Onii A Woyɛ Ankasa A Wubehu
SƐ WOHWƐ ahwehwɛ mu a, dɛn na wuhu? Wo ankasa ho. Nanso so ɛno kyerɛ wo sɛnea wote ankasa? So ɛma wuhu sɛnea ebia afoforo hu wo sɛ onipa no? So wunim onii a woyɛ ankasa? Nea edi kan koraa no, so wunim sɛnea wunyaa wo suban? Yiw, ɔkwan bɛn so na wo, sɛ onipasu no bae?
Sɛ wotra ase susuw nneɛma a ɛka bom yɛ wo nipasu no nyinaa ho a, ebia wubehu sɛ nneɛma anya wo so tumi—ebia denam nnipa anaasɛ nsɛm tebea afoforo so. Wɔ yɛn mmofraase pɛɛ no, yɛn mu pii annya nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn ankasa nipasu ne akwan no so nkɛntɛnso ahe biara. Enti ma yɛnhwɛ nkɛntɛnso ahorow a ɛma wunya nipasu a wɔde too wo so no—ebi wɔ hɔ bere tenten ansa na wunyaa hokwan sɛ wobɛyɛ wo ankasa suban ho biribi.
Awosu Mmara Di Mu Fã Kɛse
Ɔkwan bɛn so na awosu mmara anya wo so nkɛntɛnso? DNA a ɛwɔ kromosom a ɛma obi nya ne su mu no de onii a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ho akwankyerɛ ahorow ma. Enti awosu mmara wɔ wo suban so nkɛntɛnso kosi he? Ɛda so araa te sɛ nea ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ ɔkwan pɔtee a awosu mmara ne obi nipasu wɔ abusuabɔ no. Nanso, ɛte sɛ nea wɔahu nneɛma bi a ɛkyerɛ saa. Sɛ nhwɛso no, suban ahorow a wunya fii awo mu no mu bi wɔ wo nneyɛe so nkɛntɛnso tee. Enti ebinom fi awo mu mpɛ kasa na afoforo nso pɛ kasa.
Ɔpemfo nam ne nneyɛe, adwene ne nkate ahorow so mpo betumi ama ne ba a ɔnwoo no no adi yiye anaa wapira no. Asomdwoe anaa ɔhaw bɛn na wɔma wunyae bere a woda wo nã awotwaa mu no? Dɛn na wusua fii w’awofo nne nnyigyei, nnwom a wotiei mu? Ɔkwan bɛn so na aduan a wo nã dii no nyaa wo so nkɛntɛnso? Bere a ɔnom nsa a ano yɛ den anaa aduru no, enyaa ne so nkɛntɛnso dɛn? Bere a wɔwoo wo no na woanya wo suban no mu pii dedaw na ebia ɛyɛ den sɛ ɛbɛsakra.
Na Aduan, Nneɛma a Ɛmpɛ Wo Ho Ne Beae a Wote No Nso ɛ?
Bere a woyɛ abofra no ebia nneɛma bi a wunya fii w’aduan mu no nyaa wo suban so nkɛntɛnso. Mfremfremade, nnuan a wɔahyɛ no nnuru ne nea wɔde kora so—ne nyinaa betumi anya wo suban so nkɛntɛnso a wunhu. Ahopere, ahokyere, abufufa, ahotutuw ne nneyɛe a ɛtra so yɛ nea efi mu ba no bi. Lɔre wusiw, nnuru a ɛsɛe mframa a efi nnwumayɛbea ne mmeae afoforo no nso tumi nya suban so nkɛntɛnso. Anaasɛ, wɔ w’ankasa fam no, ebia na ade bi mpɛ wo ho koraa nanso ɛnhaw wɔn a wɔbɛn wo no.
Nea ɛka nkɛntɛnso ahorow yi ho no, w’awofo nneyɛe, nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ, wɔn nsusuwii a woatra ho fi mmofraase no anya wo so nkɛntɛnso na ɛkyerɛ nea wo nipasu bɛyɛ akosi baabi. Nea afi mu aba ne sɛ w’akwan ne wo nsusuwii wɔ asetra ho no mu pii te sɛ wɔn de no ara. Wompɛ nneɛma a wɔmpɛ. W’ani gye nneɛma a wɔn ani gye ho ho. Na ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ wusuasua wɔn kosi sɛ obi bɛka akyerɛ wo sɛ woyɛ w’ade te sɛ wo papa anaa wo maame. Wɔn sikasɛm ne asetra mu gyinabea nso nyaa wo so nkɛntɛnso, te sɛ tebea a ɛwɔ beae a wote ne sukuu mu no. Wo nnamfo ne wɔn a wo ne wɔn bɔ no nso anya wo so nkɛntɛnso kɛse. Ebia akwanhyia bɔne (a wo anaa w’adamfo a ɔbɛn wo yiye nyae) , ɔhaw a asi wɔ beae a wote anaasɛ mpo wiase haw ahorow no anya wo so nkɛntɛnso. Anaasɛ ebetumi aba sɛ ɔhaw bi te sɛ awaregyae anaa ɔyare a emu yɛ den bi aka wo nipasu.
So wubetumi asusuw ho ahu nkɛntɛnso ahorow yi mu bi?
Afã Bɛn Na Nyamesom Wɔ?
Ɛsɛ sɛ nyamesom boa ma woyɛ onipa pa, wobɔ ɔbra pa, wunya su pa ahorow na esiesie wo da biara nneyɛe. W’abrabɔ gyinapɛn ne wo nneyɛe mu ahe na nyamesom anya so nkɛntɛnso? Bere a anka ɛsɛ sɛ nyamesom siw anibiannaso ne basabasayɛ nneyɛe kwan mmom no, nyamesom a nnipa pii de wɔn ho abɔ no akɛntɛn wɔn so wɔ ɔkwan soronko so. Wohu nyaatwom ne honam fam ade dodowpɛ pii wɔ nsɔre no mu sen honhom mu nneɛma hwehwɛ, na ɛma wɔn bo fuw. Wobetumi abɛyɛ wɔn a wɔmpɛ nyamesom na wonni honhom mu nneɛma ho anigye ne anidaso mpo.
Ebia wubetumi akae suban so nkɛntɛnso afoforo no bi. Gye bere kakra fa susuw nneɛma a ebia akɛntɛn wo so abedu mprempren no mu bi ho. So wubetumi akyerɛ emu bi? Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wode nokwaredi bɛyɛ saa na woadwen nneɛma ho wɔ ɔkwan yi so, nanso ɛfata mmɔdenbɔ no na ebetumi aboa wo. Ɔkwan bɛn so?
Wiɛ, sɛ wubetumi ahu nkɛntɛnso bi anaasɛ nea ama woanya su bɔne bi wɔ wo nneyɛe mu, sɛ wubetumi akyerɛ pɔtee a, ɛbɛma woatumi anya so tumi, ebia wubeyi afi hɔ mpo. Sɛ wutumi nya nkɛntɛnso bɔne so tumi, anaasɛ mpo wuyi fi hɔ a, wubetumi asakra na woada suban pa adi akyerɛ afoforo.
Nokwarem no, ɛno yɛ asɛnnennen. Nanso esiane sɛ nnipa afoforo ne nsɛm tebea a na wunni so tumi na ɛkɛntɛn wo nneyɛe so nti, dɛn nti na wunni kan nyɛ tebea no ho biribi mma wo ho? Sɛ nsakrae na ehia a, dɛn nti na wonsakra sɛnea wo te no?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Ɔpemfo nneyɛe ne ne nkate ahorow betumi anya ne ba a ɔnwoo no no so nkɛntɛnso