Cuba Aguanfo Ka Wɔn Asɛm
YEHOWA Adansefo a wɔhyɛɛ wɔn sɛ womfi Cuba no mu biako ne José Tunidor. Ɔka nea edi so yi:
“Wɔ December 1978 mu no, polisifo baa me fie, na wɔfaa me kɔe a wɔamma me nkyerɛkyerɛmu biara. Wɔde me ne Yehowa Ɔdansefo foforo a wɔfrɛ no Ernesto Alfonso. koguu afiase. Ná ɔno nso nnim nea enti a wɔde no akɔto no.
“Akyiri yi, wɔde me kɔɔ me fie bio sɛ wɔrekɔhwehwɛ hɔ. Wogyee nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu a na mewɔ no. Wɔfaa me typewriter nso. Mesan kɔɔ afiase hɔ no, mihui sɛ wɔagye Enersto typewriter ne ne nhoma ahorow nso afi ne nsam. Dɛn ntia? Wɔkyerɛe sɛ yenni aman ho dɔ esiane sɛ yegye Bible di na yɛka emu nokware kyerɛ afoforo ara kwa nti. Wɔkyerɛe sɛ yɛn ho yɛ hu, na ɔtemmufo no kyerɛe sɛ wɔmfa yɛn nkogu afiase mfirihyia abiɛsa.”
Wɔde Tunidor kɔtoo afiase wɔ Aguica a ɛbɛn Colón, wɔ Mantazas mansin mu. Ɛhɔ no, ɔyɛɛ adwuma wɔ afiase kosii sɛ woyii no fii hɔ kɔɔ afuw mu sɛ onkotwa ahwerew. Afei woyii no fii ɔman no mu. Wɔde no kɔɔ La Cabãna, afiase bi a agye din wɔ Havana, na ɛno akyi no wɔde no kɔɔ baabi a ɛbɛn Port Mareil, ɛhɔ na wɔde no traa hyɛn bi a na ɛrekɔ Amerika mu.
Ɛwom sɛ wɔhyɛɛ Yehowa Adansefo no mu bebree ma wofii ɔman no mu bere a wɔyɛ nneduafo de, nanso wɔkyeree afoforo wɔ wɔn afi mu twaa wɔn asu. Wɔantumi amfa wɔn agyapade biara anka wɔn ho, na ebinom mpo antumi ankra wɔn abusuafo. Herminio Arryo bɔ amanneɛ sɛ:
“Polisifo baa yɛn fi bɛyɛ ahemanakye nnɔn abiɛsa bere a yɛadeda. Na wokura nkrataa a wɔde tu obi fi ɔman mu na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ yɛn ntade. Wɔde yɛn kɔɔ faako a wodi ahɔho a wɔreba ɔman no mu ho dwuma amonom hɔ ara na wɔhwehwɛɛ yɛn ho sɛ nneɛma bi hyehyɛ yɛn ho anaa. Da no ara bɛyɛ sɛ 6 p.m. no, wɔde yɛn ne nnipa 300 foforo koguu hyɛn ketewa bi mu ma yefii ase sɛ yɛrekɔ Amerika.”
Yehowa Adansefo afoforo bebree nyaa osuahu a ɛtete saa ara, bere a aban no maa nnipa kɔɔ wɔn nkyɛn ɔdasu mu anaasɛ ansa na wɔrekɔda, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔafi ɔman no mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔde ntama a ɛkata wɔn ho anaasɛ atade a ɛhyɛ wɔn nkutoo fi ɔman no mu kɔ. Wogyigyee ayeforohyia nkawa mpo ne nneɛma afoforo fii wɔn nsam.
Ntease wom sɛ aban bi bɛpɛ sɛ oyi nsɛmmɔnedifo ne nnipa a wɔn ho nni mfaso fi hɔ. Nanso ɛho bɛn na ehia sɛ wɔpam Kristofo kuw a wɔyɛ anokwafo yi fi ɔman no mu? Dɛn na ɛde eyi bae?
Ɔsɔretia Fi Ase
Wɔ 1962 mu no, Cuba aban twaa Bible ho nhoma ahorow a Yehowa Adansefo kra fi aman afoforo so no mu. Aban no kyerɛe sɛ nhoma a ɛtete saa no “nye, etutu ɔman ase na ɛde ɔhaw ba.” Nanso, wɔn a wonim Yehowa Adansefo adwuma no nim sɛ eyi ntumi nyɛ nokware. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Cuba yɛ kuw koro no ara a wɔn ho nni asɛm na wodii nokware a wɔwɔ abrabɔ pa ho din pa wɔ wiase nyinaa no mufo.
Nanso ɔsɔretia no kɔɔ anim ara. Luis Alcantur a ɔyɛ aguanfo a wɔwɔ Amerika mprempren no mu biako no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ November 1965 mu no, wɔde ɔtaa kɛse baa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Cuba so, titiriw no, saa bere no, wɔ mmerante a na wɔadu sraadi mfe so no so. Wɔde Kristofo mmerante yi ɔhaha pii koguu nneduaban ahorow akyi, na wɔde wɔn mu dodow no ara kɔɔ Camaguey mpɔtam hɔ.”
Ɛdefa saa mfe a na ɔda afiase no ho no, Alcantur se: “Wɔamma yɛn aduan nnafua 12. Wɔmaa yɛn nsu nkutoo pɛnkoro pɛ da biara. Wɔma yegyinaa owia ne nsu mu, a ntontom ne nwansana tu gu yɛn so. Da a ɛto so 11 no, wɔde yɛn koguu abura bi a nsu ahyɛ mu ma mu.”
Saa bere no na Alcantur adi mfe 19. Na wɔakyere no sɛ odeduani esiane sɛ wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ sraadi mu sɛ obi a n’ahonim mma no kwan nti.
Oguanfo foforo a wɔfrɛ no Alberto Sanchez ka nea wɔde yɛɛ no ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ yɛampɛ sɛ yebegyaa yɛn gyidi mu nti, wɔboroo yɛn, wohwiee nsuonwini guu yɛn so anadwo, na wɔde afurum kɔndua kyekyeree binom kɔn twee wɔn. Bere bi de, wɔde tuo kyerɛɛ me ti na wɔka kyerɛɛ me sɛ mennantew, anyɛ saa a wɔbɛtow. Mpɛn abien na wosiesiee baabi a wobekum yɛn wɔ, na wɔhyɛɛ yɛn ma yegyinaa wɔn anim. Wɔde ahyɛde mpo mae sɛ wɔntow tuo no, nanso wɔantow.
Wɔhyɛɛ Adansefo binom ma wɔtraa asraafo atrae a na mmarima a wɔne mmarima da mmea nna nkutoo na wɔwɔ hɔ. Nanso bere a wɔkasa kyerɛɛ wɔn na wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Kristofo gyinabea a egyina Bible so mu no, wɔde obu maa Adansefo no. Eyi maa asraafo no tan a wɔtan Adansefo no kɔɔ anim mmom.”
Wɔ mmeae afoforo no, wɔyɛɛ Adansefo bebree ayayade kɛse. Wɔmaa ɔkɔm dee wɔn, wɔma wɔdaa adagyaw, wɔmaa ntontom wee wɔn, wɔmaa awɔw dee wɔn anadwo, wɔma wɔtee ankonamyɛ nka, na mpɛn pii na wɔde owu hunahuna wɔn. Wɔde ɔdansefo biako a wɔfrɛ no Ursulo Brito anan sɛn ɔdan mu nsamso so a na ne ti hwɛ fam bere tenten bi.
Ɔsɔretia Yɛ Kɛse
Wɔ 1968 mu no, aban no maa ne sɔretia no mu yɛɛ den. Wɔnam dawurubɔ nkrataa, radio ne television so sɔre tiaa Yehowa Adansefo, na wodii atoro guu wɔn so sɛ wɔyɛ awudifo, ɔman ase tutufo ne atuatewfo. Wɔkekaa nsɛm afoforo pii a ɛmfata guu wɔn so. Enti tebea horow mu bɛyɛɛ den mpo wɔ adwuma mu. Adansefo bebree hweree nnwuma pa a wɔyɛ no na na obiara nni hɔ a wobetumi de wɔn asɛm akɔto n’anim. Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nnwuma a na obiara mpɛ, na wotua wɔn ka ketewaa bi nso.
Wɔrema ɔsɔretia no mu ayɛ den no, aban no hyehyɛɛ mmara foforo a ɛbɛma wɔde agya, ɛnã anaasɛ ɔkyerɛkyerɛfo biara a ɔbɛkyerɛkyerɛ mmofra ade a wɔfrɛɛ no “obu a wonni mma ɔmampɛ nhyehyɛe anaa ɔman nsɛnkyerɛnne ahorow” no akɔto afiase. Yehowa Adansefo nnkyerɛkyerɛ saa obu a ɛnsɛ sɛ wonya no. Mmom ɛdefa obu a wonni ho no, aban no ate ase sɛ nea Bible ka a ɛne sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na sɔre no, na som ɔno nko,” afei nso: “Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho!” no nkyerɛ obu.
Enti wɔde ɛnãnom ne agyanom bebree koguu afiase esiane sɛ wodi afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu a ese, ‘kyerɛ abofra ade a ɛfata ne kwan’ denam nokware som ho nnyinasosɛm ahorow a wɔde bɛhyɛ abofra no mu so no so nti. (Mmeb. 22:6; Efe. 6:4) Sɛ nhwɛso no, Herminio Arryo mmabea mu biako se: “Bere a mmofra no ankyia frankaa no, mfɛfo sukuufo afoforo haw wɔn, na ná akyerɛkyerɛfo taa frɛɛ aban mpanyimfo, na ɛno ma wɔde awofo no koguu afiase efi asram abiɛsa kosi asram asia.”
Afie Mu a Wɔhwehwɛ
Mpɛn pii no, aban mpanyimfo kɔɔ Adansefo afie mpofirim kɔhwehwɛɛ hɔ. Na wɔhwehwɛ biribi atia Adansefo no. Sɛ nhwɛso no, Luis Alcantur ka saa ofie mu nhwehwɛmu yi biako ho asɛm sɛ:
“Wɔ March 30, 1977 no, aban nnipa bi baa me fie bere a na abɔ 5 p.m. Saa bere no na wɔwɔ ɔkwan bi a wɔfa so hyɛn ofie bi mu kɔhwehwɛ hɔ a ɛma wɔn mu bebree tumi ba fie hɔ bere koro mu. Afei wɔn mu biako de biribi te sɛ etuo anaasɛ adubɔne bi to baabi. Wɔn mu biako bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ ade a wabehu wɔ fie hɔ. Saa kwan yi so no, wɔtotoo yɛn ano
“Me fi a wɔhwehwɛe saa da no baa awiei bɛyɛ 11 p.m. Wɔfaa nneɛma pii a wɔpɛ a nneɛma a ɛyɛ m’ankasa me de a ebi ne nea wɔde yi ‘bogyesɛ, ntama ne sika ka ho. Wɔfaa me typewriter ne Bible ho nhoma ahorow nso. Wotwaa atoro too me so sɛ mewɔ krataa bi a ɛkyerɛ sɛ meyɛ ɔman ase tutufo, nanso wɔanka ho asɛm bere a wɔredi m’asɛm no.”
Wɔsɔre Tiae a Amanyɛ Mmara Mfa Ho
Enti ɛda adi sɛ mfe aduonu a atwam no, Cuba aban no abɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɔre Yehowa Adansefo ase. Oguanfo Cristo Leon frɛɛ no “nhyehyɛe a emu yɛ den a Cuba aban no yɛ tiaa yɛn som.” Wɔabara Yehowa Adansefo sɛ wɔnnkra anaasɛ wonntintim nhoma biara, wɔatõ wɔn baa dwumadibea mu, wɔatoto mmeae horow a wohyia som no mu, wɔabara wɔn asɛnka adwuma no, na wɔde mpempem agu afiase.
Ɔtaa a akɔ so mfe 20 yi bu Cuba Republik no amanyɛ mmara so pefee. Saa amanyɛ mmara no “ma” obiara kwan sɛ ɔnkɔ asɔre a ɔpɛ. Mmara a ɛto so 54 hyɛ bɔ pefee sɛ: “Kwasafoman yi a n’adeyɛ gyina amansan yi ho ɔhonam fam nyansahu so na ɛde kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo no gye tom na esi so dua sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ɔde n’ahonim di dwuma, na obiara wɔ hokwan sɛ ɔkɔ asɔre a ɔpɛ na odi ne gyidi ho dwuma, bere a ɔde obu ma mmara nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no.”
Wɔn a wonim Yehowa Adansefo nim sɛ obu ma mmara yɛ wɔn nyamesom mu gyidi ahorow fã. Nokwarem no, wonim wɔn wiase nyinaa sɛ wɔwɔ obu ma mmara. Enti, anka ɛsɛ sɛ wɔma wɔn kwan ma wokura wɔn som mu gyidi mu na wɔyɛ saa, sɛnea wɔama wɔn kwan ma wɔyɛ wɔ aman pii so no.
So Wɔsɔre Tia Asɔre Afoforo?
Nea Cuba aban reyɛ tia Yehowa Adansefo ma asemmisa yi sɔre: So aban no sɔre tia asɔre afoforo nso?
Katolek asɔre horow bebree wɔ Cuba. Wɔabuebue wɔn apon ama ɔmanfo. Saa ara na ɛte wɔ Protestant asɔre horow no ho. Nanso wɔnam aban mmara so atoto adan a Yehowa Adansefo hyia wɔ mu no mu. Dɛn nti na ɛte saa?
Nokwarem no, asɔre ahorow no binom nso nyaa ɔhaw a efi aban hɔ bere bi. Nanso wɔpaa wɔn gyidi ntɛm ara na wɔmaa kwan ma wɔde wɔn dii dwuma wɔ amammui mu. Nanso Yehowa Adansefo ntumi nyɛ saa, esiane sɛ ɛbɛsɛe wɔn gyidi nti. Enti na wɔakɔ so ahyia ɔsɔretia wɔ saa mfe yi nyinaa mu no.
Nanso asemmisa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wobua. Dɛn nti na Yehowa Adansefo kɔ so di nyamesom mu asetra kwan a ɛde ɔhaw pii ba wɔn so wɔ ɔman te sɛ Cuba mu akyi? Na dɛn na ɛma wotumi gyina amanehunu bebrebe ano bere tenten saa, na bere nyinaa wɔde nokwaredi bata wɔn gyidi ahorow no ho?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Wɔde too yɛn so sɛ yenni ɔman ho dɔ esiane sɛ yegye Bible di na yɛka emu nokware kyerɛ afoforo ara kwa nti”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Ná ɛsɛ sɛ wɔkɔ a wɔn ntama anaa atade gu wɔn kɔn ho. Wɔgyigyee ayeforohyia nkawa, ne nneɛma afoforo nso
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Wɔde ɛnãnom ne agyanom bebree koguu afiase esiane sɛ wodi afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu a ese ‘wɔnkyerɛkyerɛ abofra ade a ɛfata ne kwan’ na so nti
[Kratafa 7 adaka]
“Nhyira ne mo sɛ sɛ wɔyaw mo no wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.”—Mat. 5:11, 12.