Teokrase Nsɛmmansɛmma
Ghana: Wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo 46,838 wɔ June mu. Daa akwampaefo 3,478 a wobuu akontaa no nso yɛ dodow a ɛsen biara.
Cuba: Cuba aban no maa kwan ma Asafo ti no nanmusifo bi kɔsraa Cuba sɛ dantaban sohwɛfo nnansa yi ara. Ɔne amansin ne amantam so ahwɛfo no hyiae. Seesei anuanom bɛyɛ 150 tumi hyiam faako. Wɔn ani sɔ sɛ seesei ahofadi a wɔwɔ no ayɛ kɛse, na afei wobetumi de Betel Fie no adi dwuma sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Cuba no dwumadibea ti bio.