Sɛnea Yesiesie Nnianim Nsɛm Ma Etu Mpɔn
1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛn nnianim asɛm tu mpɔn?
1 Sɛnea aduan bi hua ma obi kɔn dɔ sɛ obedi no, saa ara na nnianim asɛm a etu mpɔn ma nkurɔfo tie Bible mu asɛm a yɛka no. Nnianim nsɛm a etu mpɔn gu ahorow na ne nyinaa tenten nso nyɛ pɛ. Nanso ɛhwehwɛ sɛ yegye bere susuw ho na yesiesie no yiye sɛnea yɛyɛ aduan a ɛyɛ dɛ no ara pɛ. (Mmeb. 15:28) Dɛn na ɛma nnianim asɛm bi tu mpɔn?
2. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie nnianim asɛm a nkurɔfo ani begye ho?
2 Paw Nsɛm a Nkurɔfo Ani Gye Ho: Ɛsɛ sɛ yɛn nnianim asɛm kanyan ofiewura no ma ɔkyerɛ asɛm no ho anigye, anyɛ saa a obetwa nkɔmmɔbɔ no so. Enti sɛ woresiesie wo ho a, susuw nsɛm a mo mpɔtam hɔfo ani begye ho ho. So mpɔtam hɔfo pɛ sɛ wonya aban papa, wɔpɛ sɛ anigye ba wɔn mmusua mu, anaa wonyae a anka akodi to atwa? Ɛyɛ a nkurɔfo pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho, enti paw asɛmmisa a ɛbɛma woahu wɔn adwene. Wubetumi afa nnianim nsɛm a ɛba Yɛn Ahenni Som mu no bi, na wadannan mu sɛnea wubetumi de adi dwuma wɔ w’asasesin mu. Dɛn nti na ɛwom ara a munnsua sɛnea mode nnianim nsɛm no bi bedi dwuma wɔ mo anwummere Abusua Som ase?
3. Yɛbɛyɛ dɛn adannan yɛn nnianim asɛm mu ma ɛne wɔn a wɔte yɛn asasesin mu no amammerɛ ne wɔn nsɛm tebea ahyia?
3 Susuw Wɔn Amammerɛ ne Wɔn Nsɛm Tebea Ho: Wɔ mmeae bi no, wɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛka nea enti a yɛaba hɔ no ho asɛm tẽẽ. Mmeae afoforo nso, sɛ ɔhɔho bi anni kan ankyia ofie bi mufo ammisa sɛnea wɔn ho te na wanna ne ho adi a, wobebu no sɛ ommu ade. Baabi nso, ɔsom ko a nkurɔfo wom no ma yetumi ka Bible no ho asɛm tẽẽ wɔ yɛn nnianim asɛm mu. (Aso. 2:14-17) Nanso wɔ mmeae a nkurɔfo ani nnye Kristosom ho anaa wɔmpɛ nyamesom koraa no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrenka Bible no ho asɛm wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu kosi bere a yɛbɛsan akɔ hɔ bio.—Aso. 17:22-31.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen nsɛm a yebedi kan aka wɔ yɛn nnianim asɛm mu ho?
4 Asɛm a Wubedi Kan Aka: Siesie asɛm a wubedi kan aka no yiye. Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛma yɛn nsɛm ayɛ ntiantiaa na emu ada hɔ. Sɛnea yefi yɛn nkɔmmɔbɔ ase no nso ho hia. Fa anigye kasa. Tew w’anim na serew fa kyerɛ sɛ wudwen ofiewura no ho. Sɛ yɛde nyansahyɛ ahorow yi yɛ adwuma a, ɛbɛboa ma yɛasiesie nnianim nsɛm a ɛyɛ dɛ, na ɛbɛhyɛ nnipa a wɔte yɛn asasesin mu no nkuran ma wɔadidi “Yehowa pon so.”—1 Kor. 10:21.