Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase December 9
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 9
Dwom 84 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jl Adesua 17-19 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Yohane 1-5; 2 Yohane 1-13; 3 Yohane 1-14–Yuda (Simma 10)
No. 1: 1 Yohane 5:1-21 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ɔkwan Bɛn so na Ɛsɛ sɛ Wɔkae Yesu Kristo?—Luka 1:32, 33; Yohane 17:3 (Simma 5)
No. 3: Nokware Som Mufo Kyerɛ Yesu Kristo Mu Gyidi Ankasa—rs-E kr. 329 ¶1; +bh kr. 149 ¶11 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
15 min: Teokrase Ɔsom Sukuu ma Afe 2014. Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Fa Teokrase Ɔsom Sukuu ma afe 2014 no mu nsɛm kyerɛ nsɛm a ehia sɛ wusi so dua wɔ mo asafo no mu. Kyerɛkyerɛ mu sɛ sɛ dapɛn no mu Bible akenkan na efi Bible mu nhoma foforo ase a, onua a ɔbɛyɛ Bible mu nsɛntitiriw no remfa n’asɛm no nnyina “All Scripture” nhoma no so bio. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsi nyɛ wɔn dwumadi no, wɔmma mmuae bere a wɔreyɛ Bible mu nsɛntitiriw no, na wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no mu a wɔde ma dapɛn biara no nyɛ adwuma.
15 min: “Sɛnea Yesiesie Nnianim Nsɛm Ma Etu Mpɔn.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien mfa nkyerɛ sɛnea yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma. Ɔyɛkyerɛ no mu biako nnianim asɛm nntu pɔn, na biako tu mpɔn.
Dwom 60 ne Mpaebɔ