Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 3/8 kr. 3-4
  • Asɔre No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ne Aware Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɔre No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ne Aware Ho
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Nsɛm Mu
    Nyan!—1986
  • Ɔsom Mu Sigyadi—Dɛn Nti Na Wɔde Too Wɔn Ho So?
    Nyan!—1986
  • “Maria Daa Ɔbaabunyɛ No”—Sɛnea Akã Nkurɔfo
    Nyan!—1986
  • So Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo Asomfo Di Sigya?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 3/8 kr. 3-4

Asɔre No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ne Aware Ho

ƆBARIMA ne ɔbea nna ne aware ho asɛm yɛ nea ani gye ho wɔ wiase nyinaa ampa. Ebia asɛm foforo biara nni hɔ a nkurɔfo taa hwehwɛ ho afotu ne akwankyerɛ sen ɛno. Bible no wɔ pii ka wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho sen sɛnea ebia nnipa pii hu no. Na saa ara na ɛte wɔ asɔre a ɛsõ wɔ Atɔe Fam wiase no mu, Roman Katolek Asɔre, no fam.

Ɛdenam nea akyerɛkyerɛ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no so no, Katolek Asɔre no anya emufo ɔpepem pii no asetra so tumi. Akã asɔfo mmarima ne mmea no asetra titiriw. So asɔre no nkyerɛkyerɛ no ayɛ tumi a eye a mfaso wɔ so anaasɛ ayɛ nea enye? Katolek Asɔre no adwene wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho ne nea Bible no kyerɛkyerɛ hyia dɛn? Nsɛm ahorow a edidi so yi bɛhwehwɛ asɛm yi mu.

Wɔada Roman Katolek Asɔre no su wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho no adi wɔ A Catholic Dictionary mu, na ese: “Nnyinasosɛm ahorow a ama Asɔre no de ɔsom mu sigyadi ato n’asɔfo so ne. . . sɛ, esiane sɛ wɔrefrɛ wɔn aba afɔremuka anim nti, ebia ɛsɛ sɛ wogye ahotuafo asetra [wɔtwe wɔn ho fi ɔbarima ne ɔbea nna ho] tom, a ɛno yɛ kronkron sen sɛ wɔbɛware.”

Sɛ, sɛnea Katolekfo nkyerɛkyerɛ kyerɛ no, twe a obi bɛtwe ne ho afi ɔbarima ne ɔbea nna ho yɛ “kronkron” a, ɛnde aware nso ɛ? Eyi ne asemmisa a abakɔsɛm akyerɛwfo adwene ho fi bere tenten. Enti A History of Christianity a Paul Johnson kyerɛwee no bisa sɛ: “Enti, sɛ ɔsom mu sigyadi yɛ nea ɛkorɔn bere a aware yɛ nea ɛtɔ sin, ɛwom sɛ mmara ma ho kwan de, a, so na eyi nyɛ nea ɛkyerɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna yɛ bɔne ankasa a wɔ aware mu mpo no ɛyɛ bɔne a wɔma ho kwan?”

Kɔ a Paapa John Paul II akɔ so aka sɛ wonnya ahofama kɛse mma “Ɔbaabun Maria” no nyɛɛ hwee mfa nyii adwene a wɔanya sɛ, sɛ aware nyɛ bɔne ankasa mpo a, ɛyɛ biribi a ɛho ntew yi mfii hɔ. Asɔre no gyidi a ɛne Maria daa ɔbaabunyɛ no ma wonya adwene sɛ ɔbarima ne ɔbea nna yɛ biribi a ɛho ntew. Wɔn gyidi no kyerɛ sɛ wɔ Yesu awo akyi mpo no, anka aware betumi agu din pa a Maria wɔ sɛ ɔbea kronkron no ho fĩ.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ “mfitiase bɔne ho ahintasɛm” ne “Maria daa ɔbaabunyɛ” no ka nsɛm akɛse a ɛhaw Katolekfo a wɔyɛ nsi no adwene no ho. Katolekni ɔkyerɛwfo Jacques Duquesne ka sɛ, “Anka wobetumi de yɛ a paapano nyɛ bɔne a wogye ho kyim kɛse no aka ho.”

Akyinnye biara nni ho sɛ paapa no ahyɛde no asɛe Katolekfo gyidi kɛse wɔ ka a wɔka sɛ paapa no nyɛ bɔne no mu ne paapa no krataa a ɛfa Humanae Vitae (mmɔborohunu ma nkwa) ho no. Krataa yi a Paul VI kyerɛwee wɔ 1968 mu no san sii Katolekfo nkyerɛkyerɛ a ɛbata awo ano a obi ankasa hyɛ da siw no so dua. Encyclopaedia Britannica ka sɛ “saa paapa krataa yi yɛ nea [Katolekfo] wɔsɔre tiae a wobetumi aka ho asɛm sɛ paapa no nkyerɛkyerɛ tumi ho ɔsɔretia a ano yɛ den sen biara wɔ nnɛ bere yi mu. Saa ara na gyina a [Paul VI] gyina pintinn wɔ kura a wɔbɛkɔ so akura asɔfo sigyadi mu no . . . de ɔkasatia a ano yɛ den kɛse bae.”

Ɛda adi sɛ Roman Katolek Asɔre no adwene wɔ aware ne asɔfo sigyadi ho no ayɛ ɔhaw ama Katolekfo. Dɛn nti na asɔre no de ɔhaw yi aba ne ho so? Dɛn na ɛma ɛde ɔsom mu sigyadi too asɔfo mmarima ne mmea so na ɛhyɛe sɛ Maria yɛ ɔbaabun daa no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena