Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
“Wɔabue Ɔpon Kɛse a Emu Adwumayɛ Bɛsow Aba” Wɔ Cuba
NA ƆSOMAFO Paulo yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho ɔsɛmpakafo soronko. Ɔde hokwan biara a onyae no kaa Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ ahorow a ɛfa daa nkwa ma adesamma asoɔmmerɛfo ho no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Bere a Paulo kɔsraa tete Efeso no, ohuu tebea foforo a ɛbɛma no anya kwan aboa nnipa pii mpo. Ɔkae sɛ: “Mɛtra Efeso . . . ; efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me.”—1 Korintofo 16:8, 9.
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Cuba nso hu sɛ wɔwɔ tebea foforo mu. Ɛwom sɛ wonnyee wɔn ntoom wɔ mmara mu de, nanso seesei Adansefo no tumi ka wɔn Bible mu anidaso no kyerɛ wɔn man mufo wɔ baguam. Nnansa yi, Cuba aban kyerɛɛ anigye a emu yɛ den a ɛwɔ sɛ ɛbɛma nyamesom akuw ahorow kwan ma ayɛ adwuma a anohyeto nnim. Ɔmampanyin Castro abɔ Yehowa Adansefo din wɔ baguam sɛ wɔyɛ nyamesom kuw a seesei Cuba aban no ne wɔn ntam abusuabɔ ayɛ kama.
Saa tebea foforo yi abue “ɔpon kɛse a emu adwumayɛ dɔɔso” ama Adansefo no. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo buee baa dwumadibea wɔ Cuba nnansa yi, na ɛboa wɔn ma wɔhwɛ wɔn asɛnka adwuma no so wɔ saa ɔman no mu. Adansefo bɛboro 65,000 na wɔreboa nkurɔfo ma wɔasua Bible no ate ase. Wɔde Bible ho nhoma te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma na edi dwuma. Cubafo pii a wɔpɛ ade trenee no renya Bible a wɔne Yehowa Adansefo sua no mu mfaso.
Adansefo no san yɛ nhyiam daa wɔ akuw nketewa mu wɔ supɔw no nyinaa so. Ɛtɔ mmere bi a, wonya hokwan mpo yɛ nhyiam akɛse wɔ akuw a wɔbɛyɛ 150 mu. Nokwarem no, wɔn ani sɔ hokwan a wɔanya afi Cuba atumfoɔ no hɔ, a ɛma wonya kwan ne wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea hyiam to ayeyi nnwom ma Onyankopɔn na wɔbom bɔ mpae no.
Nnansa yi, wɔyɛɛ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no bɛboro mpɛn 1,000 wɔ adapɛn awiei abiɛsa pɛ mu. Amanneɛbɔ bi ka sɛ yehuu “nhyehyɛe, ahosodi, ne asomdwoe” wɔ nhyiam no biara ase. Atumfoɔ no maa Adansefo no amo wɔ saa su yi ho.
Wɔ wiase nyinaa no, nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobedi ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no so. Bere koro ara no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne aban atumfoɔ no benya abusuabɔ a asomdwoe wom. (Tito 3:1) Yehowa Adansefo di ɔsomafo Paulo afotu a ɔkyerɛwee no akyi: “Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.”—1 Timoteo 2:1, 2.