Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 6/8 kr. 5-6
  • Adwennwene—Nnɛ Bere Mu Nsanyare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwennwene—Nnɛ Bere Mu Nsanyare
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsanyare a Ekum Nnipa
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
    Nyan!—1981
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
    Nyan!—1998
  • Ahotɔ A Wobenya Wɔ Nhyɛso Mu—Mprempren Ne Afei De Kosi Daa
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 6/8 kr. 5-6

Adwennwene​—Nnɛ Bere Mu Nsanyare

SO ASAN wo?

Sɛ ɛnte saa a ɛnde anka ɛbɛyɛ nwonwa, efisɛ ɛyɛ wiase nyinaa nsanyare. Dr. Denton A. Cooley a wagye din sɛ komayare ho oduruyɛfo no aka sɛ ɔhaw no yɛ nea “ɛka ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔwɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no.”

Nanso saa “nsanyare” yi nyɛ nea wubetumi de nnuru horow asa anaasɛ wobɛma wɔayɛ wo opirehyɛn atwa afi hɔ. Na saa nso na nnufa nso ntumi nsa eyi.

Wɔde adwennwene anaa nhyɛso too ɔyare ano mmoawa bi a wɔn ho yɛ hu a asan nnɛ bere mu nnipa no ho. Ebia na woahyɛ ɔyare yi ho sɛnkyerɛnne no nsow, na ebia asan wo​—sɛnea wo yafunu mu haw wo no. Tipae a ɛyɛ yaw a asetra mu nhyɛso horow de ba. Nkate a wunya sɛ ‘worebewu,’ efisɛ ‘wuntumi nnyina ano bio.’ Ɔbrɛ nka a wote bere nyinaa.

South Africa nsɛmma nhoma “To The Point” kae sɛ: ‘Efi afeha a ɛto so 14 no mfinimfini rekɔ na saa nsanyare yi’ bɔ faa Europa, kum nnipa dodow a wɔwɔ hɔ no mu nkyem anan mu biako, nanso nnɛ, mfirihyia ahansia akyi no Europa ne Atɔe aman no rehyia nsanyare bi a emu yɛ den na ɛsɛe ade kɛse. Nnɛ bere mu nyarewa ahorow no yi wɔn ho adi wɔ akwan horow pii so, nanso ne nyinaa ntini fi bɔre biako: adwennwene anaa nhyɛso. Wɔato no din sɛ “Afeha a Ɛto so Abien yi mu Nipa Kumfo,” na nhyɛso yi fi asetra yi mu nneɛma ho adwennwene.’

Nsanyare a Ekum Nnipa

Nanso so adwennwene anaa nhyɛso yɛ aniberesɛm saa ma ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no “nipa kumfo” anaa? Na ɛsɛ sɛ eyi haw wo, wɔ w’ankasa ne afei w’abusua nti? YIW!

Wɔn a wɔyɛ eyi ho mpɛɛpɛɛmu no ahu sɛ nnɛ bere mu adwennwene anaa nhyɛso a ɛyɛ nsanyare yi de nyarewa ahorow ne owu aba. Na amanneɛbɔ koro no ara a na ɛwɔ “To The Point” no mu no kɔɔ so kae sɛ: “Nipadua mu nyarewa ahorow [a adwennwene anaa nhyɛso de ba] no ma nkurɔfo pii kɔ ayaresabea ahorow na pii wu afe biara​—anyɛ yiye koraa no ɔpepem dudu pii.”

Nnansa yi ara na “The Wall Street Journal” no tintim asɛm bi wɔ ne nkrataa no anim, “Mpɛɛpɛɛmu a Wɔayɛ Kyerɛ sɛ Adwennwene anaa Nhyɛso De Nipadua mu Nyarewa Ahorow Ba.” Amanneɛbɔ no fa kyerɛe sɛ “adwennwene anaa nhyɛso a ɛkyɛ anaasɛ emu yɛ den de nyarewa ahorow brɛ nipadua no, efi ɔhonam ani nyarewa ahorow ne ɔpapu mpo kosi komayare ne samee so.”

Oo, yɛbɛte nka sɛ yɛn honam ani a ɛbɛbobɔ apɔwapɔw anaa nsewa a ebegu yɛn honam ani so no anaasɛ ɔpapu kakraa nyɛ aniberesɛm. Nanso yɛn nyinaa nim sɛ biribi a ɛbɛba a ɛbɛma yɛn komayare anaasɛ samee no yɛ aniberesɛm. Sɛ nyarewa ahorow a ɛyɛ hu yi nkaa yɛn a, ɛda adi sɛ yenim ankorankoro bi a eyi aka wɔn.

Ebinom besusuw sɛ adwennwene anaa nhyɛso ho nsanyare a ɛde nyarewa ahorow ba no ka wɔn a wɔwɔ nnwuma horow a ɛhyɛ wɔn so no nkutoo mu. Sɛ saa na ɛte a, dɛn nti na Dr. Cooley kae sɛ ɛka yɛn nyinaa? Ɛnnɛ, adwennwene ka mmofra ne mpanyin, a nnipa pii a yensusuw sɛ eyi betumi aka wɔn no nso ka ho.

Wɔ asɛm a wɔkyerɛwee “Adwennwene De Mpanyimfo Yare Ma Mmofra,” no mu na Japan​—atesɛm krataa “Daily Yomiuri” no bɔɔ amanneɛ sɛ adwennwene anaa nhyɛso ma mmofra pii dan wɔn a wɔyare samee, wɔwɔ komayare, asikireyare, wɔyɛ akɛse tra so na bere biara wɔabrɛ.

Afei nso mpanyimfo pii a wɔyɛ nnɛ bere mu mmofra ho adwuma no nso rehu amane wɔ adwennwene anaa nhyɛso ho yare nti. Adesua bi a wɔyɛe wɔ Ontario, Canada no kyerɛe sɛ “akyerɛkyerɛfo wu na wɔn mfe so tew bɛyɛ mfirihyia anan kyɛn wɔn a wɔyɛ nnwuma horow no na adwennwene anaa nhyɛso ka nea ɛde eyi ba no ho.” Ɛnanom pii begye eyi adi. Mmofra baanu anaa biako pɛ a wɔwɔ no ma ɛnanom a wɔwɔ hɔ nnɛ no ba nhyɛso kɛse ase ma wɔte abasamtu ne ɔbrɛ nka pii.

Mmofra nso ba asɛm no mu wɔ ɔkwan foforo so. Bere a wɔde mfe pii ayɛ mpɛɛpɛɛmu wɔ Europa ne Canada no, Dr. Dennis Stott kae sɛ: “Adwennwene anaa nhyɛso a ɛba ɔpemfo so​—titiriw adwennwene a efi aware a anigye nnim mu no​—de nipadua mu nyarewa ahorow pii ba te sɛ, adwene ne nkate mu yare a edi mmofra a wɔwɔ awotwaa mu awu no.”​—Toronto Star.

Sɛ wunim nnɛ bere mu adwennwene anaa nhyɛso no yiye mpo​—a wote nka sɛ saa nsanyare yi aka wo ne w’adɔfo dedaw a​—so wubetumi akyerɛkyerɛ nea “adwennwene anaa nhyɛso” yi yɛ ankasa no mu? Nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ wo nipadua so? Na ebia nea ɛbɛyɛ nea ehia wo anaasɛ ɛbɛma w’ani agye ho kɛse no, dɛn na wubetumi ayɛ ankasa na wode agyina adwennwene anaa nhyɛso ano?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena