Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 6/8 kr. 12-13
  • So Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo Asomfo Di Sigya?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo Asomfo Di Sigya?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aware Anaa Sigyadi?
  • Nea Ɛde Sigya a Wɔhyɛ Nkurɔfo Ma Wodi Bae
  • Ɛyɛ Nhyɛ sɛ Kristofo Di Sigya?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Ɔsom Mu Sigyadi—Dɛn Nti Na Wɔde Too Wɔn Ho So?
    Nyan!—1986
  • Bible No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Nsɛm Mu
    Nyan!—1986
  • Asɔre No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ne Aware Ho
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 6/8 kr. 12-13

Bible No Adwene

So Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo Asomfo Di Sigya?

SƐ YƐBƐKA paa a, nea sigyadi (celibacy) kyerɛ ne sɛ obi nwaree. Nanso, sɛnea The New Encyclopædia Britannica kyerɛ no, “bere nyinaa wɔde” asɛmfua no “di dwuma ma sigya a obi di esiane sɛ ɔyɛ ɔsom mu panyin, ɔbenfo, anaa tu a otu ne ho ma dwumadi bi koraa nti.” Asɛmfua “sigyadi” no kyerɛ “wɔn a wɔnware esiane ntam kronkron bi a wɔaka anaa biribi a wɔpo anaa gyidi a wɔwɔ sɛ sigyadi ye ma obi esiane ɔsom mu dibea anaa ɔsom mu nsi a ɔyɛ nti.”

Bere bi a abɛsen kɔ no, ɔsom atitiriw bi de yɛɛ wɔn mmara sɛ wɔn asomfo nni sigya. Nanso, Kristoman mu ɔsom biara nni hɔ a, sigyadi ayɛ wɔn su kɛse sɛ Katoleksom. Ɛnnɛ, ntawntawdi pii asɔre wɔ Katolekfo sigyadi no ho. The Wilson Quarterly ka sɛ “nhwehwɛmu pii a wɔayɛ wɔ nnansa yi mfe mu no ada no adi sɛ sigya a wɔhyɛ wɔn ho di, a ɛyɛ ahwehwɛde ma Katolek asɔfo fi afeha a ɛto so 12 mu no na ɛde asɔre no haw a ɛne asɔfo a wɔbɛfa wɔn, na wɔakɔ so atra asɔfodi no mu no aba.” Sɛnea nnipa fekubɔ ho nimdefo Richard A. Schoenherr kyerɛ no, “abakɔsɛm mu nokwasɛm ne asetra mu nsakrae reko tia mmarima sigyafo nkutoo a wɔfa wɔn Katolek asɔfo no.” Dɛn ne Bible no adwene wɔ sigyadi ho?

Aware Anaa Sigyadi?

Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, ɔsom ahorow mu mmarima ne mmea pii a wɔyɛ nsi apaw sɛ wobedi sigya. Dɛn ntia? Wɔ nsɛm pii mu no, esiane sɛ wogye dii sɛ honam fam nneɛma yɛ “bɔne ntini” nti. Eyi na ɛkɔfaa nyansapɛ a ɛne sɛ nna ho nneyɛe biara a obi bɛtwe ne ho afi ho nkutoo na ebetumi ama ne ho atew honhom fam no bae. Nanso, eyi nyɛ Bible no adwene. Wɔ Bible mu no, wobu aware sɛ akyɛde kronkron a ɛho tew a efi Nyankopɔn hɔ. Genesis kyerɛwtohɔ a ɛfa adebɔ ho no ka aware ho asɛm pefee sɛ “eye” wɔ Onyankopɔn ani so, na ɛda adi sɛ ensiw obi kwan sɛ ɔne Onyankopɔn benya honhom fam abusuabɔ a ɛho tew.—Genesis 1:26-28, 31; 2:18, 22-24; hwɛ Mmebusɛm 5:15-19 nso.

Ná ɔsomafo Petro ne Onyankopɔn asomfo foforo a wɔwɔ tumi wɔ tete Kristofo asafo no mu no yɛ awarefo. (Mateo 8:14; Asomafo no Nnwuma 18:2; 21:8, 9; 1 Korintofo 9:5) Asafo mu ahwɛfo, anaa ‘asɔfo mpanyin,’ a wɔpaw wɔn ho akwankyerɛ a ɔsomafo Paulo de maa Timoteo no ma eyi mu da hɔ pefee. Ɔkyerɛw sɛ: “Nea ɛsɛ ɔsɔfo panyin ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyere biako kunu.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; 1 Timoteo 3:2, Revised Standard Version, Katolek Nkyerɛase no) Hyɛ no nsow sɛ wanka biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɛmfata koraa sɛ “ɔsɔfo panyin bi” bɛware. Nea Paulo kyerɛe ara ne sɛ ɛnsɛ sɛ “ɔsɔfo panyin bi” nya yerenom pii; sɛ waware a, ɛsɛ sɛ ne yere yɛ biako pɛ. Nokwarem no, Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature a McClintock ne Strong yɛe no ka sɛ: “Asɛm biara nni Apam Foforo no mu a wobetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ etia mmara sɛ asɔfo bɛware bere a wɔreyɛ Asɔfodwuma no.”

Bere a Bible no kyerɛ obu kɛse ma aware no, sɛ obi fi ne pɛ mu paw sigyadi a, ɛnkasa ntia ɔkwan biara so. Bible kamfo kyerɛ sɛ ebetumi ayɛ asetra kwan a eye ma ebinom. (1 Korintofo 7:7, 8) Yesu Kristo kae sɛ mmarima ne mmea binom fi wɔn pɛ mu paw sigyadi. (Mateo 19:12) Dɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ biribi wɔ hɔ a enye koraa wɔ aware ho a ebesiw wɔn honhom fam nkɔso kwan ntia. Wɔpaw saa kwan yi ara kwa na ama wɔatumi de wɔn adwene asi mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde so wɔ nea na wosusuw sɛ ɛyɛ mmere a nneɛma gye ntɛmpɛ mu no.

Nea Ɛde Sigya a Wɔhyɛ Nkurɔfo Ma Wodi Bae

Nanso, nneɛma sesae wɔ Kristo akyi mfehaha no mu. David Rice, Dominicanni a ogyaee asɔfodi kɔwaree no kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ mfeha abiɛsa a edi kan wɔ Yɛn Bere yi mu no, “na asomfo awarefo ne asigyafo nyinaa wɔ hɔ.” Afei, nea nyamesom ho nhoma kyerɛwfo bi kaa ho asɛm sɛ “Hela ne Bible mu nsusuwii ahorow a wɔde afra,” a ɛma wonyaa nna ne aware ho adwene a ɛnteɛ no, fii ase nyaa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no so nkɛntɛnso.

Nokwarem no, ebinom kɔɔ so dii sigya “na ama wɔanya ahofadi pii a ɛbɛma wɔde [wɔn ho] ama Onyankopɔn ahenni adwuma no koraa.” Nanso, abosonsom mu nyansapɛ ahorow a na afoforo anya na ɛkɛntɛn ebinom so. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Gyidi a wobenyae sɛ nna mu nkitahodi yɛ afĩde na ɛmfata kronn a wɔbɛyɛ wɔ [nea na wɔfrɛ no Kristofo asɔre] mu no ne ade titiriw a ɛhyɛɛ nkurɔfo nkuran ma wodii sigya.”

Rice ka sɛ, wɔ afeha a ɛto so anan mu no, asɔre no “barae sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfo a wɔaware no nya nna mu nkitahodi anadwo a ade rebɛkye ma wɔadi Adidi Kronkron no.” Bere a asɔre no maa Adidi Kronkron no bɛyɛɛ daa adeyɛ no, na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asɔfo twe wɔn ho fi nna mu nkitahodi ho koraa. Bere kɔɔ so no, wɔbarae sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfo ware koraa. Enti sigyadi bɛyɛɛ ahyɛde katee maa obiara a ɔbɛyɛ sɔfo wɔ asɔre no mu no.

Ɔsomafo Paulo bɔɔ adeyɛ a ɛte saa ho kɔkɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Honhom no ka no fann sɛ akyiri mmere mu no, ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho, na wɔapaw sɛ wobetie nnaadaa ahonhom ne nkyerɛkyerɛ a efi ahonhommɔne hɔ . . . Wɔbɛka sɛ aware yɛ akyide.”—1 Timoteo 4:1, 3, Jerusalem Bible.

Yesu Kristo kae sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Nyansa a ennim sɛ ebinom bɛwae afi Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho no ada adi denam ne nnwuma anaa nea afi mu aba no so. Nhoma kyerɛwfo David Rice bisabisaa asɔfo pii nsɛm wɔ wiase nyinaa wɔ asɛm a ɛfa sigya a wɔhyɛ nkurɔfo ma wodi no ho. Ebinom a ɔne wɔn kasae no kae sɛ: “Wo de, tra asɔfodi no mu, yɛ papa biara a wubetumi, da wo ho adi anifere mu sɛ wode wo ho ama koraa, na kyerɛ mmea a wɔpɛ sɛ wɔne wo nya nna mu nkitahodi no ho anigye.”

Bere a Rice refa asɛm a ɛwɔ Mateo 7:20 aka no, ɔka sɛ: “Yesu kae sɛ, ‘wɔn aba na mode behu wɔn.’” Afei ɔka awerɛhosɛm a afi sigyadi a wɔde hyɛ nkurɔfo mu aba no ho asɛm sɛ: “Aba a efi sigya a wɔhyɛ nkurɔfo ma wodi mu aba ne mmarima mpempem pii a wɔnam asetra kwan abien so, mmea mpempem pii a wɔn bra asɛe, mmofra mpempem pii a wɔn agyanom a wɔyɛ asɔfo apo wɔn, na asɔfo a wɔrehu amane wɔ nkate fam de, yɛnka.”

Aware a nidi wom yɛ Onyankopɔn nhyira. Sigya a wɔhyɛ nkurɔfo ma wodi abɛyɛ biribi a epira wɔn wɔ honhom fam. Nanso, sigyadi a obi fi ne pɛ mu paw, bere a ɛnyɛ sɛ ɛyɛ ade titiriw ma kronnyɛ anaa nkwagye no, abɛyɛ asetra kwan a mfaso wɔ so na ɛma honhom fam abotɔyam ama ebinom.—Mateo 19:12.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]

Life

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena