Cubafo Hwehwɛ Atrae Foforo
WƆ 1980 mfiase no, Cubafo dodow bi a wɔte kar mu kɔhyɛn Peru Ɔman Nanmusifo Atrae hɔ wɔ Havana. Na wɔrehwehwɛ guankɔbea sɛnea ɛbɛyɛ a akyiri yi wobetumi atu afi ɔman no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Cuba aban no bɔɔ dawuru sɛ obi foforo biara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ Peru betumi akɔ.
Edii nnanu no, nnipa bɛboro 10,000 hyɛɛ baabi a ɔman nanmusifo te hɔ mã a na wɔrehwɛ kwan sɛ wobefi Cuba. Adapɛn bi mu no, na asɛm no abɛyɛ nea wɔka wɔ aman horow so bere a wɔmaa ɔpedudu pii kwan sɛ wɔnkɔ no. Bɛyɛ 120,000 kɔɔ Amerika nkutoo.
Cubafo a wɔhwehwɛ guankɔbea no asɛm no nyɛ foforo. Mfe pii ni a nnipa ɔpehaha bebree atu afi hɔ kɔ aman afoforo so. Aman a agye wɔn no bi ne Bolivia, Colombia, Costa Rica, Ecuador, Peru, Spain, Amerika ne Venezuela. Aman afoforo nso akyerɛ sɛ wobegye wɔn a wɔte saa a wɔrehwehwɛ guankɔbea no.
Dɛn Nti Na Wofii Hɔ?
Dɛn nti na saafo yi a wɔreguan apɛ baabi atra yi fii Cuba? Na ntease a wɔde fii hɔ no dɔɔso. Ebinom susuwii sɛ na wobetumi anya asetra pa wɔ ɔman foforo so. Afoforo baa tebea a emu yɛ den mu esiane sɛ na wɔmpene aban a ɛredi so no mmara horow so nti, na ɛno ma woguan fii ɔman no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobekwati ɔhaw a ebedi akyi aba no.
Afei nso, wɔ 1980 mu no, Cuba aban no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛpam bebree a wobu wɔn sɛ ‘wɔmfra no pii afi ɔman no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a nkurɔfo fii ase guanee no, woyiyii mmaratofo fii afiase ahorow na wɔhyɛɛ wɔn de wɔn kɔtratraa aguanfo a wɔrekɔpɛ baabi atra no ahyɛn mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi wɔn afi ɔman no mu.
Afoforo a wobuu wɔn sɛ wɔn ho yɛ hu wɔ amammui kwan so no hyiaa tebea a ɛte saa ara. Ebinom a na wɔyɛ mmarima a wɔne mmarima da a wɔagye din no nso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔkɔe.
Aguanfo Afoforo Bi
Nanso, wɔn a na wɔka aguanfo a wofii Cuba 1980 mu no ho ne nnipa bɛyɛ 3,000 a wɔpam wɔn wɔ biribi foforo bi nti. Atesɛm krataa a wɔfrɛ no News-Times a ɛwɔ York, Nebraska, ka ho asɛm sɛ: “Wɔn a wɔka kuw ahorow a wɔyɛ mmaratofo ne mmarima a wɔne mmarima da a wonim wɔn yiye a wɔwɔ Cubafo no mu ho a wobeduu Amerika ne kuw foforo bi a wonnim wɔn pii a bɔne koro pɛ a wɔyɛe ne sɛ wɔkɔ so som Onyankopɔn wɔ wɔn ankasa kwan so, ɛwom sɛ wɔbaraa wɔn asɔre no mfe anum a atwam ni de.”
News-Times no daa kuw no adi sɛ Yehowa Adansefo. Ɛde kaa ho sɛ: “Yehowa Adansefo ahu amane pɛn wɔ atirimɔden nniso horow ase esiane sɛ wɔampɛ sɛ wɔbɛkɔ ɔko na wɔmmfa wɔn ho nhyehyɛ aban a edi so no nsɛm mu, nneɛma a wɔn gyidi mma wɔnyɛ no nti. Bere a na Hitler di Germane, so no, wɔde Adansefo, ne Yudafo ne afoforo a wɔmpɛ wɔn asɛm kɔhyɛɛ adan a mframa a, enye mma nnipa wɔ mu mu kunkum wɔn.”
Nanso, ná dɛn ne nneɛma pɔtee a, ɛhyɛɛ kuw soronko a mmarima, mmea ne mmofra wɔ mu yi ma wofii Cuba? Tebea horow bɛn na wohyiae? Nneɛma bɛn na wogyawee wɔ wɔn akyi? Wɔ nkratafa ahorow a edidi so no mu no, yɛbɛma Cubafo a woguanee no ankasa abua saa nsemmisa yi bere a wɔka wɔn asɛm no.