Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase December 10
Dwom 46
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde December 1 Ɔwɛn-Aban ne December Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Afe 2008 Teokrase Ɔsom Sukuu. Ɔkasa a sukuu sohwɛfo no ma. Ka nsɛm a ɛho hia sɛ musi so dua wɔ mo asafo mu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ October 2007 Yɛn Ahenni Som mu no ho asɛm. Ka dwuma a ɔfotufo boafo no di ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsi nyɛ wɔn dwumadi, mfa wɔn ho nhyɛ Bible mu nsɛntitiriw ho mmuaema mu, na wɔmfa nyansahyɛ a nnawɔtwe biara yenya fi Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma mu no nyɛ adwuma.
15 min: “Kyekye Wɔn a Wɔn Koma Abubu Werɛ.”a Ka osuahu biako anaa abien a moanya wɔ mo hɔ.
Dwom 34
Dapɛn a Efi Ase December 17
Dwom 28
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka August akontaabu no ho asɛm na kamfo anuanom wɔ ho na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News video no mfa nsiesie ne ho mma Ɔsom Nhyiam a yebesusuw ho wɔ December 31 dapɛn no mu no.
15 min: “Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ So Yɛ Nsi wɔ Asɛnka Mu.”b Bisabisa ɔdawurubɔfo bi a wonim no sɛ ɔyɛ nsi wɔ asɛnka mu no nsɛm. Nsɛm a wubebisa: Mmɔden bɛn na woabɔ a ɛma wokɔ so yɛ nsi? Dɛn na aboa wo ma wokɔ so yɛ nsi?
20 min: “Fa Nsɛmma Nhoma a Edi Nokware no ho Adanse Ma.”c Ma anuanom nka November 2006 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 no mu asɛm. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔnkenkan January 1 Ɔwɛn-Aban ne January Awake! no. Ka kyerɛ wɔn sɛ dapɛn a edi hɔ no wɔmfa mmra asafo nhyiam ase.
Dwom 139
Dapɛn a Efi Ase December 24
Dwom 212
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma January, na ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ a ɛfata biako.
15 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma a Aba Foforo no Bɛma. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina January 1 Ɔwɛn-Aban ne January Awake! no so. Bere a woaka emu biara ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo nsɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu a nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a wosusuw saa. Ma atiefo nka nea wɔbɛka wɔ nsɛmma nhoma no mu nsɛm bi a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka ho asɛm de ama no ho asɛm. Asɛm bɛn na yebetumi abisa de afi nkɔmmɔbɔ ase? Asɛm no mu kyerɛwsɛm bɛn na yebetumi akenkan? Yɛbɛyɛ dɛn anwene asɛm no afa kyerɛwsɛm no ho? Fa nyansahyɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no anaa nea anuanom akyerɛ sɛ wɔde bedi dwuma no bi yɛ sɛnea wobetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Fa Yɛ Wo Botae sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua.”d Bisabisa onipa baako anaa nnipa baanu a nnansa yi wofii Bible adesua ase no nsɛm. Wɔyɛɛ dɛn fii adesua no ase? Adesua no rekɔ so dɛn?
Dwom 21
Dapɛn a Efi Ase December 31
Dwom 89
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa December asɛnka akontaabu mma.
15 min: Sɛnea Onyamesom Pa Tumi Kanyan Yɛn. Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a egyina March 1, 1990, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12-13 so.
25 min: “Asɛnka Adwuma Kɛse a Wɔnyɛɛ Bi Saa Da wɔ Wiase!”e Ma atiefo nka adepa a efii Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News video a woyi kyerɛɛ wɔn abusuafo, wɔn nnamfo, wɔn a wɔkɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ, ne wɔn Bible asuafo mu bae no nkyerɛ.
Dwom 202
Dapɛn a Efi Ase January 7
Dwom 159
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
10 min: Asafo mu ahiade.
30 min: “Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie Hyɛ Yehowa Anuonyam?”f Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin di ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm biara na munsusuw ho. Mubetumi akenkan kyerɛwsɛm atitiriw a ɛwom no na moasusuw ho sɛnea bere bɛma kwan. Sɛ mususuw nkyekyɛm 8 ho wie a, kenkan Nhyehyɛe nhoma no kratafa 138, nkyekyɛm 3, na munsusuw ho.
Monhyɛ no nsow: Sɛ mobɛkɔ ɔmantam nhyiam saa dapɛn yi a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no de simma 30 dwumadi yi hyɛ dapɛn foforo na wɔde bere a wɔde ama no nyinaa susuw ho.
Dwom 177
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
f Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.