Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wosakra?
YƐN mu kakraa bi pɛ na yɛpɛ sɛ yegye tom sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ atitiriw. Hwɛ sɛnea nsɛm a efi Scotlandni anwensɛm kyerɛwfo Robert Burns hɔ yi yɛ nokware: “O sɛ anka wɔbɛma yɛn tumi a yɛde behu yɛn ho te sɛ nea afoforo hu yɛn no ɛ.” Yiw, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu afoforo ho mfomso na ebia yɛbɛyɛ ntɛm de ho afotu ama na yɛakyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ agyae. Nanso ebia wɔde nyansahyɛ a yɛn ankasa hia na yɛasesa yɛn nneyɛe ma yɛn a, yɛn bo befuw. So ɛbɛma wo bo afuw?
Ma yennyina kakra na yɛnyɛ wiase a ɛyɛ pɛ a emu no obiara ho tew, ɔwɔ akwahosan pa, anigye na ɔyɛ ɔnokwafo ho mfonini wɔ yɛn adwenem; beae a sodifo no mpo yɛ ayamyefo, wɔyɛ timmɔbɔ, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ afoforo yiye; beae a adifudepɛ nni hɔ, na obiara nsisi ne yɔnko nipa; beae a mmofra yɛ osetie ma awofo a wɔwɔ ɔdɔ na wɔn ani kũ wɔn mma ho; beae a abufuw nni hɔ—basabasayɛ nni hɔ, nsɛmmɔnedi nni hɔ, ɔbrabɔne nni hɔ; beae a nnipa fi awosu mu yɛ anokwafo a wɔn ho yɛ anigye; beae a wobetumi atra ase wɔ ahotɔ ne yiyedi mu.
So wutumi hu wo ho sɛ sɛ Adaeso wiase a ɛte saa betumi aba a, anka wobɛfata sɛ wotra mu? Wiɛ, asɛmpa a efi Bible mu ne sɛ ɛnkyɛ biara wiase a ɛte saa bɛba. Enti asemmisa a ɛho hia ne sɛ: So wowɔ suban bi a ɛbɛma woayɛ nea ɔmfata sɛ ɔtra beae a ɛyɛ anigye yi? Wususuw sɛ, mmɔden a wobɛbɔ na woafata ama paradise a ɛte saa mu asetra no bɛyɛ den dɛn?—Yesaia 65:17-25; 2 Petro 3:13.
Mprempren mpo, ansa na saa wiase foforo no bɛba no, so wubetumi ayɛ wo nneyɛe ne wo suban ho biribi na w’asetra ayɛ nea eye? Sɛ saa a, dɛn nti na wonsakra? Wubetumi ayɛ saa. Kae sɛ, mfitiase no, nkɛntɛnso ahorow pɔtee bi na ɛma wunyaa wo suban no, enti sɛ wunya so tumi ne ɔpɛ a, wubetumi asakra wo suban mprempren mpo.
Nanso ebia wobɛka sɛ: ‘Nanso so metumi asakra ankasa? Masɔ ahwɛ pɛn, mpɛn pii, nanso anyɛ yiye. Nea me te ara na me te, na mintumi nyɛ ho hwee!’
Susuw Paulo, Yesu Kristo somafo no ho. (Romafo 7:18-21) Paulo sakra fii obi a ɔyɛ basabasa, obu ne ho ɔtreneeni a ɔsɔre tia Kristofo a na ɔyɛ no ho ma n’ankasa bɛyɛɛ Kristoni. Ɔsakrae efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa ampa. Wampa abaw esiane huammɔdi anaasɛ awosu mmara mu nkɛntɛnso ahorow nti. Wannye anni sɛ ne nipasu dedaw no yɛ nea ontumi nsakra no. Egyee mmɔdenbɔ pii wɔ ne fam. Nanso onyaa mmoa pii.—Galatifo 1:13-16.
Na mmoa yi fi he?