehia sɛ wɔde nhumu susuw mfaso ne nsɛnnennen a ɛwɔ nhomasua ntoaso mu, na wɔkyerɛ mu sɛ ɛho hia na ama obi anya ne honam fam ahiade bere a ɔde nsi reyɛ ɔsom adwuma no. Wɔn nyinaa gye tom sɛ wɔde Yesu afotu a ɛne sɛ yɛmfa Ahenni nneɛma nni kan no bedi dwuma.—Mat. 6:33.

15 min: Good News for All Nations. Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Ɔman yi mu nnipa pii ka ananakasa. Kyerɛ sɛnea yebetumi adi saafo yi adanse denam Good News for All Nations nhomawa no so. Ka “Use of This Booklet” (Sɛnea Wɔde Nhomawa Yi Di Dwuma), a ɛwɔ kratafa 2 no mu nsɛntitiriw tiawa, na kenkan asɛm a wɔka kyerɛ, a ɛwɔ kasa a w’asafo no de di dwuma mu no. Yɛ nea obi bɛyɛ bere a ohyia obi a ɔka kasa foforo no ho ɔyɛkyerɛ. Ka osuahu a etu mpɔn bi a ɛkyerɛ sɛnea moayɛ eyi wɔ mo asasesin mu no ho asɛm.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ February 1998 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 9-10.

Dwom 57 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 6

Dwom 25

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma atiefo nka osuahu ahorow a wonya fii bɔnnɔ so adansedi mu bere a na wɔrekɔ nhyiam, akwamma, anaasɛ wɔrekɔsra abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no.

10 min: “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi.” Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ da mũ no nyinaa.

20 min: “Nnyae Asɛm no Ka!”c Ka osuahu a ɛwɔ December 15, 1999, Ɔwɛn-Aban no kratafa 25 no ho asɛm sɛnea bere ma kwan.

Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena