Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase November 5
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 5
Dwom 115 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 1 ¶1-7 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yoel 1-3 (Simma 10)
No. 1: Yoel 2:17-27 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɔkwan Bɛn so na Yebetumi De Mmebusɛm 22:3 Ayɛ Adwuma? (Simma 5)
No. 3: Yɛbɛyɛ Dɛn Akyerɛ Obu Ama Yehowa Ahyehyɛde No?—rs-E kr. 284 ¶3-7 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Mmea a Wɔka Asɛmpa no Yɛ Asafodɔm Kɛse. (Dw. 68:11) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2012 Yearbook no kratafa 117, nkyekyɛm 2 kosi kratafa 118, nkyekyɛm 2; ne kratafa 130, nkyekyɛm 1 kosi kratafa 131, nkyekyɛm 2 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ November Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso mu nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 105 ne Mpaebɔ