Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/08 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
  • Yehowa Retete Yɛn Ama Saa Adwuma Yi
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 5/08 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ So ɛyɛ papa sɛ atiefo bɔ wɔn nsam wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu anaa Ɔsom Nhyiam dwumadi no fã biara akyi?

Bere a Ɔbɔadeɛ, Yehowa, yɛɛ asase no, “adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:7) Ná Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo yi pɛ sɛ wɔkamfo Yehowa wɔ n’adebɔ a ɛyɛ nwonwa a na ɛreda ne nyansa, ne papayɛ ne ne tumi adi wɔ ɔkwan foforo so no ho.

Eye sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn nuanom mmɔdenbɔ, ɔkasa a wɔma ne ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ no ho anisɔ. Sɛ nhwɛso no, yɛtaa bɔ yɛn nsam bere a wɔma ɔkasa ahorow wɔ yɛn nhyiam atitiriw te sɛ amansin ne amantam nhyiam ase no. Egyee bere pii ne mmɔdenbɔ na wotumi siesiee dwumadi ahorow no. Ɛnyɛ adwumaden a wɔn a wɔmaa ɔkasa no yɛe no nkutoo na yɛbɔ yɛn nsam de kyerɛ ho anisɔ, na mmom yɛkyerɛ Yehowa ne nkyerɛkyerɛ a ɔnam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so de ma no nso ho anisɔ.—Yes. 48:17; Mat. 24:45-47.

Na yɛn nsam a yɛbɔ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam ase no nso ɛ? Mmara biara nni hɔ a etia nsambɔ bere a yɛn koma ka yɛn ma yɛyɛ saa, te sɛ bere a osuani foforo bi yɛ ne sukuu dwumadi a edi kan no. Nanso, nsambɔ betumi abɛyɛ biribi a yɛyɛ ara kɛkɛ wɔ asafo no mu a ntease biara nni mu. Ne saa nti, yɛntaa mmɔ yɛn nsam wɔ dwumadi biara akyi.

Bere a yɛremmɔ yɛn nsam wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam dwumadi biara akyi no, yɛwɔ akwan foforo a yɛn nyinaa betumi afa so akyerɛ wɔn a wɔyɛ dwumadi no nkyerɛkyerɛ ne wɔn mmɔdenbɔ ho anisɔ. Yebetumi ayɛ eyi bere a yɛyɛ aso tie ɔkasafo no yiye no. Sɛ wɔpɔn nhyiam no a, yɛtaa nya kwan kɔ wɔn a wɔyɛɛ dwumadi no nkyɛn kɔkyerɛ wɔn mmɔdenbɔ no ho anisɔ.—Efe. 1:15, 16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena