Bere A Aman Abien Hyewee
Efi Australia “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NÁ WIM ayɛ hyew yiye saa da no. Mframa a wɔkyerɛe sɛ ɛbɛbɔ saa da no ano den yɛ akwansin 42 1/2 wɔ dɔnhwerew biako mu. Ná Australia a wonim dedaw sɛ ɛne asasepɔn a osu ntaa ntɔ wɔ so wɔ asase so no wɔ ɔpɛ bere a emu yɛ den sen biara wɔ nea asisi wɔ mfe pii mu no mu. Fa nsɛm ahorow yi bom na wubenya nea Australiafo pii (ne insurance akuw horow) suro no—ogya a ɛhyew nneɛma kɛse ma ɛyɛ hu sen biribiara!
Na ɛno ne nea esii Wukuda, February 16, 1983 mu, bere a Australia aman abien a ɛne South Australia ne Victoria fã kɛse no ara hyewee no. Dodow a wowuwui: nnipa 71, anantwi 36,000 ne nguan 320,000. Afie bɛboro 2,000 hyewee.
Wogye di sɛ nneɛma ahorow a ayɛ hyew a ɛdeda fam na awo no na ɛmaa ogya no pii fii ase dɛwee. Sɛ nwura fi ase sɛ ɛrehyew wɔ Australia a, ade biako wɔ hɔ a ɛyɛ soronko wɔ ho. Dua bi wɔ hɔ a emu nsu no dɛw te sɛ petrol. Nnua no dɛw na ɛpae na ogya no tu fa wim kɔtɔ afoforo so na ɛhyew biribiara a ɛwɔ hɔ ntɛm ara. Wɔkyerɛ sɛ ahoɔhare a ogya no de dɛw faa nnua nkɔnmu no yɛ akwansin 45 dɔnhwerew biako biara, na ehuruw traa mmeae ahorow a wɔapra hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a edu hɔ a ebedum no nyinaa. Ogyaframa no ano yɛɛ den kɛse, na obi de totoo “keteke 20,000 nyigyei ho.”
Bere a akwan fii ase sisiwii no, ehu kaa nnipa pii. Esiane wusiw ne nsõ a ɛkataa wɔn ani nti, na nnipa pii ntumi nhu faako a ogya no wɔ, ne faako a ɛredɛw akɔ, ne sɛnea ahoɔhare a ɛde reba no te. Afei mpofirim ara na abɛto wɔn. Telefon nnua ne ne nhama bubui anaasɛ ɛnanee. Mpɛn pii nea na ɛma nkurɔfo hu faako a ogya no wɔ ne nea wɔte wɔ wɔn radio nketewaa a wokura anaa ɛwɔ wɔn kar mu no mu no—a mpɛn pii wɔbɛte no na aka akyiri dodo. Wusiw ne ahum a ano yɛ den no haw nnipa a wokura wimhyɛn ahorow 26 de redum ogya no. Ná lɔre akanea a wɔasɔ yɛ nea ɛho nni mfaso, efisɛ enhu hwee wɔ wusiw kumɔnn no mu.
Na wɔwɔ anidaso sɛ ebedu Wukuda anwummere no na mframa no ano abrɛ ase. Nanso, ɛdan n’ani kyerɛɛ mmeae afoforo a na ahoɔhare a ɛde rekɔ no ano ayɛ den kɛse a na afei de ɛyɛ akwansin 55 dɔnhwerew biako biara, na ɛkɔtoo nnipa pii a na wosusuw sɛ ɛrenka wɔn no. Wɔ nkurow ahorow pii so no, wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ wɔnkɔ mmeae ahorow a ɔmanfo di agoru a ɛhɔ bae anaasɛ wɔnkɔ sukuu ahorow mu wɔ faako a ɛhɔ bae, na wɔmfa nsu mfɔw wɔn ntade a ɛhyɛ wɔn no na wɔntratra wɔn kar mu. Ɛhɔnom na wofi hwɛɛ wɔn kurow no sɛ ne nyinaa rehyew a faako a wofi ko tia ogya a ɛredɛw no mpo ka ho. Na ogya no mframa no ano yɛ hyew araa ma ebinom tee nka sɛ wɔrennya nkwa wɔ faako a wɔbɔ bɔɔl a wɔaboa wɔn ho ano wɔ hɔ no!
Wɔ mpoano kurow biako a ogya no kɔtoom mu no, ɛmaa nnipa a wɔwɔ hɔ no guan kɔtraa po no so wɔ awɔw mu nnɔnhwerew abien ansa na wɔresan aba faako a nsu no mu nnɔ kɛse no ne afei po no ano ankasa wɔ asomdwoe mu. Nnuaba ahorow yɛɛ te sɛ nea wɔanoa wɔ ne nnua so, bere a ogya no dɛw faa bobe nturo ahorow mu no. Anantwi a wonyaa nkwa no nufu ho worɔwee araa ma mprempren mfaso biara nni wɔn so. Esiane ogya no ano hyew no nti, na nnipa a wɔyɛ ogya ho adwuma no gyina na wosi fi wɔn lɔre no mu na wohwie nsu gu wɔn ho wɔn ho ho. Wɔ ebinom fam no, kar na ɛboaa wɔn ma wonyaa wɔn ti didii mu. Afoforo a nnipa a wɔyɛ ogya ho adwuma 12 ka ho a akyiri yi na wohuu wɔn wɔ lɔre ahorow mu ne ase no yɛ wɔn a ogya no kaa wɔn hyɛe, na ɛhyew wɔn animono so ma wowuwui a na wɔtete wɔn kar ahorow mu.
Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow 17 a na ɛwɔ faako a ogya no wɔ no nyinaa mu no, abusua biako ne ɔbea bi pɛ na wɔn afie hyewee. Wɔde aseda kɛse ma sɛ wɔn mu biara anhwerew ne nkwa. Mmoa a Aban adwumayɛbea ahorow ne wɔn mfɛfo Kristofo de mae no ma wonyaa nea ɛdɔɔso wɔ nna kakraa bi mu—eyi ne ayamye kwan a afoforo faa so boaa wɔn a ogya no sɛee wɔn nneɛma no wɔ honam fam.
Ɛwom, nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ akwan ahorow so bere a wohu sɛ wɔn nneɛma a wɔwɔ nyinaa sɛe wɔ bere tiaa mu no. Nneɛma ahorow anan na ɛbaa nnipa pii so: wɔyɛ titirii na wɔn ho dwiriw wɔn, adwennwene kɛse tɔ wɔn so, wɔn bo fuw (titiriw bere a wohu sɛ ogya a ɛsɛee ade wɔ wɔn hɔ no yɛ nea obi na ɔhyɛɛ da sɔe no) na, awiei koraa no, wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛsan asisi wɔn adan no, afi nneɛma nyinaa ase bio. Nanso, wobu akontaa sɛ ebegye mfirihyia 30 bio ansa na kwae a ɛhyewee no asan ayɛ yiye.
Na ebinom nso keka sɛ ebia Onyankopɔn nsa wɔ adeyɛ no mu. So ɛyɛ ampa sɛ kwae ahorow a ɛhyewee yi yɛ nea “Onyankopɔn na ɔyɛe” sɛnea insurance akuw ahorow ka no? Ɔkyerɛwfo biako bisae sɛ: “Dɛn nti na mmeae a ɔmanfo hyiam wɔ hɔ no anhyew bere a asɔredan, aguadidan ne nsɛm ho amanneɛbɔbea, no dɛwee, ɛhyewee no? Ɛyɛɛ afoforo nwonwa nso sɛ ogyaframa no tumi kɔ ofie biako mu bere a ofie a edi hɔ no de ɛnyɛ no hwee. Nanso wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ no de wɔkae sɛ “ɛbere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.”—Ɔsɛnkafo 9:11, NW.
Asiane yi ama nkurɔfo asusuw nkwa a ɛyɛ tiaa yi ne asase so ahonyade ho anibere so. Ebinom de ahoyeraw sui kɛse wɔ nneɛma a wɔahwere no ho—ahonyade a wɔyɛɛ adwuma denneennen de nyae no. Afoforo nso ani gyei sɛ wɔanya wɔn ti adidi mu, na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛsan asisi adan no bio wɔ nsõ no mu. Na wɔn a wɔwɔ daa nkwa wɔ Paradise asase so a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu anidaso no ahyɛ wɔn tirim a wɔabɔ sɛ wɔde “ɔsom kronn wɔ fɛre ne ahodaso mu” bɛma Onyankopɔn no mu den.—Hebrifo 12:28, NW; Adiyisɛm 21:3, 4.