Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 9/8 kr. 26-29
  • Ogya A Ɛhyew Nneɛma —Ɔhaw A Nigeria Hyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ogya A Ɛhyew Nneɛma —Ɔhaw A Nigeria Hyia
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛde Ogya Yi Bae
  • Ogya! Adwinnade Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wode Dum No?
    Nyan!—2001
  • Ogya a Wobesiw Ano Wɔ Fie
    Nyan!—1991
  • Bere A Aman Abien Hyewee
    Nyan!—1984
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 9/8 kr. 26-29

Ogya A Ɛhyew Nneɛma ​—Ɔhaw A Nigeria Hyia

Efi Nigeria “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

OBIARA nnim sɛnea asɛm no sii ankasa. Aberante bi a wɔfrɛ no Sunday ne ne nnamfo baanu taa da ɔdan ketewaa bi a wɔtɔn nnuru wom a wɔyɛ adwuma wom no mu. Nanso bɛyɛ ɔdasum no na wɔnnae. Ebia na wɔrekenkan nhoma anaa wɔrebɔ nkɔmmɔ ara kwa bere a kanea a ɛwɔ wɔn dan no mu no dumii mpofirim. Nanso nkurɔfo a wɔte Lagos, Nigeria, no nkanea taa dunnum. Enti ɛda adi sɛ Sunday kɔɔ baabi a ɔde mankyese ne kyɛnere to no na ɔsɔɔ kyɛnere no. Akyinnye biara nni ho sɛ wim a na ayɛ hyew anwummere no maa ɔne ne nnamfo no dedae. Na bere a na wɔada no, kyɛnere no kɔɔ so hyew . . .

Obi betumi asusuw ehu a ɛkaa wɔn no ho, bere a ɔhyew ne wusiw a ogya a ɛredɛw a ɛkaa wɔn no ma wonyanee no. Mmerante no teɛteɛm hwehwɛɛ mmoa na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobebue ɔpon no​—nanso na aka akyi. Wowuwui wɔ ogya a ɛredɛw ne nnuru a ɛrepaapae no wusiw mu.

ASIANE ahorow a ɛte sɛ eyi abu so wɔ Nigeria. Abofra a ɔde mankyese di agoru, obi a ɔreda bere a okura sigaret, ntamagow a wogyaw gu muka ho​—ama ogya ayɛ nea edi awu mpofirim. Nokwarem no, ogya ahyew mmeae akɛse a wodi gua wɔ hɔ wɔ ɔman no afã horow pii. Ahyew adwuma yɛbea akɛseakɛse ne afie na akunkum nnipa.

Ɔhaw a ɔman no rehyia no yɛɛ kɛse Dwoda, January 24, 1983, bere a ogya too NECOM Adwuma (Nigeria adwumayɛbea a ɛhwɛ amannɔne nkitaho di ho nsɛm so) no mu no. Wɔde computer mfiri akɛse a ne bo yɛ den agu abansoro a ɛtoatoaso 37 yi mu​—baabi a na Nigeria adwumayɛbea a ɛhwɛ nkitahodi nsɛm so no ti wɔ no. Afei ɔdan a ɛyɛ fɛ na ɛware sen biara wɔ Afrika atɔe Fam a wɔka sɛ ɛhyɛ Nigeriafo anuonyam yi hyewee wɔ ɔpɛ bere no mu.

Na Joe yɛ adwuma wɔ ɔdan yi mu na ɔka sɛ: “Bere a ogya no tɔɔ mu wɔ bɛyɛ 9:30 A.M., akyi no, ankyɛ biara adwumayɛfo a ehu aka wɔn huruw fii abansoro a ɛto so anum no so bɛhwee lɔre kwan no so na wobubui. Wɔn mu biako wui. Adwumayɛfo afoforo kaa ɔdan no mu a wontumi mpue bere a ogya no tɔɔ adan a ɛwɔ abansoro no so mu mmiako mmiako no. Nnipa a wɔhwɛ a wontumi mfa mmoa biara mma mpempem pii sui na wɔteɛteɛm. Pii bɔɔ mpae denneennen na wɔkotokotow fam na abasamtu nti wɔmemaa wɔn nsa so. Esiane sɛ adwumayɛfo a wodum ogya no mfiri antumi annu ɔdan a ne sorokɔ te saa no so nti, wɔantumi anyɛ hwee. Adwumayɛfo a wɔaka ɔdan no mu no hwehwɛɛ mmoa kosii sɛ Nigeria asraafo de wimhyɛn beyii wɔn fii hɔ.”

Nigeriafo kae sɛ, “Nea yɛahu no dɔɔso.” Wofii ase kae sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mfa mmɔ wɔn ho ban wɔ ogya ho wɔ adan a aban asisi no mu na wɔkae sɛ wɔmma wɔn mfiri a eye a wɔde dum ogya. Bere a eyi bɛboa ampa no, ɛbɛyɛ den sɛ ɛbɛma nneɛma atitiriw a ɛma ɔhaw no ba no mu binom afi ho.

Nea Ɛde Ogya Yi Bae

Ɛnde dɛn nti na ogya hyew nneɛma kɛse wɔ ɔman yi mu saa? Ade biako ne sɛ nneɛma ahorow a ɛma asiane ba wɔ asetra mu wɔ hɔ. Mmusua pii a wɔwɔ Nigeria nkurow akɛse mu no tete adan a wɔakyere so wom mu. Wɔnoa nnuan wɔ aborɔfo muka (stove) a wɔde krasin gu mu so wɔ ɔkwan a nneɛma a ogya tumi hyew gugu nkyɛn ho. Anyinam nkanea a wɔtaa dunnum no ma wɔsɔ kyɛnere ne nkanea afoforo. Mpɛn pii nnipa a wɔtete ɔdan bi mu no de anyinam ahoɔden a ɛwɔ ɔdan no mu no di dwuma ma ɛboro so. Anyinam ahoɔden a wɔde di dwuma ma ɛboro so yi ma ɛyɛ hyew boro so na efi ase hyew nneɛma.

Ɛda adi sɛ ogya betumi ahyew gua ahorow a ɛwɔ Nigeria no. Saa apata a wɔtontɔn nneɛma wom ne aguadidan a wɔde nnua na ayɛ no yɛ nea wɔde nneɛma a etumi hyew ntɛmntɛm agugu mu. Saa ara nso na ɛnyɛ sɛ nneɛma a etumi hyew wowɔ aban adwumayɛbea ahorow mu pii nko na mmom wonni mfiri a wɔde dunnum ogya a ɛdɔɔso nso. Saa tebea horow yi ma ogya hyew nneɛma. Nanso biribi foforo nso wɔ hɔ: adan a wɔhyɛ da hyew!

Na wɔde kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa odwowtwa ne korɔnbɔ ho nhwehwɛmu a ɛrekɔ so no asie aban adwumayɛbea a ahyew no binom mu. Enti ebinom ka sɛ nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsɛe kyerɛwtohɔ ahorow a ɛbɛma wɔanya asɛm no na wɔmaa ogya no fii ase. Wɔanya adwene a ɛkyerɛ sɛ wɔhyɛ da na wɔhyew adan no nso esiane ogya a ɛhyew mmeae horow a wodi gua a ɛma nkurɔfo nya hokwan wia nneɛma pii no nti. Asɛm bi a epuei wɔ New Nigeria atesɛm krataa mu no kaa “ntawntawdi, adewia ne nnipakuw basabasayɛ kɛse” bere a ogya hyew mmeae horow a wodi gua wɔ hɔ no ho asɛm sɛ: “Nneɛma nyinaa da no adi sɛ nsɛmmɔnedifo akuw horow na wɔde ogya to gua ahorow no mu.”

Enti ogya a ɛhyew nneɛma no yɛ paara ankasa. Nanso so biribi wɔ hɔ a Nigeriafo betumi ayɛ ama ano abrɛ ase? Yiw, ebia nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ adaka no mu (kratafa 27) no bi bɛyɛ nea eye wɔ faako a wote wɔ wiase no mu no nso.

Wɔkaa nyansahyɛ ahorow a eye a ɛfa sɛnea wubedi ogya ho dwuma ho asɛm wɔ September 8, 1980 Awake! mu. Adwumayɛfo baanu a wɔwɔ NECOM Adwuma no mu a wɔfrɛ wɔn Joe ne Bose de afotu a wɔde mae wom no dii dwuma. Joe a ɔyɛ adwuma wɔ abansoro a ɛto so akron no so no ka sɛ: “Bere a odwumayɛni bi a ɔhyɛ m’ase bɔɔ me amanneɛ sɛ ogya atɔ ɔdan no mu no, mibuee me pon na mihuu sɛ nkurɔfo resian atrapoe no a wɔayɛ basaa. Afei meresusuw guan a meguan no ho no, mekaee ne makenkan wɔ Nyan! no mu no. Mekaee sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden yɛ komm na ɛnsɛ sɛ mema ehu ka me, ne sɛ ɛnsɛ sɛ me tra afiri ketewaa a ɛte sɛ ɔdan a wɔde foro abansoro no mu na mmom ɛsɛ sɛ mefa kwan a wɔahyɛ sɛ wɔmfa so nguan bere a ogya atɔ ɔdan bi mu no so, efisɛ ɛnyɛ den sɛ ogya bɛtɔ afiri ketewaa a ɛte sɛ ɔdan a wɔde foro abansoro no mu. Bio nso, na minim baabi a atrapoe ne akwan ahorow wɔ wɔ ɔdan no mu dedaw. Mefaa ɔkwan a wɔahyɛ sɛ wɔmfa so nguan bere a ogya atɔ ɔdan no mu no so nanso bere a miduu abansoro a ɛto so asia no so no, wusiw no amma mantumi ansian bio. Bere a mekaee sɛ ɔkwan bi a kar fa so wɔ ɔdan no akyi no, mefaa ɔkwan yi so na meguanee.”

Bose nyaa osuahu a ɛte saa ara: “Bere a mihui sɛ wusiw nam atrapoe a wɔforo de ba abansoro a ɛto so 14 a me office wɔ so no so no, mebɔɔ me mfɛfo adwumayɛfo no amanneɛ na bere a yɛagyaw yɛn nneɛma agu hɔ no, yefii ase hwehwɛɛ ɔkwan a yɛbɛfa so aguan afi ɔdan no mu. Na nkurɔfo resian atrapoe no a ehu aka wɔn. Esiane sɛ na minim faako a akwan wɔ wɔ ɔdan no mu dedaw nti, meteɛm frɛɛ afoforo no sɛ, ‘Momma yɛmfa ɔkwan yi so!’ Enti yɛn mu pii duu abansoro no ase.”

Nnipa baanu pɛ na ogya no kum wɔn, efisɛ akwan pii wɔ ɔdan no mu, na mfiase no, na ogya no wɔ ne fã biako pɛ so. Nanso nea enti a ebinom wuwui ne sɛ, na wonnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

Nni mfomso koro no ara. Akyinnye biara nni ho sɛ ogya bɛkɔ so de ɔhaw aba wɔ Nigeria sɛnea ɛte wɔ wiase afã horow pii no. Nanso wubetumi ama ogya a ɛhyew nneɛma no ano abrɛ ase kɛse, sɛ woyɛ ade nyansam de bɔ wo ne w’abusua ho ban a.

[Box/Pictures on page 27]

Wo Ho Ban a Wobɛbɔ wɔ Ogya Ho

Adan ne akwan a nneɛma gugu so basaa tumi ma ogya hyew nneɛma. Fa nkrataa, nhoma ne ntade gugu faako a ɛsɛ sɛ wode gu no kama. Tow nneɛma te sɛ ɔdan mu nkongua ne apon a wunhia no gu. Fa mfiri a ɛde anyinam ahoɔden di dwuma no di dwuma yiye na mfa mfiri pii nhama nhyehyɛ anyinam ahoɔden ntokuru mu. Sɛ wode adetow dade tow ade a, hwɛ sɛ wode besi dade so na yi ne hama no fi anyinam ahoɔden tokuru no mu bere a womfa ntow ade no.

Asiane wɔ kyɛnere ho, nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wosɔ a, fa si ade a entumi nhyew so na mfa mmɛn nkataanim ne nneɛma afoforo a ebetumi ahyew ho. Hwɛ nso sɛ wubedum no ansa na woakɔda. Ɛnyɛ sɛ sigaret ka w’akwahosan nko na mmom ɛma ogya hyew nneɛma nso.

Enti NNOM SIGARET! Bible no ka sɛ, “Kae, hwɛ sɛnea ogya ketewaa betumi ama ogya atɔ kwae kɛse mu.” (Yakobo 3:5, Weymouth) Bio nso, mfa petrol, mankyese ne nneɛma afoforo a etumi ma nneɛma hyew nsi baabi a mmofra betumi akɔfa. Kyerɛkyerɛ sɛnea ogya betumi ayɛ asiane no mu kyerɛ wɔn.

Wɔ ahwɛyiye yi nyinaa akyi no, sɛ ogya tɔ biribi mu a, ahosiesie a wubedi kan ayɛ betumi agye wo nkwa. Eye sɛ wokyerɛkyerɛ wo abusua no sɛnea wodum ogya anaa ɔkwan a wɔbɛfa so aguan bere a ogya atɔ biribi mu no. Yɛ akwan a mobɛfa so aguan afi ɔdan biara a ɛwɔ wo fi no mu. Nea ɛka ho no, ka kyerɛ w’abusua no sɛ, sɛ ogya tɔ ɔdan bi mu a, ɛsɛ sɛ woguan fi ɔdan a, ɛrehyew no mu ntɛm afra. Mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobeyi honam fam nneɛma kakraa bi afi mu no betumi ama obi awu. Tɔ wo bo ase na fa w’adwene si ɔkwan a wobenya aguan no so. Bere a woapue no, wubetumi ahwehwɛ mmoa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena