Nyamesom mu Nsɛnnennen wɔ Netherlands
Efi Netherlands Nyan! kyerɛwfo hɔ
“SO ƆSƆFO a otwa to no bedunnum akanea no?” Wodi anifere kwan so fɛw yi wɔ Netherlands nkokorafi ahorow mu. Wotumi hu sɛ bere bi bɛba a ɔkokorani anaa ɔsɔfo a otwa to koraa no befi nkokorafi a wɔda so ara yɛ adwuma wom no mu ma ada mpan wɔ saa ɔman no mu. Wɔka kyerɛ no sɛ ɔnhwɛ na wannyaw akanea no ansi so wɔ ɔdan a wɔagyae mu adwumayɛ no mu! So biribi a ɛte saa betumi asi ankasa? So asɔfo ne wɔn asɔremma reyɛ asa wɔ Netherlands?
Asɔfodi a Wogyae
Katolek Asɔre no asɔfo so tew afe biara. Efi 1968 besi 1978 no, asɔfo no so tewee ɔha biara mu nkyem 27.2, na eyi akɔ so fi saa bere no de abesi nnɛ. Dɛn ntia? Ade biako a wɔaka ho asɛm ne hyɛ a wɔhyɛ wɔn sɛ wonni sigya no. Wɔ 1970 mu no, National Pastoral Council no sii gyinae sɛ “ɛsɛ sɛ wogu sigyadi a wɔhwehwɛ sɛ obi de yɛ n’adwuma sɛ ɔsomfo no.” Netherlands asɔfo mpanyin tee nka sɛ, sɛ asɔfo a wɔyɛ awarefo tumi som gyidifo a, wobetumi anya mu mfaso mpo. Nanso, Paapa Paul VI, pow nsusuwii no anibere so. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne ade biako nti a asɔfo bɛboro 2,000 gyaee asɔfodi fi 1980 mfiase hɔ na wɔn a wɔrebedi asɔfo dodow so tewee no.
Bere a wɔreka asɔfo a wɔn so retew wɔ Netherlands ho asɛm no, Cardinal Alfrink a waka baabi no kaee bere bi a paapa no nanmusifo bi a ogyina ɔsɔfopɔn no aboboano rehwɛ asɔfo sukuu bi teɛm bisaa nea enti a asɔfo mpanyin no atoto adan fɛfɛ a ɛtete sɛɛ mu no. Ɔsɔfopɔn no buae sɛ: “Ɛda adi sɛ wonte ase. Asɔfo mpanyin no antoto asɔfo sukuu biara mu; wɔtotoo apon no mu kɛkɛ bere a adesuafo no kɔe akyi.” Ɛnyɛ asɔfo no nko na wɔregyae asɔre no wɔ Netherlands na mmom wɔn asɔremma nso.
Na eyi nyɛ ade foforo. Nnipa a wɔkan wɔn wɔ 1879 mu kyerɛe sɛ na ɔmanfo a wɔnkɔ asɔre biara no nnu ɔha biara mu nkyem 1. Ebeduu 1920 no, na ɔmanfo bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 8 na wɔnkɔ asɔre biara. Wɔ 1930 mu no, wɔn dodow duu ɔha biara mu nkyem 14.4. Ebeduu 1982 no, na adu ɔha biara mu nkyem 42, na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ara daa no adi sɛ Netherlandsfo a wɔnyɛ asɔre biara mufo no boro ɔha biara mu nkyem 51.
“Nsukyenee Bere” ma Asɔre No
Nea ɛyɛ nwonwa kɛse sen asɔremma a wɔn so atew mpo ne wɔn a wɔyɛ asɔre bi mufo a wɔnkɔ asɔre no. Wɔ 1988 mu no, atesɛm krataa De Telegraaf de “Nsukyenee Bere Aba Ama Asɔre No” yɛɛ n’asɛmti. Atesɛm krataa no kae sɛ: “Sɛ wobubu asɔredan bi gu a, ɛnyɛ obiara nwonwa bio. Wɔn a wɔkɔ asɔre no so retew wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Ɛnyɛ Katoleksom nkutoo mu na eyi rekɔ so na mmom Reformed ne Calvin asɔre no mu nso. Sɛ wɔkɔ so gyae asɔre saa a, obiara renkɔ asɔre bio wɔ awo ntoatoaso kakraa bi ntam”
Atesɛm krataa no kɔɔ so kae sɛ wɔregyae Katolek asɔre no sen asɔre biara. Ɛkae sɛ wɔ 1965 mu no, na Netherlands Katolekfo nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 60 da so kɔ Mass. Dodow yi so tew baa ɔha biara mu nkyem 28 wɔ 1975 mu. Wɔn so atew wɔ nnansa yi mfe yi mu abedu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 16.
Wɔn a wɔkɔ asɔre a wɔn so atew no anya asɔre adan so nkɛntɛnso bi, wɔtotom bere a asɔremma a wɔn so atew kɛse no ntumi ntua ɛho ka bio no. Enti, wɔabubu asɔre adan pii agu anaasɛ wɔatɔn ma wɔde yɛ nneɛma afoforo. Nnipa kakraa bi na sɛ nnɛ wɔkɔ asɔredan bi mu na wohu sɛ wɔde di dwuma sɛ tete nneɛma akorae, beae a wɔtɔn baesekre, agumadidan, kɔnsɛt dan, nhwiren tɔnbea, adidibea, anaasɛ afie a, ɛyɛ wɔ nwonwa.
Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nyamesom akannifo nni daakye ho anidaso bi. Bere a Paapa John Paul II kɔɔ Netherlands no, ɔsɔfo panyin bi kae sɛ: “Paapa kɔsraa afunu, anaaanyɛ yiye koraa no ɔyarefo bi a owuyare abɔ no a osusuw sɛ ɔda so ara te nkwa mu.”
Nea Enti a Wofi Asɔre no Mu
Nneɛma afoforo nso ma asɔremma gyae asɔre ntɛmntɛm. Biako ne obu a wonni mma tumidi. Nnipa mpɛ sɛ wogye nneɛma tom kɛkɛ bio esiane sɛ obi a ɔwɔ tumi ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa nti. Nea ɛne eyi wɔ abusuabɔ ne ankorankoro ahofadi a wosi so dua. Nkurɔfo pɛ sɛ wosi nea wobegye adi ne sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade ho gyinae ma wɔn ho nnɛ.
Wɔka sɛ nneɛma afoforo abien a ɛka ho ne nsɛm ho amanneɛbɔ nkɛntɛnso ne nnɛyi su a ɛmma wonnya ahyehyɛde ahorow mu ahotoso no. Wɔte nka nso sɛ ahyehyɛde a ase atim no siw ahofadi ne ankorankoro adeyɛ kwan. Bio nso, sɛ nnipa da so ara pɛ nyamesom mpo a, tebea horow betumi ama wɔagyae wɔn asɔre. Sɛ nhwɛso no, asɔremma a wɔpɛ wɔn asɔre tete nkyerɛkyerɛ no ho nteɛ wɔn wɔ asɔre a ɔsomfo anaa ɔsɔfo a ɔpene nsakrae so yɛ no ho. Na asɔrekɔfo a wokura nnɛɛmmafo adwene ntumi ntra asɔre ahorow a wokura tete nkyerɛkyerɛ mu no mu.
Wɔ Protestantfo mu no, Calvin Asɔre no agye din sɛ ekura tete abrabɔ a ne bere atwam no mu. Enti, ɛyɛɛ nnipa pii nwonwa bere a Netherlands Calvinist Synod no hyɛe wɔ 1979 mu sɛ ɛhɔ asɔre ahorow no mma nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da mmra asɔre no adidi kronkron ne ɔsom no mu no. Wɔ 1988 mu no, amanaman ntam Calvinistic Ecumenical Synod ka kyerɛɛ Calvinfo a wɔwɔ Netherlands no sɛ wɔnsan nsusuw asɛm no ho bio, nanso asɔre no mpanyimfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ wontumi nsakra gyinaesi no. Wɔ 1989 mu no, Dutch Reformed Church asɔfo bagua no nso tow aba de pow nteɛso biara a wɔde bɛma wɔn a wokura bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da no. Susuw sɛnea Protestantfo a “wokura tetefo adwene” tee nka bere a Calvinfo sɔfo bia ɔne mmarima da no kae wɔ asɔredan mu sɛ “nna a wɔn a wokura bɔbeasu koro de wɔn ho hyem no yɛ Onyankopɔn akyɛde; na Onyankopɔn dɔ wɔn a wokura bɔbeasu koro a wɔne ho da no nso” ho!
So Kristosom Begu?
Esiane nneɛma a yɛaka ho asɛm yi ne afoforo pii nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ nnipadɔm pii regyae asɔre ahorow no wɔ Netherlands ne aman afoforo pii mu no? Nokwarem no, nnipa a wosusuw nsɛm ho de aba awiei sɛ ɛbɛyɛ sɛ nokware Kristosom nni baabiara. So Kristosom begu koraa da bi?
Bible no kaa mmoa a wɔmfa mma Kristoman ne nyamesom a aka no bio wɔ yɛn nna yi mu ho asɛm too hɔ. (Adiyisɛm 16:12; 17:15) Ehu siei nso sɛ ebinom bɛpow atoro som a ɛnyɛ akomatɔyam a wonni anaa abasamtu nti na mmom atirimpɔw pa bi nti. Bible no hyɛ wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ [ɔbea no] nnebɔne no bi.” (Adiyisɛm 18:4) ‘Ɔbea’ a wɔka ne ho asɛm no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so nyamesom mu aguaman, “Babilon Kɛse,” a ɛyɛ wiase nyamesom nyinaa, a nnɛyi Kristoman mu de ka ho. “Me man” no ne wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no a wofi Babilon Kɛse no mu esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn sɛnea Yesu kyerɛe no nti. Kristoman ayera afi nokware Kristosom ho akɔ akyiri araa ma ɛsɛ sɛ nnipa anokwafo fi mu na wɔatumi asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.
Nokware Kristosom wɔ hɔ na ɛrenya nkɔso wɔ Netherlands ne wiase nyinaa. Wɔ Yehowa Adansefo sintɔ nyinaa akyi no, wɔredi Kristo nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe akyi. Wɔnhwɛ kwan kɛkɛ sɛ wubegye nea wɔka no atom. Dɛn nti na womfa Bible nhwehwɛ Adansefo no gyidi ahorow mu na w’ankasa wunhu. Sua sɛnea Yesu asomafo no Kristosom ne Kristoman nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe wɔ mfehaha pii mu no bɔ abira fi Onyankopɔn Asɛm no mu. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no, eyi de mfaso horow bɛbrɛ wo wɔ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no” mu.—1 Timoteo 4:8.
[Pictures on page 10, 11]
Wɔde Europa asɔre adan pii reyɛ honam fam nnwuma mprempren. Kratafa 10: Ɔdan a wosiesie kar wom wɔ Netherlands. Kratafa 11: Mmarimaa agodibea, ne asɔredan a wɔagyae mu kɔ wɔ Penygraig, Wales