Bible No Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Nsɛm Mu
WƆ KATOLEKFO koma pafo pii fam no, adwene a ɛne sɛ Maria ne ne kunu Yosef nyaa ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa no ankasa yɛ asɛm a ɛyɛ nwonwa a wonnye ntom. Eyi te saa efisɛ wɔn asɔre no su wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho ama Katolekfo pii anya adwene sɛ obi rentumi nyɛ ɔkronkronni ankasa bere a ɔde ne ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu a ɛyɛ nea wɔaware mpo no. Nanso so aware ne kronkronyɛ nhyia? Dɛn na Bible no kyerɛ?
Wɔ tete Israel no na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ asɔfo yɛ kronkron, nanso na aware ye ma wɔn. (Leviticus 21:6, 7, 13) Wɔ Kristofo asafo no mu no na Petro—a Katolek Asɔre no bu no sɛ paapa a odi kan no—yɛ ɔwarefo te sɛ asomafo no pii no ara. (Mateo 8:14; 1 Korintofo 9:5) Wɔ Kristofo asafo mu no, “ɔhwɛfo” (“bishop” wɔ Katolekfo Douay Version mu) betumi ayɛ “ɔyere biako kunu.” (1 Timoteo 3:2) Na “ɔpanyin” (“ɔsɔfo,” wɔ Douay mu) betumi ayɛ ɔwarefo (Tito 1:5-8) Nokwarem no, na afeha a edi kan Kristofo anokwafo nyinaa yɛ ‘nnipa a Onyankopɔn apaw wɔn, ahotefo ne adɔfo,’ na na wɔn mu pii yɛ awarefo. (Kolosefo 3:12, 18-21) Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ wobɛka sɛ na eyi yɛ aware a ɔbarima ne ɔbea nna nka ho, efisɛ anka ɛno bɛyɛ nea ɛbɔ ɔsomafo no afotu a ɔde mae wɔ 1 Korintofo 7:2-5 no abira.
Enti sɛnea Bible kyerɛ no, aware ne kronkronyɛ nyɛ nea ɛne ne ho nhyia. Sɛ aware yɛ biribi a ɛho ntew a, so anka Onyankopɔn bɛka n’ankasa ho asɛm sɛ Israel ‘kunu’ na Bible no nso aka Kristo ho asɛm sɛ ɔyɛ “okunu” ma Kristofo asafo no?—Yesaia 54:5; 62:4, 5; Efesofo 5:23-32; Adiyisɛm 19:7; 21:2, 9.
Enti ɛho nhia sɛ yɛn ahonim haw yɛn wɔ gye a yebegye Bible adanse a emu da hɔ pefee sɛ wɔ Yesu ɔbaabun awo no akyi no, Yosef ne Maria traa ase sɛ awarefo na ɔne no woo mmabarima ne mmabea afoforo atom no ho. Ná eyinom yɛ Yesu honam fam nuanom mmarima ne mmea a Maria na ɔwoo wɔn nyinaa. (Mateo 1:24, 25; Marko 3:31) Eyi nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛdɔ Maria na yɛadi no ni sɛ ɔbea kronkron te sɛ nea wo a Sarawoo Isak no ansiw Petro kwan sɛ ɔde no bɛka tete “mmea kronkron” no ho no.—1 Petro 3:5-7; Hebrifo 11:11, 12.
Awaregyae ne Awo Ano a Wosiw
Eye sɛ Katolek Asɔre no nhyɛ awaregyae ho nkuran na ɛkasa tia nyinsɛn a woyi gu. Nanso so ɛyɛ nea Bible no boa no bere a ɛpow awaregyae a nea enti a ɛba saa biara mfa ho na ɛka sɛ “ɛsɛ sɛ aware biara ma nkwa a efi mu ba biara kwan” no?—Humanae Vitae.
Mfiase no Yehowa Nyankopɔn hyehyɛɛ aware sɛ ɔbarima biako ne ɔbea biako ntam daa apam. (Genesis 2:22-24) Yesu san de gyinapɛn yi sii hɔ wɔ Kristofo asafo no mu na ɔkae sɛ, “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” Nanso ɔde kaa ho sɛ, “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforo a, na wasɛe aware.”—Mateo 19:4-6, 9; 5:32.
Enti, Bible no ka sɛ nokware a wonni wɔ aware mu nna mu ne ade koro pɛ a edi mũ a wogyina so gyae aware. Katee a Katolek Asɔre no yɛ wɔ asɛm yi mu sen nea Kyerɛwnsɛm no ka no mfaa biribi pa bi mmrɛɛ asɔre no ankasa anaasɛ emufo ɔpepem pii no. Ɛreka nea afi gyinaesi yi mu aba wɔ abakɔsɛm mu ho asɛm no, The New Encyclopaedia Britannica se: “Kateeyɛ wɔ aware a wonnyae mu no ka ho na ama awaresɛe mu atrɛw kɛse a wɔnnka ho hwee a Roman Katolek Asɔre no bu sɛ ɛno ye sen awaregyae no.”
Ɛdefa awo ano a wosiw ho no, Katolekfo sɔfo panyin Augustine (354-430 Y.B.) buu ɔbarima ne ɔbea nna wɔ aware mu mpo sɛ ɛyɛ bɔne, sɛ wɔyɛ biribi de siw nyinsɛn kwan a. Eyi da so ara yɛ Katolek Asɔre no adwene sɛnea Paapa Paul VI da no di wɔ ne 1968 Humanae Vitae krataa no mu na Paapa John Paul II san sii so dua no. Ɛyɛ gyinaesi a ahaw Katolekfo koma pafo adwene. Nanso Bible no mmara awo ano a wobesiw; ɛnka ho asɛm biara.
Nanso Bible no mpene nyinsɛn a woyi gu so sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Exodus 20:13 ne 21:22, 23 kyerɛ no. Nea ɛka eyi ho ne nea wɔde di dwuma bere a nyinsɛn aba dedaw no, efisɛ eyi yɛ obi a wafi ase renyin a wokum no. Wɔ eyi akyi no, Bible no gyaw asɛm a ɛfa abusua mufo dodow ho nhyehyɛe ho no ma Kristofo awarefo biara ahonim. Esiane sɛ Roma kɔ so ara hyɛ ne gyinabea wɔ awo ano a wosiw ho no mu den nti, ‘atra nea wɔakyerɛw ato hɔ’ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no.—1 Korintofo 4:6.
Bible no ne Ɔsom mu Sigyadi
Ɛwom sɛ sɛnea yɛadi kan ahu no, ɔsom mu sigyadi a ɛyɛ ɔhyɛ nyɛ biribi a Bible no hwehwɛ de, nanso ɛka ɔhokwafo a obi fi ne pɛ mu yɛ ho asɛm. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ayitotofo bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn saa fi wɔn na yam, na ayitotofo bi nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ayitotofo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Nea obetumi agye no, ma onnye.” (Mateo 19:12) Enti Yesu anka sɛ ɔsom mu sigyadi yɛ ɔhyɛ; sɛnea yɛadi kan ahu nso no, na n’asomafo no binom yɛ awarefo.—Marko 1:29, 30; 1 Korintofo 9:5.
Ɔsomafo Paulo nso ka ɔsom mu sigya a obi fi ne pɛ mu di a ɛfa Kristofo mmarima ne mmea nyinaa ho ho asɛm, na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mo ankasa yiyedi nti na meka .eyi; ɛnyɛ sɛ mehyɛ mo so, na mmom fɛ a ɛbɛyɛ ne ɔtra a mobɛtra Awurade fam yiye, na biribi annye mo asabawmu ntia.” (1 Korintofo 7:8, 35, 38, 40) Emu da hɔ pefee sɛ wɔ Bible no fam no, sigyadi yɛ akyɛde a Kristofo mmarima ne mmea binom betumi anya na ama wɔatumi afi wɔn pɛ mu de wɔn ho nyinaa ama Onyankopɔn som. Ɛho nhia sɛ ntanka anaa ɔhyɛ biara bɛbam.—1 Korintofo 7:28, 36.
Mmom no, ɔsom mu sigyadi a ɛyɛ ɔhyɛ yɛ ɔwae ho sɛnkyerɛnne sɛnea yɛkenkan wɔ 1 Timoteo 4:1-3 no: “Honhom no ka fann sɛ akyiri nna bi mu ebinom bɛfam nnaadaaahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho, atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na ɔhyehyew ano atwa wɔ wɔn ankasa ahonim mu. Wosiw aware kwan.”
Kura Bible Adwene no Mu
Katolekfo nhoma ahorow mu nhwehwɛmu da no adi sɛ Katolekfo nkyerɛkyerɛ ne gyinaesi wɔ nsɛm a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho mu no gyina abosonsomfo ahintasɛm som so kɛse. Nea ɛde aba ne animtiaa a wobu aware, afobu nka a wɔma wɔte wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm mu ne ɔhaw a ɛde abɛto Katolekfo koma pafo pii so no.
Wɔ ɔkwan foforo so no, Bible no kyerɛ sɛ aware yɛ biribi a nidi wom ne sɛ ɔbarima ne ɔbea nna wɔ aware nhyehyɛe no mu nsiw Kristoni ɔbarima anaa ɔbea kwan wɔ kronkron a ɔbɛyɛ wɔ Onyankopɔn anim no mu. Ɛda no adi nso sɛ ɔhokwafo a obi fi ne pɛ mu yɛ betumi ayɛ nea mfaso wɔ so honhom mu, sɛ onii no de ne bere ne n’ahoɔden som Onyankopɔn a.
Yɛwɔ anidaso sɛ nhwehwɛmu tiaa a ɛfa nsɛm a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho no ho yi bɛboa Katolekfo a wosusuw nneɛma ho ne afoforo a ebia wɔahu amane esiane nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ katee a ɛdan kɔ Babilonfo tete ahintasɛm ahorow so nti no nyinaa. Sɛnea nhoma ahorow pii di ho adanse no, eyi nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ. Sɛ nyamesom kuw bi nkyerɛkyerɛ ne Kyerɛwnsɛm no nhyia a, ɛho nhia sɛ nnipa a wosuro Nyankopɔn suro sa wɔbɛpow. Wɔhyɛ nnipa a wɔte sɛɛ nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Onyankopɔn Asɛm no nhwehwɛ asɔre nkyerɛkyerɛ mu a Yesu asɛm no wɔ wɔn adwenem, sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”—Yohane 8:31, 32.
[Kratafa 11 mfoni]
Ɛho nhia sɛ obi di sigya ansa no waka Onyankopɔn Asɛm no. Ɔsomafo Petro anyɛ saa