So Tumi A Kristoman Mu Asɔre Horow Wɔ No Refi Wɔn Nsa?
(Efi Brazil “Nyan!” Kyerɛwfo Hɔ)
KRISTOMAN mu asɔre horow no a yɛbɛgyene yɛn ani ahwɛ wɔn yiye no da ahemman bi a ɛrebubu gu hɔ adi. Mfehaha bi a atwam no, na Asɔre bi a ɛwɔ tumi kɛse di wiase no fa a ɛsõ so. Ɛno na afei Ɔsesɛw Foforo no bae, na tumi no mu paee. Mfirihyia Aduasa Ko no akyi no, Westphalia asomdwoe apam a wɔyɛe wɔ afe 1648 mu no twaa nkɛntɛnso a Katolek Asɔre no wɔ no so.
France ɔman Anidan no nso de bere a wɔde sɔre tia Asɔre nniso nso bae. Ankyɛ koraa na akuw horow a wɔhwehwɛ ahofadi sɔree wɔ baabiara. Nea edii akyi bae ntɛmntɛm nso ne nkɔso wɔ mfiridwuma mu, adannandi nkyerɛkyerɛ a wɔbɔ tirim ka, nneɛma ahorow a wɔkasa tia, nnɛ bere yi mu nsɛm ne honam fam nneɛma akyidi.
Wiase Nyinaa Ko I pae sii wiase no mu te sɛ anyinam ahoɔden tumi bi. Ortodɔks Asɔre a ɛwɔ Rusia no bubui wɔ Bolshevik nniso no ntua ase. Komunist, nniso no hyɛɛ aman horow so, a na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛpopa ɔsom a wɔfrɛ no “awuduru a ekum nnipa adwene” no afi hɔ. Esiane eyinom nyinaa nti, Paapa John Paul II bisaa nsɛm yi nnansa yi sɛ: “Dɛn na yɛn Awurade bɛma aba n’Asɔre no so wɔ mfe a ɛreba no mu? Ɔkwan bɛn na Adesamma bɛfa so bere a wɔrebɛn afe a ɛto so 2,000 no? Eyinom yɛ nsemmisa a ɛho hia, na mmuae biako pɛ a ɛwɔ hɔ ne sɛ: ‘Onyankopɔn na onim.’”
Onyankopɔn na onim. Ɛyɛ ampa Asɔre horow no a yɛbɛgyene yɛn ani ahwɛ wɔn yiye wɔ wiase afanan nyinaa no bɛyɛ nea anigye wom, na ebia ebeyi biribi nso adi.
AFRIKA
Nigeria:
Presbyteria sɔfo James Ukaigbu dii awerɛhow wɔ nokware a ɛyɛ sɛ “ɛnnɛ, ɛte sɛ nea asɔre no nhu sɛnea ɛte ankasa bio, na ɛte sɛ obi a ɔyare awerɛfiri na ɔrebisa sɛ meyɛ hena na dɛn nti mewɔ ha?”
New Nigeria no kae sɛ: “Nyamesom mu akwankyerɛfo pii mfaa abrabɔ mu gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no nsisii hɔ mmaa wɔn akyidifo no ɛ, nanso wɔbɛhwɛ kwan sɛ asɔre no mufo ankasa de besisi hɔ.”
Nanso, ɔsom a ɛwɔ Nigeria, sɛ́ ɛyɛ Nkramosom, Kristosom anaasɛ amanmufo de oo, ne nyinaa yɛ nea wɔda so di akyi. Nanso sɛ́ ɛyɛ abrabɔ anaasɛ ntetee ho tumi no de, nkɛntɛnso a ɛte sɛɛ no refi asɔre no nsa: Awudi ne ahohwibɔ na ɛredɔɔso. Asɔre horow no de wɔn ho hyɛɛ ɔko a ɛbaa ɔman no mu no mu, na ɔko no akyi pɛɛ no nniso no gyee sukuu ahorow a na asɔre no hwɛ so no fii wɔn nsam. Nea ɛka ho bio no honam fam nneɛma ne adannandi ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ so wɔ ntoaso ne sukuupɔn ahorow mu no ama nnipa no mu dodow no ara ayɛ wɔn a wɔn ani nnye ɔsom ho bio.
South Afrika:
Dr. Jan Karel Coetzee, ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Pretoria sukuupɔn no mu no yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Dutch Reformed Church no mufo mu. Wɔn a obisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem 28 kae sɛ wonnye nni sɛ onipa nyaa bɔne fii awo mu, ɔha mu nkyem 19 adwenem yɛ wɔn naa wɔ adebɔ ho asɛm no ho, na ɔha mu nkyem 23.8 nso adwenem yɛ wɔn naa wɔ asɛm a ɛfa Adam ne Hawa ho no ho. Ɛkame ayɛ sɛ ɔha mu nkyem 70 gye di sɛ wobetumi akwati Kristo Yesu anya nkwa.
ASIA
Hong Kong:
Hong Kong nsɛmma nhoma Asiaweek no daa Apueifo adwene adi bere a ɛkae sɛ: “Atɔefam asɔfo ahyira nniso no ɔtopae ahorow so. Latin Amerika Agyanom a wɔyɛ asɔfo a wɔn ti nhwi atenten no nso atotow Komunistfo [ɔtopae] ahorow. N’ahonyade betumi ayɛ Roma Asɔre no ade titiriw a edi no awu a ɛda adi. . . . Nnipa a wodi ohia, wɔtete afie ahorow a asɛesɛe mu na wɔn ade yɛ mmɔbɔ mu na n’asɔredan atenten a ɛyɛ fɛ no sisi. Katolek Asɔre no agyina mmusua mu akodi ahorow akyi wɔ aman horow pii abakɔsɛm mu, na wɔtaa de nneɛma a ɛbɛma nnipa no ho atɔ wɔn kakra wɔ asetra yi mu no bɔ afɔre ma ade a wonnim a wɔkyerɛ sɛ ɛma akra nya anigye wɔ wiase a edi hɔ no mu no. Wɔhyew asɔredan ahorow pii kaa tumidi atirimɔdenfo ahemfi ahorow ho.”
Japan:
Aoyama Gakuin Sukuupɔn a Methodist asɛmpatrɛwfo hyehyɛe wɔ Tokyo no sii gyinae sɛ wobetwa nyamekyerɛ ho adesua a wɔde ma no mu afe 1978 mu efisɛ nnipa pii mma bio, na afei nso wɔrebɔ ka. Ade biako a ɛda adi a wohu wɔ apuei fam ne nokware a ɛyɛ sɛ Budhasom nso resɛe te sɛ nea Atɔe Fam asɔre horow no nso reyɛ no ara pɛ.
AUSTRALIA
Wɔ saa asase kɛse ne ɔman a nnipa bɛyɛ sɛ ɔpepem 13.5 na wɔwom mu no, efi 1966 reba yi, Roma Katolek Asɔre no ahwere mmea asɔfo 2,000 ne “anyamesom mu anuanom” ne asɔfo 400.
Amanneɛbɔ bi a efi Melbourne kyerɛ sɛ ensii Protestantfo no yiye biara ɛ: “Australia Protestant asɔfo anum biara mu biako, sɛnea mpɛɛpɛɛmu a asɔre no yɛe kyerɛ no, adwenem yɛ no naa wɔ wɔ a Onyankopɔn ne ɔsoro wɔ hɔ no ho. Mpɛɛpɛɛmu no kyerɛe sɛ Protestant asɔrefo mu nkyem abiɛsa mu biako adwenem yɛ wɔn naa wɔ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho.”
EUROPA
Engiresi Aburokyiri:
Wɔ July 1978 mu no Canterbury Sɔfo Panyin no ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ahanan wɔ Lambeth nhyiam no ase sɛ: “Onyankopɔn mfa mfiri yɛn. Yɛrempene so; sɛ yɛpene so a ɛbɛhaw yɛn asafo ahorow no. Nanso yɛagyae asɛmtie na yɛawuwu honhom mu. Ɛwom sɛ yɛda yɛn ho adi na yedi akɔneaba.” Asɔfo no dodow rekɔ fam.
The Times nsɛmma nhoma no ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Nea ɛrehaw asɔre horow a wɔn mufo dɔɔso no ne wɔn mufo pii a wɔregyae asɔre no ne sikasɛm mu ahokyere a emu yɛ den, nanso nea ɛhaw wɔn titiriw ne mpaapaemu kɛse a ɛte sɛ nea abɛda Asɔre no ne mmerante ne mmabaa ntam no.”
France:
Wɔkyerɛw asɛm bi a Monsignor Gabriel Matagrin, Grenoble ɔsɔfo panyin no kae no wɔ nhoma L’Eglise dechiree (Asɔre a Emu Apae) a Alain Woodrow kyerɛwee wɔ 1978 mu no mu, sɛ ɔkae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ Asɔre no refa ɔhaw bere mu. Ɔsom ho adeyɛ reba fam. Wɔn a wɔabɔ wɔn asu na wɔasua asɔre nkyerɛkyerɛ no dodow so ahuan, na asɔfo no nso resa na ɔsom mu nhyehyɛe horow no nso yɛ nea wɔregyaa mu.”
Ɔsɔfo Bernard Bro kae wɔ Notre Dame asɔredan mu wɔ Yesu amanehunu bere mu sɛ: “Wɔn a wɔyɛ mpɛɛpɛɛmu kyerɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Katolekfo ankasa [wɔ France] no dodow bɛba fam afi ɔha mu nkyem 16 abesi ɔha mu nkyem 7. Wɔ me fam de, mikura nhwɛso a Kusuu Fam aman de kyerɛkyerɛɛ me no mu sɛ ebetumi aba fam ara de abesi ɔha mu nkyem 1. Ebedu mfirihyia aduasa no na asɔre no nni hɔ bio.”
Germane:
Bere a atesɛm krataa Suddeutsche Zeitung rebɔ amanneɛ afa akyinnye bi a wogyei wɔ Katolek nhyiam ase ho no ɛkae sɛ: “Ɛte sɛ nea Asɔre no ne ne nhyehyɛe ahorow no nnim biribiara a ɛfa nnɛ bere mu onipa anidaso ahorow ho, na ɛka akyi bere nyinaa. Ɛte sɛ nea ɔnte nea nnipa hwehwɛ ne nea wɔn ahiade ankasa yɛ no ase.”
Adanse a ebubu obi a ɛma wohu sɛnea asɔre horow no tumi refi wɔn nsam wɔ Germane no ne mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ nsɛmma nhoma Bunte no mu no: “Germanfo a wɔn mfe mmoroo mfirihyia 35 no mu ɔha mu nkyem 17 na wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.”
Greece:
De besi nnansa yi ara no na Greek Ortodɔks Asɔre no wɔ tumi kɛse. Afei de wɔrekasa tia ne nneyɛe ne ne botae ahorow no denneennen. Athens atesɛm krataa To Vima, no kae sɛ: “Ɛnnɛ Asɔre no, a ɛkyerɛ sɛ asɔfo no, titiriw asɔfo mpanyin no taa yɛ kuw a aniwude ahyɛ mu ma, nkwaseasɛm ne nneyɛe a nyansa nnim fibea. Ayɛ saa ara ma de besi mprempren yi, Greekfo mu titiriw ara bu asɔfo no sɛ wɔnyɛ honhom mu nhyehyɛe bi a wɔfata obu, na mmom sɛ́ nnipa a wɔhwanyan nkurɔfo mu ma wɔyɛ aniwude, wɔyɛ katee na wosisi nkurɔfo, a sɛ́ ‘wɔbɛkyerɛ wɔn nguankuw no kwan mmom no,’ wɔde nsɛnhunu a nyansa nnim daadaa wɔn nguankuw a wɔn nneyɛe nyɛ wɔn abofono no.”
Turkey:
“‘Roma Foforo’ no agya panyin ne ɔsɔfo panyin” no te tete Contantinople, wɔ Bosporus agya, efi Greece reba. Demetrios I ne Ortodɔks asɔre no mufo a wɔn dodow yɛ ɔpepem 85 wɔ wiase nyinaa no kwankyerɛfo wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Time nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Nanso sɛ Ɔkronkronni Demetrios I sɔre Kwasida wɔ St. George Asɔredan mu wɔ Istanbul a, nea nkyɛnerɛ akɛse a ɛsensɛn Asɔredan no mu no akanea no hyerɛn gu so ne nkongua a obiara nte so. Wɔn a wohu wɔn sɛ asafo no mufo no yɛ asɔrefo kakraa bi a wɔn mu titiriw yɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ mfe mu. Saa beae a na kan no wofi hɔ di tumi kɛse a ɛyɛ Kristofo wiase no fa no ti no rewu.”
Italia:
Ɔsɔfo Panyin Pintonello kae wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Paapa Paul VI no mu sɛ: “Asɔfodi sukuu ahorow no, sɛnea obiara nim no, asakra, na wofi hɔ sua kyiri-nyame anaa Onyankopɔn mu gyidi a enni hɔ, na eyi anya asɔfo a wɔyɛ mmerante no mu ɔha mu nkyem 90 gyidi so nkɛntɛnso dedaw.” Atesɛm krataa La Difesa del Popolo kaa asɛm faa asɔfo no ho sɛ: “Afe 1871 mu no na asɔfo a wɔwɔ Italia no dodow yɛ 152,000, . . . Afe 1973 mu no na wɔn dodow yɛ 47,000. Nanso ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ Italia man no mu nnipa dodow no kɔɔ anim fii ɔpepem 27 kosii ɔpepem 54.”
Portugal:
Afe 1977 mu no nsɛmma nhoma Opcao kae sɛ: “Sɛnea tebea no abɛyɛ no ama asɔfo no mu binom te nka sɛ wɔyɛ nnipakuw a wɔn ase retɔre no mufo a aka. Asɔfo yi mu dodow no ara yɛ asɔre Kwasida, na wɔkɔ sukuupɔn mu adesua wɔ dapɛn no mu, anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛ honam fam nnwuma horow mu. Wosuro sɛ ebia ɛrenkyɛ na ebehia sɛ wosi gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ asetra foforo akyi kwan.”
Easter Kwasida, afe 1978 mu na Lisbon Sɔfo Panyin no kaa asɛm faa Portukiifo bɔne ho, nanso atesɛm krataa Opcao kyerɛe sɛ Katolek Asɔre no mfaa ne ho nnii wɔ amammui mu ɛ. Saa bɔne ahorow a aba pii wɔ sodifo tirimɔdenfo Salazar bere mu no fi wɔn.
Spania:
Nsakrae akɛse aba wɔ ɔsom mu atetesɛm ahorow mu. Mfe kakraa a atwam no na Holy Week anaa dapɛn kronkron no yɛ ɔsom mu guasodeyɛ bi a nnipa pii di akyi. Afei de ɛyɛ bere a nnipa dodow no ara a wɔwɔ nkurow akɛse mu no fi kɔ mmepɔw so kogye wɔn ani. Afei nso wɔ Spania no asuafo kakraa bi pɛ na aka wɔ asɔfodi kuw ahorow no mu. Nea ɛma tebea no sɛe koraa ne dodow a wofi asɔfodi no ne asɔfofie ahorow mu kɔ no.
Sweden:
Asɔre no nni nnipa a wɔwɔ Sweden no asetra so nkɛntɛnso kɛse biara. Sɛ wɔkyekyem a, Swissni biara kɔ asɔre a ennu mprɛnsa afe biara. Obi a ɔka eyi ho asɛm no kae sɛ: “Ne nyinaa akyi no, ɛkame ayɛ sɛ Swissni pɛ n’asɔre, na ɔpɛ sɛ otua biribiara a wobegye no na ɔde atra mu, ɛwom sɛ ɔnkɔ asɔre de.”
AMERIKA AMAN AHOROW
U.S. Amerika:
Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ bi wɔ nsɛmma nhoma no anim sɛ, “Episkopal Asɔre no ayera emuni biako simma 15 biara wɔ mfirihyia du a atwam no mu.” Mpaapaemu baa asɔre no mu wɔ mmea a wɔbɛfa wɔn sɛ asɔfo no ho. January, afe 1978 mu no wɔhyɛɛ asɔfo mpanyin afoforo anan maa “North Amerika Anglikan Asɔre” foforo no. Wɔn mu biako kae sɛ Episkopal Asɔre no mu tra te sɛ “wode w’ano abutuw efunu ano a worehuw mframa agu no mu de anyan no.”
Rabbi Alvin J. Reines kae sɛ “Amerika Yudasom wɔ ɔhaw kɛse mu.” Sɛnea Times nsɛmma nhoma no kae no, “wogye di yiye sɛ ennu afe 2100 no, na wɔn a wɔwɔ Yudasom mu wɔ Amerika a mprempren wɔyɛ 5,800,000 no dodow aba fam araa ma abedu nea ennu 1,000,000—nea ɛho nhia mpo sɛ wobu ho akontaa.” Reines kae sɛ “Amerika Yudafo mpene Yudasom mu nkyerɛkyerɛ no so. Na sɛ ɔsom nni hɔ a, Yudafo bɛyera.”
Ɛte sɛ nea asɛmpatrɛw adwuma rekɔ so bere a anyamesom ahorow a akyɛ no ntumi mma nnipa nea wɔhwehwɛ. Nanso, nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Human Behavior no bɔɔ amanneɛ sɛ nea wohu wɔ Billy Graham asɛmpatrɛw mu no nyɛ nea ehia no nyinaa. Wɔtaa ka sɛ nnipa dodow a wɔtaa sɔre begyina asɛmpatrɛwfo no anim sɛ wɔagye adi no yɛ wɔn a wɔhyɛ da di kan paw wɔn sie sɛ wɔnyɛ saa “na ama nkurɔfo agye adi sɛ nnipa no fi wɔn pɛ mu de wɔn ho ama.”
Nnansa yi mpɛɛpɛemu a wɔyɛe no daa no adi sɛ mmerante ne mmabaa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem 25 pɛ na wɔkae sɛ wɔwɔ awerɛhyem wɔ ɔsom mu. Nsɛm a pii kae ne sɛ: “Kyakyatow, ne adidi ne nsɛm a wɔka a ɛnyɛ dɛ—eyinom ne nea Asɔre no yɛ,” na “asɔrekɔfo no nnim hwee wɔ honhom nsɛm ho.” Wɔn mu pii kaa sɛnea Asɔre no ne asɔrekɔfo no yɛ nyaatwom fa no ho asɛm ne nokware a ɛyɛ sɛ asɔre horow no nkyerɛkyerɛ biribi mfa Onyankopɔn anaasɛ Bible no ho.
Brazil:
Nea na wɔntee bi da wɔ tete hɔ ne sɛ, “afei de Brazil atwa asɛmpatrɛwfo a wofi amannɔne ba hɔ, sɛ́ wɔyɛ Roma Katolek anaasɛ Protestant asɛmpatrɛwfo no dodow so.” (Arkansas Gazette) Nanso so Brazil de asɔfo a ehia no no ma anaa? Ɔman no mu nnipa dodow no akɔ anim nanso ɛnte saa wɔ asɔfo no fam. Wɔ nokwarem no, atesɛm krataa O Estado de S. Paulo kae sɛ “efi afe 1968 mu reba no anyamesom asɔfo no dodow so fii ase huanee nkakrankakra.”
Nkɛntɛnso a Katolek som no wɔ wɔ nkurɔfo so a ɛrewu no nso da adi wɔ su horow a nnipa kura wɔ asetra ho no mu. Sau Paulo sukuupɔn no mu mpɛɛpɛɛmufo bi hui sɛ mmea baanu biara mu obiako fa akwan horow so siw awo ano, ɛwom sɛ Asɔre no abara eyi yɛ de. Brazil Herald atesɛm krataa no asɛmti bi de asɛm no baa awiei sɛ: “Asɔre no a ɛwɔ Brazil no: Ɛyɛ kanea a adum.”
Ebia na asɔre a wowɔ mu no nhyia ɔhaw horow a ɛte sɛ Kristoman mu asɔre horow no de no. Ebia na ɛrenya nkɔso, ma nnipa pii ba asɔre na mowɔ ɔsɔfo a mo ani gye sɛ mubetie no na mo ne no ayɛ adwuma. Nanso, nsonsonee betumi aba susuw a yebesusuw sɛ nea yɛreyɛ teɛ ne sɛ ɛteɛ ankasa no ntam, na wotu nokware Kristofo mpo fo sɛ “monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ.”—2 Kor. 13:5.
Bere a Yesu wɔ asase so no ɔkyerɛe sɛ Yudafo som ahorow a na ɛwɔ hɔ saa bere no nsom Onyankopɔn, na tete Kristofo asafo ahorow no mu binom nso antumi anni nkonim wɔ sɔhwɛ horow no binom mu. Sɔhwɛ horow a Onyankopɔn asɔrefo no mu binom antumi anni mu nkonim no binom ni, na nnipa nkorɛnkorɛ ne asɔre horow no da so ara di huammɔ wɔ eyi mu nnɛ. Bere a yɛrepɛɛpɛɛ nsɛm kakraa a yɛahyehyɛ yi mu binom mu no, momma yɛn ankasa mpɛɛpɛɛ yɛn ho mu no yɛn asafo ahorow a yɛde yɛn ho ahyehyɛ mu no nso mu binom mu nhwɛ.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Asɔfo no mu binom te nka sɛ wɔyɛ nnipakuw a wɔn ase rebrɛ no mufo a aka”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Episkopal Asɔre no mu tra te sɛ ‘wode w’ano abutuw efunu ano a wɔrehuw mframa agu efunu no mu de anyan no”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“Asɔre a ɛwɔ Brazil no: Ɛyɛ kanea a adum”
[Kratafa 8 adaka]
NA W’ASƆRE NO NSO Ɛ?
Anyamesom mu Atetesɛm Anaasɛ Nimdeɛ a Edi Mu?
“Na wɔsɔre me kwa, na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.” “Wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu.”—Marko 7:7; Rom. 10:2
Onyankopɔn Asɛm no Yɛfo, Anaasɛ Ano Som, Anaa Guasodeyɛ Ara Kwa?
“Na monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nsisi mo ho.” “Gyidi a nnwuma nni mu awu.” “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.”—Yak. 1:22; 2:26; Mat. 7:21.
Abodin Ahorow a Wɔde Dɛfɛdɛfɛ Anaa?
“Na wɔpɛ mpanyin trabea . . . ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi! . . . Na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.”—Mat. 23:6-9
Animhwɛ ne Nyiyim?
“Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne.” “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.”—Yak. 2:9; Aso. 10:34.
Honhom Mufo?
“Anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufo Ahoɔyaw ne kunsunkunsun ne mpaapaemu wɔ mo mu.” “Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.”—1 Kor. 3:1-3; Gal. 5:22, 23.
Wɔn a Woyi Onyankopɔn ne Kristo Ayɛ wɔ Baguam Anaa?
“[Mommɔ] Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” “Monyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.” “Na moayɛ [Yesu Kristo] m’adansefo de akɔpem asase ano nohɔ.”—Heb. 13:15; Mat. 28:19, 20; Aso. 1:8.
Wɔdɔ Nyankopɔn?
“Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”—1 Yoh. 5:3.
Wogye Nyankopɔn Di?
“Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn nni hɔ.”—Dw. 14:1.
Kristo ne Agyede No?
“Nkwagye nni obiara mu [gye Kristo].”—Aso. 4:12
Wɔdɔ wɔn Yɔnko?
“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne.” “Enti ade a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Rom. 13:9, 10; Mat. 7:12.
Wɔwɔ Ɔdɔ wɔ Wɔn Mu Anaa?
“Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yoh. 13:35.
So Wɔdɔ Wiase?
“Munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn?” “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni no mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—Yak. 4:4; 1 Yoh. 2:15-17.