Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase May 9
Dwom 217
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde May 1 Ɔwɛn-Aban ne May 8 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, kyerɛ sɛnea wobebua obi a ɔka sɛ “M’ani nnye ho” de siw nkɔmmɔbɔ kwan no. (Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 8.) Ka nsɛmma nhoma no mu nsɛm bi a nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu no ani begye ho kɛse kyerɛ.
15 min: Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma na Du Koma no Mu. Ɔkasa a egyina February 1, 2005 Ɔwɛn-Aban, kratafa 28-31 so. Susuw sɛnea Yesu de Kyerɛwnsɛm no boaa Petro no ho ne sɛnea yebetumi adi Yesu nhwɛso no akyi bere a ɛho behia sɛ yɛteɛ yɛn mma, yɛn Bible asuafo ne yɛn ankasa mpo adwene ne nkate so no.
20 min: “Yɛ Nhyehyɛe Pa Ma W’abusua.” Bere a womma nnianim nsɛm nni simma abien no, si mfaso a ɛwɔ bere nhyehyɛe a yɛtra ase yɛ no so dua na munsusuw sɛnea mubetumi ahyehyɛ bere nhyehyɛe pon a hwee nni so a ɛwɔ kratafa 6 no ho. Fa nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so na momfa nsusuw asɛm “Abusua Nhyehyɛe—Asafo Nhyiam” no ho. Ma atiefo nka sɛnea wɔmma nneɛma afoforo ntwitware asafo nhyiam a wɔbɛba mu no nkyerɛ. Yebesusuw abusua nhyehyɛe afã afoforo ho wɔ adapɛn a edi hɔ no mu.
Dwom 176 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 16
Dwom 201
7 min: Asafo mu nkaebɔ.
18 min: “Abusua Nhyehyɛe—Abusua Asɛnka Adwuma.”a Ma atiefo nka mfaso a wonya fi asɛnka adwuma a abusua mũ no nyinaa taa bom yɛ no so nkyerɛ.
20 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 9.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ka ɔsɛmpɔw biako anaa nsɛmpɔw abien a efi December 2004 Yɛn Ahenni Som kratafa 8 mu ho asɛm. Yɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ tiawa ka ho. Bere a wɔasua adesua a ɛto so 2 wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu awie no, nea ɔrehwɛ adesua no so no bisa osuani no sɛ: “Ɔkwan bɛn na wobɛfa so akyerɛkyerɛ Onyankopɔn din mu akyerɛ w’adamfo?” Osuani no kyerɛkyerɛ sɛnea ɔde Dwom 83:18 bedi dwuma mu, na ɛno akyi no, nea ɔrehwɛ adesua no so no kamfo no.
Dwom 134 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 23
Dwom 194
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka mo ntoboa a mode menae no. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no fata mo asafo no asasesin a, fa yɛ sɛnea wɔde May 15 Ɔwɛn-Aban ne May 22 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama. Wɔ ɔyɛkyerɛ no baako mu no, ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma rema wɔ kar mu.
15 min: “Yehowa Da No Abɛn.”c Sɛ woresiesie wo ho ama ɔfã yi a, hwɛ Daniel Nkɔmhyɛ nhoma no, kratafa 59, nkyekyɛm 28.
20 min: “Abusua Nhyehyɛe—Abusua Adesua.”d Di kan yɛ nhyehyɛe ma onipa biako anaa nnipa baanu nka sɛnea wɔyɛ wɔn abusua adesua nhyehyɛe ne mmɔden a wɔbɔ a ɛma wotumi yɛ no bere nyinaa no nkyerɛ.
Dwom 152 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 30
Dwom 190
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn May asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ June mu no ho asɛm. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ bere a wɔde nyansahyɛ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som mu no mu biako anaa abien a ɛfata mo asasesin no di dwuma no. Mubetumi de akwan afoforo a ɛfata nso adi dwuma.
20 min: “Abusua Nhyehyɛe—Daa Asɛm.”e Ma atiefo nka sɛnea wɔn abusua anya mfaso afi daa asɛm a wɔbom yɛ no mu, ne nhyehyɛe a wɔde di dwuma a wohu sɛ ɛfata no nkyerɛ.
15 min: Ma wɔnka asɛnka adwuma no mu suahu a wonyae wɔ March, April ne May mu nkyerɛ anaa wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ. Di kan yɛ nhyehyɛe ma onipa baako anaa nnipa baanu nka mmɔden a wɔbɔe de yɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma mu wɔ Nkaedi bere no mu ne nhyira a wɔanya afi so nkyerɛ.
Dwom 115 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 6
Dwom 155
8 min: Asafo mu nkaebɔ.
17 min: .Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Yɛnte Wɔn Kasa No. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina nnianim asɛm a ɛwɔ Good News for People of All Nations (Asɛmpa Ma Nnipa a Wofi Amanaman Nyinaa Mu) no so. Ka nhomawa foforo no mu nsɛm. Munsusuw akwan abiɛsa a yebetumi afa so aboa wɔn a yɛnte wɔn kasa no ho. Fa nsɛm a ɛwɔ July 2003 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 ka ho. Kyerɛ mu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no bi bere mpo a ebinom nkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye no. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea wɔde nhomawa foforo no bedi dwuma.
20 min: “Boa Obi a Woma no Nsɛmma Nhoma Daa No.”f Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, twe adwene si Reasoning nhoma no kratafa 227-32 so. Wubetumi de nsɛm yi adi dwuma de asiesie nsɛm pii a wobɛka nnidiso nnidiso de kyerɛwsɛm biako asi so de akyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ no mu. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi ne obi a ɔma no nsɛmma nhoma daa susuw kyerɛwsɛm biako ho. Ɔdawurubɔfo no ne no susuw kyerɛwsɛm no ho na ɔkyerɛkyerɛ mu tiawa de boa ofiewura no ma ɔte ase yiye na ama wahu ɛso mfaso wɔ n’abrabɔ mu.
Dwom 107 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
f Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.