Ɔsom Mu Sigyadi—Dɛn Nti Na Wɔde Too Wɔn Ho So?
ƆSOM MU SIGYADI a ɛyɛ nea wɔhwehwɛ wɔ asɔfo ho no kɔ so ara yɛ nea Katolekfo ani nnye ho. Bere a Paapa John Paul II kɔɔ Switzerland nnansa yi no, nhwehwɛmu a wɔyɛe daa no adi sɛ Katolekfo a wɔwɔ saa ɔman no mu no ɔha biara mu 38 pɛ na wɔpene asɔfo sigyadi a ɛyɛ ɔhyɛ no so. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛ wɔ Amerika wɔ 1983 mu daa no adi sɛ Roman Katolekfo a wɔwɔ hɔ no ɔha biara mu 58 pene asɔfo a wɔbɛma wɔn kwan ma wɔaware no so.
Nanso Paapa John Paul II asan asi asɔfo sigyadi mmara no so dua te sɛ nea Paul VI yɛe wɔ ne krataa Sacerdotalis Caelibatus (Asɔfo Sigyadi) a agye din a ɔkyerɛwee wɔ 1967 no mu no. Dɛn nti na Vatican kɔ so de mmara a wɔmpɛ yi to wɔn so bere a ɛte sɛ nea etia n’ankasa yiyedi mpo no? So na asɔfo sigyadi yɛ biribi a wɔhwehwɛ a Kristo ne asomafo no de too hɔ?
Ɛhe Na Efi?
Wɔ paapa no 1967 krataa yi nnianim asɛm no mu no, Paapa Paul VI gye toom sɛ “Apam Foforo a ɛkora Kristo ne Asomafo no kyerɛkyerɛ so no . . . nhwehwɛ ɔsom kronn mu sigyadi.” Saa ara na The Catholic Encyclopedia no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea kyerɛw nsɛm yi [1 Timoteo 3:2, 12; Tito 1:6] sɔre tia akyinnye biara a wobegye sɛ na ɔsom mu sigyadi yɛ asɛyɛde a ɛda asɔfo so fi mfiase no. . . . Ɛte sɛ nea hokwan a na wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ yi ayɛ nea na ɛwɔ hɔ wɔ nea yebetumi afrɛ no . . . Asɔre no mmara a edi kan bere no nyinaa mu, de besi bɛyɛ Konstantino ne Nicaea Bagua no bere so.”
Enti sɛ ɔsom mu sigyadi a ɛyɛ ɔhyɛ ma asɔfo yi mfi Kristo anaa n’asomafo no a, ɛnde na efi he?
M’Clintock ne Strong Cyclopaedia no ka sɛ, “Wɔ tete Abosonsomfo no bere so no, naɔsom mu sigyadi yɛ nea wɔde obu kɛse ma.” Nhoma afoforo kyerɛ sɛ, “tete Abosonsomfo no bere” no kɔ akyiri kodu tete Babilon ne Misraim. The New Encyclopaedia Britannica ka sɛ: “Bere a tete anibuei kɛse no bae no, ɔsom mu sigyadi nso yii ne ho adi wɔ akwan horow pii so.” Sɛ nhwɛso no, wɔde bataa lsis a ɔyɛ Misrifo awo nyamewaa no som ho sɛnea Britannica ka no: “Na ɔbarima ne ɔbea nna a wɔtwe ho fi ho yɛ ahiade kɛse a wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔhyɛ n’ahintasɛm kronkron ho fa no ho.”
Bio nso, Alexander Hislop kae wɔ ne nhoma The Two Babylons no mu sɛ: “Nhomanimfo biara nim sɛ bere a wɔde Cybele a ɔyɛ Babilonfo nyamewaa no som baa Abosonsom Roma no, wɔyɛɛ saa a ne tete kwan a wɔfa so som no ne n’asɔfo a wodi sigya no ka ho.”
Dɛn nti na bere a Katolek Asɔre no resuasua tete abosonsom no, egyee asɔfo sigyadi no toom?
Nea Enti a Wogye Toom
Ade biako ne sɛ, asɔfo sigyadi no ma asɔre no mpanyimfo nya tumi. Eyi te saa, esiane sɛ wonni adedifo biara wɔ wɔn asɔfo dwuma no mu nti, mpanyimfo no nkutoo na wobetumi de obi asi ɔsɔfo bi ananmu. The Catholic Encyclopedia no mpo gye tom sɛ wɔakasa atia Roma sɛ ɛde ɔsom mu sigyadi di dwuma “de ka asɔfo no hyɛ tumi kɛse a ɛwɔ Roma no ase.”
Nanso pii wom sen saa. Amanneɛbɔ pon a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no so a ɛda “Asɔfo Sigyadi ho Abakɔsɛm” adi no kyerɛ sɛ afeha a ɛto so 12 Y.B. yi ara mu na ɔsom mu sigyadi a ɛyɛ ɔhyɛ no bɛyɛɛ asɔre no mmara. Paapa a ɔbɔɔ mmɔden yɛɛ ho nhyehyɛe wɔ gye a wobegye atom no mu ne Gregory VII (1073-85) . Nea ɛyɛ anigye no, wɔka ne ho asɛm sɛ ɔno na “ohuu no pefee sen obiara sɛ tumi a enya nkɔso kɛse bɛba wɔ asɔfokuw a wɔnware mu” no.
Nanso, sɛ́ nea ɛka Katolek Asɔre no tumidi nhyehyɛe no a ɛboa ma ɛkɔɔ so no ho no, asɔfo sigyadi mmara no maa asɔfo no bɛyɛɛ nnipa a wɔkorɔn wɔ mpapahwekwa no so nso. Georges Duby a ɔyɛ Franse abakɔsɛm akyerɛwfo akɛse no mu biako no kaa mfinimfini mmere mu nkokorafo ne asɔfo no ho asɛm nnansa yi sɛ, esiane wɔn ɔsom mu sigyadi no nti, “na wɔkorɔn wɔ tumidi mu sen afoforo; na wɔwɔ hokwan sɛ wodi ɔmanfo a wɔaka no so.”
Nea Afi Mu Aba
Ɛdefa nea afi kame a ɛde aware hokwan kame n’asɔfo ho mu aba no. The Catholic Encyclopedia no ka sɛ: “Ɛnyɛ nea yebetumi aka sɛ abrabɔ pa a akɔ fam koraa a wɔ mmere horow mu wɔ wiase abakɔsɛm mu, ne wɔ aman ahorow a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo so a ɛtɔ bere bi a Katolek asɔfo de wɔn ho hyem no nte saa anaasɛ yɛbɛkata so.” Ɛnnɛ mpo nea afi asɔfo ɔbrasɛe wɔ aman pii so no mu aba ne asɔfo no anuonyam a akɔ fam wɔ nnipa komapafo ani so no.
Asɔfo sigyadi mmara a wogye toom fii abosonsom mu no ama anuonyam a aware wɔ a ɛyɛ nhyehyɛe a nidi wom a Onyankopɔn ankasa de sii hɔ no akɔ fam. (Mateo 19:4-6; Genesis 2:21-24; Hebrifo 13:4) Sɛnea The New Encyclopaedia Britannica ka no: “Saa adwene a ɛne ɔsom mu ahotew yi ama su a ɛne aware a wɔbɛbrɛ no ase na wɔama ɔbarima ne ɔbea nna ayɛ bɔne kɛse no anya nkɔso na nea ɛde aba ne hwɛ a wɔnhwɛ kwan sɛ asɔfo ne nkokorafo bɛware a amantawntawdi akɔ so wɔ asɔre no mu mfehaha pii no.”
Adwen horow bi a ɛkɔ akyiri na wɔde gyee asɔfo sigyadi no toom a ebia ɛno bɛkyerɛ nea enti a wokura mu ara no mu. Nanso ɛnyɛ nea ɛho aba mfaso ama Katolekfo anaasɛ wɔn asɔfo no. Asɔre no ankasa mpo ahu amane wom, efisɛ ɛyɛ nea wogye di sɛ asɔfo a wɔn dodow so ahuan nnansa yi no fã kɛse fi mmara a ennyina Kyerɛwnsɛm so yi.
Katolek Asɔre no adwene wɔ ɛware ne ɔbarima ne ɔbea nna ho no fã foforo da adi bere a wohwehwɛ wɔn gyidi a ɛfa Maria daa ɔbaabunyɛ ho no mu no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Apam Foforo no . . . nhwehwɛ ɔsom kronn mu sigyadi.”—Paapa Paul Vl
[Kratafa 6 adaka]
Asɔfo Sigyadi ho Abakɔsɛm
Afeha a adi Kan: “Yenhu biribiara wɔ Apam Foforo no mu a ɛkyerɛ sɛ na ɔsom mu sigyadi yɛ ɔhyɛ ma Asomafo no anaa wɔn a wɔsraa wɔn no.’—The Catholic Encyclopedia.
Afeha a Ɛto So Anan: “Adanse a akyɛ sen biara a ɛfa asɔfo sigyadi mmara ho ne Elvira [Spain] Bagua no Mmara 33, bɛyɛ 300 Y.B. mu.”—Dictionnaire de Théologie Catholique.
“Nicaea Bagua [325 Y.B.] no powee sɛ ɛde mmara [Elvira Mmara 33] yi bɛto Asɔre no nyinaa so.”—A Catholic Dictionary.
Ɛde Besi Afeha a Ɛto so Du: “Wɔ mfehaha pii mu no na asɛm a ɛfa asɔfo sigyadi ho yi yɛ nea wogye akyinnye wɔ ho daa wɔ asɔre no mu. Nsɛmmɔnedi bɛyɛɛ nea abu so wɔ asɔfo no mu; ɛte sɛ nea wɔn dibea wɔ afeha a ɛto so akron ne du no mu yɛ nea wɔde yɛɛ ade traa so. . . . Asɔfo pii yii wɔn anim waree, ɛwom sɛ na bagua ahorow yɛ mmara foforo tia wɔn bere nyinaa de.”—M’Clintock ne Strong Cyclopædia.
Afeha a Ɛto so Dubiako: “Paris Nhyiam (1074) no antwentwɛn ne nan ase sɛ ɛbɛka sɛ sigyadi mmara no yɛ nea wontumi nnye ntom a ntease nnim nso. . . . Wɔ aman bi so nso mmara no nyinaa anaasɛ ne fã bi bɛyɛɛ nea wonni so bere tenten. Wɔ England no, Winchester Nhyiam no susuwii wɔ 1076 mu sɛ eye sɛ anyɛ yiye koraa no wɔbɛma asɔfo a wɔaware dedaw wɔ nkurow akɛse ne nketewa mu no kwan ma wɔakɔ so aware wɔn yerenom.”—A Manual of Church History (Katolek) ,
F. X. Funk.
Afeha a Ɛto so Dumien: “Afei wɔ 1123 mu wɔ Lateran Bagua no nhyiam a edi kan ase no, wɔyɛɛ mmara (wosii so dua ankasa wɔ bagua no nhyiam a ɛto so abien no ase, mmara vii) a bere a emu nsɛm no ankasa mu nna hɔ no, wɔde kyerɛe sɛ aware ahorow a asɔfo nketewa ne akɛse de wɔn ho ahyem no nni mũ. . . . Wobetumi aka sɛ eyi hyɛ nkonim a ɔsom mu sigyadi kwan no adi agyirae.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)—The Catholic Encyclopedia.
Ɛde Besi Afeha a Ɛto so Dunsia: “Wɔ Latin Asɔre no mu no, [ɔsom mu sigyadi] mmara no a wotintimii amma ntawntawdi no annyae. Wɔ afeha a ɛto so 13 ne 14 mu no, nnipa a wɔaben wɔ asɔre mmara mu no pii ne asɔfo mpanyin mpo kae sɛ wonnye Apuei Fam [Asɔre] mmara a ɛma asɔfo kwan ma wɔware no ntom. Wonyaa biribi a wobegyina so wɔ asɔfo anuonyam a akɔ fam ne nyamesomfo no abrabɔ a ayɛ te sɛ Mfinimfini Mmere no mfiase hɔ de no mu. Wɔ nhyiam akɛse a wɔyɛe wɔ Constance (1414-18) , Basel (1431-39) , ne Trent (1545-63) no ase no, asɔfo nketewa ne akɛse kae sɛ wongu ɔsom mu sigyadi mmara no.”—Encyclopædia Universalis.
“Wɔ Trent Nhyiam (1545-63) no ase no, asɔfo mpanyin pii ne ɔhempɔn Charles V penee so sɛ ɛsɛ sɛ wogow [ɔsom mu sigyadi] mmara no mu. Nanso wɔn mu pii sii gyinae sɛ Onyankopɔn renyi ahotew akyɛde no mfi wɔn a wɔbɔ ho mpae sɛnea ɛteɛ no so, na enti awiei koraa no ɔsom mu sigyadi mmraa no bɛyɛɛ nea wɔde too Roman Katolek Asɔre no asɔfo so daa.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)—M’Clintock ne Strong Cyclopædia.
Afeha a Ɛto so Aduonu: “Ɛdefa Vatican Bagua a ɛto so abien (1962-65) no ho no, asɔfo sigyadi asan abɛyɛ mmɔkaw wɔ Roman Asɔre no mu bio. . . . Ansa na eyi reba no, asɔfo a na wɔpɛ sɛ wogyae asɔfodi na wɔkɔware no dodow akɔ anim kɛse. . . . Nanso Paapa Paul VI kyerɛw Sacerdotalis Caelibatus (June 23, 1967) a ɔde resi asɔre no tete mmara a ɛfa ɔsom mu sigyadi ho no so dua.”—Encyclopædia Britannica.