Efi Awerɛhowdi mu kɔ Anidaso Mu
“Saa akwankyerɛfo yi gyina kuw no ne wɔn ayɔnkofo nyinaa ananmu pɛ sɛ wɔma wo hyɛden kɛse wɔ wo maame wu no ho. Su ahorow a na ɔwɔ, ne gyidi a emu yɛ den no ka yɛn ma yefi yɛn koma nyinaa mu sɛ yɛbɛma woahu awerɛhow a yɛne wo bom di no.”
NÁ SAA ayamye nsɛm yi yɛ krataa a wɔkyerɛw bɛhyɛɛ me den wɔ me maame wu akyi no mu nsɛm no fã bi. Na efi Katolekfo mmerante kuw bi a wɔwɔ St.John the Evangelist asɔre a ɛwɔ Casa Verde, São Paulo, Brazil no mu nkyɛn. Nanso, na me Maame yɛ Yehowa Adansefo no mu biako kosii sɛ owui wɔ May, 1966 mu. Na ɛsɛ sɛ saa Katolekfo mmerante no mpo gye mmɔdenbɔ kɛse a me Maame de som ne Bɔfo no tom.
Woguan de Peree Wɔn Nkwa
Na me Maame yɛ Armeniani. Ɛwom sɛ Armeniafo traa Turkeyfo tumi ase mfehaha pii de, nanso wɔtwee wɔn ho fii wɔn ho, efisɛ wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo. Nanso Turkeyfo yɛ Nkramofo.
Me Maame ne n’abusua traa ase wɔ asomdwoe mu wɔ Stanoz, kurow bi a ɛbɛn Ankara, Turkey mu. Nanso da koro wɔ 1915 mu no, nneɛma sakrae wɔ Armeniafo no fam. Mmara bi a Turkey aban no hyɛe mpofirim no hyɛɛ Armeniafo sɛ wɔmfa wɔn nnwinnade nyinaa a wobetumi de adi dwuma sɛ akode, te sɛ asekan ne nea wɔde dɔw mfuw mmra. Nea edi hɔ no, wɔsomaa Turkeyfo asraafo sɛ wɔnkɔkyere mmarima a wɔwɔ ahoɔden nyinaa wɔ wɔn afie mu. Wɔkyere me Maame abusua no mu mmarima no mu pii a ne papa ka ho a wɔansan amma fie bio. Akyiri yi wɔtee sɛ wokunkum wɔn nyinaa.
Eyi ma ɛkaa me nanabea nkutoo ne ne maame a na wabɔ aberewa ne ne mma baanum a me maame ka ho. Afei da a ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa guan no dui, efisɛ wohwiehwiee petrol guu wɔn afie so na wɔhyew kurow mũ no nyinaa. Nkurɔfo guan peree wɔn nkwa na ɛkame ayɛ sɛ wogyaw biribiara guu hɔ. Wɔ wɔn ani a na atane yi mu no, me Maame kae sɛ wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛsan wɔn nantwi no na na wotumi te ne nsu a ɛyɛ awerɛhow no bere tenten. Wɔ nna pii mu no, na owusiw kumɔnn ama wim ayɛ tumm.
Sɛ́ aguanfo no, na wotu fi ɔman biako mu kɔ foforo mu, na afei wɔkɔtraa France. Ɛhɔ na awiei koraa no, me Maame hyiaa me papa na wɔwaree wɔ 1925 mu. Wɔ mfe a na edi hɔ no mu no, wɔwoo ɔbabarima ne mmabea baanan. Na me papa nso yɛ Armeniani a ofi Caesaria (Kayseri) wɔ Asia Kumaa. Na n’abusua ahu nneɛma a ɛyɛ hu kɛse sen saa, efisɛ wotwaa wɔn asu na wɔhyɛɛ wɔn ma wogyaw wɔn afie hɔ anaasɛ wɔbɛyɛɛ aksor (obia wɔhyɛ no ma otu kɔ) . Enti na ɛsɛ sɛ nkurɔfo gyaw biribiara hɔ na woguan kɔ sare so, faako a ɔkɔm ne ɔyare kunkum wɔn mu pii anaasɛ wɔhyɛɛ da kunkum wɔn no.
Time nsɛmma nhoma a ɛbae August 23, 1982 no kae sɛ: “Gyinae a wosii sɛ wɔbɛhyɛ da akunkum wɔn no yɛ nea Ɔsoafo a ɔhwɛ ɔman no mu nsɛm so a wɔfrɛ no Talaat Pasha kyerɛw kɔmaa mpanyimfo a na wɔwɔ ɔman no mu wɔ 1915 mu. Mmara a ɔhyɛe no mu biako kae sɛ aban no asi gyinae sɛ ‘ɔbɛtɔre Armeniafo a wɔwɔ Turkey no nyinaa ase. Ɛsɛ sɛ wɔtɔre wɔn ase a atirimɔden kwan a wɔbɛfa so mfa ho, na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma mfe anaasɛ ɔbarima anaa ɔbea a obi yɛ anaasɛ wotie wɔn ahonim.’”
Hwɛ nwonwa ara a ɛbɛyɛ bere a nitan ne ɔko nni hɔ bio wɔ Onyankopɔn Ahenni ase, na wɔde Paradise bɛsan aba asase so nyinaa no! Ɛno na Armeniafo, Turkeyfo ne nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛtra ase abom wɔ asomdwoe mu daa.
Nanso ma menka sɛnea me ne m’abusua suaa anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛte saa no ho ade ho asɛm nkyerɛ wo.
Bere a Obi a Wodɔ No Wu
Wɔ 1938 mu, bere a na madi mfe awotwe no, yɛn abusua no tu kɔɔ Brazil. Yɛn abusua no paw sɛ wɔbɛtra kurow a wɔfrɛ no São Paulo a ɛyɛ aguadibea kɛse no mu. Ɛha na yefii ase dii yiye wɔ honam fam denam torrão a ɛyɛ asikretɛ bi a wɔde nkate yɛ a wɔpɛ no kɛse no so.
Ná yɛn nhyehyɛe ne sɛ yɛbɛtrɛw yɛn adwumayɛbea no mu. Afei mpofirim ara me nuabarima a afei na wadi mfirihyia 20 no nyaa ɔyare bi a wɔfra no bacteria endocarditis. Nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ obewu wɔ asram kakraa bi ntam, nanso wɔkae sɛ wobetumi de penicillin a na aba foforo saa bere no asa no yare ahwɛ. Nanso, n’atiridii no kɔɔ so ara.
Ankyɛ biara na wɔyɛɛ aduru bi a wɔfrɛ no streptomycin. Ná yesusuw sɛ eyi bɛyɛ aduru a ɛyɛ nwonwa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, na ɛda adi sɛ me nuabarima no nipadua mpɛ aduru no; ne ho hyew koduu 40° C na ne ti yɛɛ no yaw kɛse.
Yɛkyerɛw oduruyɛfo bi wɔ United States na ɔkaa aduru foforo bi a wobetumi de afra penicillin de adi dwuma ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Ɔde manaa yɛn. Bere a na yɛde rebɛkɔ ayaresabea hɔ no, wɔka kyerɛɛ yɛn wɔ telefon so sɛ me nuabarima no awu. Ná wadi mfe 22. Yesui nna pii, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye yɛn werɛ.
Anidaso ho Hann
Esiane abasamtu kɛse nti, me Maame fii ase kenkan Bible no ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a na me Papa atɔ wɔ mfe a atwam no mu no. Ɔka kyerɛɛ yɛn mmeawa no nso sɛ yɛnkenkan. Yɛn Papa yɛɛ saa na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔn a wɔawu no benya owusɔre. Ɛno kanyan yɛn anigye. Me nuabeanom baasa no fii ase kenkan saa nhoma ahorow no. Me de, na mepɛ sɛ mekenkan Bible no nkutoo, efisɛ na mempɛ sɛ asɔre biara benya me so tumi.
Mekaee nkɔmmɔ bi a me ne me nuabarima no bɔe ansa na ɔrewu no. Ɔkae sɛ, sɛ owu akyi asetra wɔ hɔ a, ɔne me bedi nkitaho. Nanso, wɔ ne wu akyi no, na ɔnyɛɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔte nkwa mu wɔ baabi. Enti bere amekenkan ɔsɛnkafo 9:5 a ese ‘awufo nnim biribiara’ no, na minim sɛ me nuabarima no nte ase wɔ baabiara. Na hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ mekenkan Yesu asɛm no: “Wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Nanso bere a miduu Adiyisɛm 20:5 no, misusuw nea ɛkyerɛ no ho. Ese: “Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.”
Me nua panyin kae sɛ, “Ɛnkyerɛ sɛ awufo no remfi ada mu mma ansa na mfirihyia apem no aba n’awiei.”
Mibisae sɛ. “Wusuaa ɛno fii he?” “Wɔ saa nhoma ahorow a wompɛ sɛ wokenkan no mu.”
“Nea ɛwɔ he?”
Wantumi ankae. Enti mifii ase kenkan nhoma no mmiako mmiako, na na yɛwɔ bɛboro dumien! Ɛtɔ bere bi a, mekenkan anadwo mu no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a menya Adiyisɛm 20:5 mu nkyerɛkyerɛmu bi. Hwɛ nneɛma ahorow pii a na mahwere denam pɛ a mampɛ sɛ mekenkan saa Ɔwɛn Aban nhoma ahorow no so!
Na yɛrebɛkra nhoma a wɔfrɛ no Light no po a ɛto so abien a ɛfa Adiyisɛm ho ne nhoma afoforo bi bere a Ɔdansefo bi baa yɛn fi no. Ɔkae sɛ yebetumi anya saa nhoma ahorow no wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so na ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra hɔ. Yesii gyinae sɛyɛbɛkɔ. Wɔ nhyiam no akyi no, Adansefo no fi ɔdɔ mu gyee bere ne yɛn bɔɔ nkɔmmɔ kosii ɔdasum na wobuaa yɛn nsemmisa ahorow a ɛfa owusɔre ho no.
Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ awufo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:5 no bɛba nkwa mu wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu, nanso wɔremma wɔn daa nkwa kosi sɛ wobedi nokware wɔ sɔhwɛ a etwa to wɔ mfirihyia apem no awie no mu. Afei ná owusɔre ho bɔhyɛ no te sɛ anidaso ho hann a ɛhyerɛn.
“Worekɔ Akyiri Dodo”
Saa dapɛn no ara awiei, bere a yɛda so ara redi yɛn nuabarima no wu ho awerɛhow no, yefii ase kaa asɛm wɔ afie afie mu. Yɛn nanabea nyaa nkwa wɔ Wiase Ko II no mu na na wafi France abɛtra yɛn nkyɛn. Na ɔyɛ Protestantni. Bere a mekyerɛɛ no sɛnea n’asɔre ne Bible no nhyia no, ɔkae sɛ, “Dɛn nti na wo ne m’asɔre no sɔfo nkɔkasa?” Ɔsɔfo no penee so sɛ ɔne yɛn bɛkasa na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛmmɛsra no wɔ ne fi.
Midii kan bisaa no sɛ: “Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ yɛn Agyenkwa?”
Obuae sɛ, “Ogye yɛn fi yɛn bɔne ahorow mu, na yɛkɔ soro wɔ owu akyi.”
“Na wɔn a wɔannye wɔn nkwa no nso ɛ?”
“Wɔkɔ hell.”
“Ɛhe na nnipa anokwafo te sɛ Abraham ne Dawid a wɔtraa ase ansa na Yesu baa asase so no kɔe?
“Wɔkɔɔ soro.”
“Na ɛhe na wɔn a wɔanni nokware ansa na Yesu rewu no kɔe?”
“Wɔkɔɔ hell.”
“Ɛnde ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ Agyenkwa, sɛ nnipa pa kɔɔ soro na abɔnefo kɔɔ hell ansa na ɔrewu, na ɛyɛ ade koro no ara wɔ n’afɔrebɔ wu no akyi a? Na ɛhe na nnipa a wɔante Yesu ho asɛm da no kɔe? So wobetumi akɔ soro a Kristo mmoa nka ho? Sɛ saa a, ɛnde dɛn nti na woka Kristo ho asɛm kyerɛ wɔn? Anaa, so wɔkɔɔ hell a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ hɔ a wɔante Yesu din mpo? Sɛ saa a, ɛnde Yesu ammegye wɔn nso. So Yesu nyɛ wiase no Agyenkwa?”
Ɔsɔfo no buae sɛ, “Worekɔ akyiri dodo. Ɛho nhia sɛ wusua Bible no kɔ akyiri saa. M’ankasa minsua no kɛse saa. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubedi nokware, wubebu bra pa na woakyerɛ obu ama afoforo. Afei wubenya w’akatua wɔ baabiara a ɛfata sɛ wunya no no.”
Mibisae sɛ, “So wokyerɛ sɛ Bible no yɛ nhoma a ɛka abrabɔ ne su pa ho asɛm nkutoo? Nnipa a wonnye Onyankopɔn nni mpo nim sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn bra saa!”
Saa bere no na madi mfe 18 pɛ, na na ɔsɔfo no yɛ Armeniani akwakoraa a ne ti hwi nyinaa adan dwen. Me nanabea ankɔ Protestant asɔre no bio wɔ ɛno akyi. Ɔbɔyɛɛ Ɔdansefo, na wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu wɔ August 22, 1948 mu de hyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa.
Efi Awerɛhowdi mu kɔ Anidaso Mu
Afei me ne me Maame ne me nuabeanom a na anka yɛtaa su de kae nneɛma a ɛyɛ awerɛhow a esisii wɔ yɛn abusua mu no de anigye reka Nhyehyɛe Foforo ne owusɔre ho anidaso no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Esiane anidaso a ɛso nni a yɛanya no nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? So yɛnsan nkɔyɛ honam fam adwuma, nhwɛ yɛn asikretɛ adwuma no? So ɛsɛ sɛ mebɛyɛ kɔnsɛt sankubɔfo sɛnea na ɛyɛ me botae no? Anaa, so ɛsɛ sɛ mebɛyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no bere nyinaa sɛnkafo?
Ná akyinnye biara nni ho. Bere a edi kan a mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse wɔ 1948 mu akyi ɔsram biako no, mebɛyɛɛ daa ɔkwampaefo (bere nyinaa ɔsɛnkafo) , na wɔ ɛno akyi bere tiaa bi no, me nuabeanom baasa no nso bɛyɛɛ akwampaefo. Asetra kwan a mfaso wɔ so bɛn ara na eyi ayɛ sɛɛ yi!
Hokwan foforo bue maa me wɔ 1953 mu, bere a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Gilead Sukuu a wɔde tete Yehowa Adansefo ma wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo a ɛto so 22 no. Nanso na me Maame nni ahoɔden. Da koro bi, bere a nayɛn baanu pɛ wɔ hɔ no, meka kyerɛɛ no sɛ: “Mama, sɛ Yehowa ka kyerɛ wo sɛ yɛ nea ɔkaa kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ, sɛ ɔmfa ne ba koro pɛ, Isak mmɔ afɔre no a, dɛn na wobɛka?”
Ogyaee kasa, na wɔ bere bi akyi no, obuae sɛ: “Mintumi nka sɛ dabi nkyerɛ Yehowa.”
Metoaa so sɛ, “Fa no sɛ obisa wo biribi a ɛyɛ mmerɛw a ɛne sɛ ma wo mmabea no mu biako nkɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ wiase yi fã baabi. So wobɛma wakɔ?”
Ɔkae sɛ yiw. Afei meka kyerɛ no sɛ merekɔ ma wɔatete me sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Me nuabea panyin, Siranouche traa fie hwɛɛ yɛn awofo.
Bere a wɔde me baa Brazil wɔ bere a mawie Gilead akyi no, adwuma a meyɛe wɔ Lages, Santa Caterina, faako a na Adansefo baanu pɛ na wɔwɔ hɔ no, annu mfe abien na wɔhyehyɛɛ asafo foforo wɔ hɔ. Afei wɔ 1956 mu no, minyaa hokwan a na m’ani gye ho kɛse a ɛne adwuma a mɛyɛ wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea wɔ Brazil, faako a mereyɛ adwuma fi saa bere no. Me maame anka ankyerɛ me sɛ mensan mmra fie, bere a ɔbɛyɛɛ okunafo wɔ 1962 mu a sika kakraa bi na na ɔwɔ a ɔde hwɛ ne ho no mpo. Na n’ani so kakraa bi a ɔwɔ no, na na ɔkyerɛw me nkrataa a ɛhyɛ nkuran kɛse.
Bere a mayɛ adwuma mfirihyia 20 wɔ baa dwumadibea hɔ akyi no, me nuabeanom no mu biako a wɔfrɛ no Vehanouch a na wakɔ Gilead sukuu a ɛto so 33 no nso bɛyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ. Mprempren yɛn nyinaa kyerɛ nhoma ase.
Me nuabeanom baanu a wɔaka no nso da so ara yɛ bere nyinaa som adwuma no. Gulemia a ɔyɛ yɛn mu akumaa no fii daa akwampae adwuma ase wɔ 1949 mu, bere a na wadi mfe 14 pɛ no, na wayɛ ɔkwampaefo titiriw fi 1960 (a. ɔde nnɔnhwerew 140 yɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara) . Wɔ me maame wu akyi wɔ 1966 mu no, me nuabea panyin, Siranouche, bɛyɛɛ Gulemia hokafo a ɔne no yɛ akwampaefo titiriw adwuma no. Mprempren wɔsom wɔ kurow ketewaa bi a wɔfrɛ no Caconde a ɛwɔ mmepɔw a ɛwɔ São Paulo mansin mu no so mu.
Adwuma foforo biara nni hɔ a anka ebetumi ama yɛanya anigye sen Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a yɛka no. Yɛda Yehowa ne Kristo ase sɛ wɔde yɛn redi dwuma sɛ ‘Filipo mmabun baanan’ no. (Asomafo no Nnwuma 21:9) Yɛn baanan no nyinaa anya hokwan aboa nnipa bɛyɛ 400 ma woabenya anigye koro yi ara. Yɛahu Adansefo a wɔwɔ Brazil ha no dodow sɛ afi 1,300 adu bɛboro 170,000.
Nea yɛn ani gye ho titiriw ne nea yehui wɔ Munich, Olympic Agopramma so wɔ Germany wɔ 1978 mu, wɔ Turkeyfo afã wɔ “Nkonimdi Gyidi” Amanaman Ntam Nhyiam no ase no. Ɛyɛ biribi a ɛkaa yɛn koma kɛse—Armeniafo ne Turkeyfo te faako wɔ asomdwoe ne nokware dɔ mu a wɔretie Bible mu afotu! Bere a da no dwumadi baa awiei no, wususuw sɛ hena na ɔkae sɛ ɔde ne kar bɛfa yɛn akɔ yɛn dabere? Ɛdɛn, Ɔdansefo a ɔyɛ Turkeyni! Ampa, Yehowa yɛ anwonwade ahorow!
Hwɛ anigye pii a yebetumi anya, sɛ yɛkɔ so di nokware ma yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no na! Afei yebehu n’Ahenni no nkonimdi no na ɛbɛyɛ nea yɛwɔ hɔ a yɛrema yɛn adɔfo akwaaba wɔ owusɔre no mu!—Sɛnea Hosa Yazedjian ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
Wɔkyeree me Maame abusua no mu mmarima pii kɔe a wɔante wɔn nka bio da
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
‘Ɛsɛ sɛ yɛtɔre wɔn ase na ɛnsɛ sɛ yetie yɛn ahonim’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
Esiane sɛ na mempɛ sɛ asɔre biara nya me so tumi nti, mepow sɛ mɛkenkan Yehowa Adansefo nhoma
[Kratafa 29 mfoni]
Hosa Yazedijan wɔ Ɔwɛn Aban adwumayɛbea no ti wɔ Brazil, faako a ɔyɛ adwuma no