Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase March 10
Dwom 131
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde Nkaedi nsato krataa no bɛka March 1 Ɔwɛn-Aban ne March Awake! ho ama ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Yehyiam? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina May 15, 2007, Ɔwɛn-Aban, kratafa 11-13 so. Ma atiefo nka sɛnea wɔanya asafo nhyiam a wɔba so mfaso ne akwanside a wɔadi so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba daa nkyerɛ.
15 min: “Yɛwɔ Biribi a Yebetumi De Ama Yehowa.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 8
Dapɛn a Efi Ase March 17
Dwom 144
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae atiefo ma wɔmfa April 1 Ɔwɛn-Aban ne April Awake! mmra Ɔsom Nhyiam ase dapɛn a edi hɔ no, na wonsiesie wɔn ho sɛ wobesusuw nsɛm a ɛfata a wɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ho. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
17 min: Asɛmmisa Afã a ɛwɔ kratafa 6. Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin di ho dwuma. Monkenkan asɛm no nyinaa na munsusuw ho. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ yebetie Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ma wɔ Kristofo abrabɔ pa ho no so dua.
20 min: “Dɛn na Yebetumi Ayɛ de Aboa Wɔn a Wɔbɛba Nkaedi No?”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, monyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi ne ɔhɔho a ɔbaa Nkaedi no afi Bible adesua ase.
Dwom 214
Dapɛn a Efi Ase March 24
Dwom 111
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma a Aba Foforo Bɛma. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bere a woaka April 1 Ɔwɛn-Aban ne April Awake! nsɛmma nhoma no ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnka nsɛmma nhoma no mu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a ɛte saa nkyerɛ. Ma atiefo nka nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtee bi a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka de ama no ho asɛm. Asɛm bɛn na wobetumi abisa de afi nkɔmmɔbɔ ase? Afei kyerɛwsɛm a ɛwom bɛn na wobetumi akenkan? Fa nyansahyɛ a wɔde ama a ɛfata mo asasesin no yɛ sɛnea yɛde April 1 Ɔwɛn-Aban anaa April Awake! bɛma no ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Woka Akyi Bere Nyinaa?”c Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin di ho dwuma. Kenkan nkyekyɛm ahorow no bi sɛnea bere bɛma kwan. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 7 ne 8 ho a, bisa nea anuanom binom ayɛ a ɛma wodu nhyiam ase ntɛm. Hyɛ obiara nkuran ma ontie afotu yi na ɔnyɛ nsakrae a ɛho hia.
15 min: Yɛka Papa Ho Asɛmpa. Asafo mu panyin ma ɔkasa a egyina July 1, 2005 Ɔwɛn-Aban, kratafa 18-19, nkyekyɛm 10-14 so, bere a ɔmma nnianim nsɛm no nni simma biako. Ma atiefo nka sɛnea bere a edi kan a wɔtee Ahenni asɛm no, ɛkyekyee wɔn werɛ na ɛmaa wɔn anidaso no ho asɛm.
Dwom 29
Dapɛn a Efi Ase March 31
Dwom 37
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn March asɛnka akontaabu mma. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.
20 min: Fa Afe 2008 Yearbook no Di Dwuma Yiye. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw “Krataa a Efi Sodikuw” no hɔ a ɛwɔ kratafa 3-5 no ho. Monhyɛ no nsow nso sɛ krataa koro yi ara wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu kratafa 3 ne 4. Ma atiefo baanu anaa baasa nka Yearbook no mu osuahu a ahyɛ wɔn nkuran paa ho asɛm. Di kan ne ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu nyɛ nhyehyɛe ma wɔnka nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔde kenkan Yearbook no ho asɛm nkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkenkan Yearbook no nyinaa fa wie.
15 min: “Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran Bere a Mowɔ Asɛnka Mu.”d
Dwom 145
Dapɛn a Efi Ase April 7
Dwom 186
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Monkenkan na munsusuw Asɛmmisa Afã a ɛwɔ kratafa 4 a asɛmti ne, “Hena na ɛsɛ sɛ ne nsa ka Yɛn Ahenni Som no bi?” no ho. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo susuw Yɛn Ahenni Som dodow a wɔn nsa aka no ho na wɔyɛ nsakrae biara a ehia dapɛn yi mu.
15 min: Dɛn Nti na Wompɛ sɛ Wobɔ Asu? Ɔkasa a asafo mu panyin di ho dwuma a egyina July 1, 2006 Ɔwɛn-Aban, kratafa 29-30, nkyekyɛm 14-17 so. Bisabisa ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu a wɔbɔɔ asu bere a na wonnya nnii mfe 20 no nsɛm. Dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔbɔɔ asu ntɛm saa? Ɔkwan bɛn so na wɔn asubɔ no aboa wɔn ma wɔn ho akokwaw sɛ Kristofo na asan ayɛ ahobammɔ ama wɔn?
15 min: Asɛmmisa Afã a ɛwɔ kratafa 7. Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin di ho dwuma. Ɛsɛ sɛ mokenkan ne nyinaa na mususuw ho.
Dwom 225
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.