Ɛsodi Betumi Ayɛ Yiye
“Yebetumi apaw nea yɛpɛ: Sɛ́ yebegyae nsã nom na yɛanya ahotɔ, anaasɛ yɛbɛkɔ so anom na yɛawu.”—Ɔsadweam bi a ɔregyae asãnom.
FA NO sɛ wunyan mpofirim anadwo bi hu sɛ wo fi rehyew. Afoforo bɛboa wo bere tiaa bi mu ma awiei koraa no, mutumi dum ogya no. So wubetumi asan akɔhyɛn wo dan mu hɔ ayɛ sɛ nea biribiara nsii? Dabida. Ofi no asɛe, na ebehia sɛ wɔsan siesie ansa na wɔatumi atra mu bio sɛ kan no.
Asɛnnennen a ɛte saa ara na ɛda ɔsadweam anim bere a on ase gyae asanom no. Nsã asɛe n’asetra, ebia mfe pii. Afei watwe ne ho afi ho. “Ogya” no adum, nanso sɛ ɔsadweam no bɛkɔ so atwe ne ho afi nsã ho a, ɛnde na ehia sɛ ɔyɛ nsiesiei akɛse bi wɔ ne suban, n’asetra kwan, ne ne nneyɛe mu. Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa ɔsadweam ma watumi agyae asanom koraa.
1. Hu Ɔtamfo No
Bible no se honam akɔnnɔ ahorow “ne ɔkra ko.” (1 Petro 2:11) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “ko” no kyerɛ “sraadi adwuma a wɔyɛ,” na adwene a ɛwɔ akyi ne ɔko a wɔde sɛe ade.—Fa toto Romafo 7:23-25 ho.
Sɛnea ɔsraani pa biara gye bere sua ne tamfo mpasuatwa kwan ahorow no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔsadweam sua sɛnea sadweamyɛ te no ho ade, ne sɛnea ɛsɛe ɔsadweam no ne wɔn a wɔbɛn no no.a—Hebrifo 5:14.
2. Sakra Asãnom ne Adwene
Oduruyɛfo bi se: “Nea asanom a wogyae kyerɛ ne sɛ toa no ne abofra no nyinaa befi hɔ.” Sɛ wɔbɛka no ɔkwan foforo so a, ɛsɛ sɛ wɔsakra biribi a ɛsen asanom; ɛsɛ sɛ onipa a wahintaw no nso sakra.
Bible no tu fo nyansam sɛ: “Momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho.” (Romafo 12:2) “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu.” (Kolosefo 3:9) Sɛ ɔsadweam no nneyɛe sakra nanso ne su ansakra a, nea ɔbɛyɛ ara ne sɛ ɔde ne ho bɛto biribi foforo a epira so—anaasɛ ɔde ne ho bɛsan akɔto dedaw no ara so.
3. Nya Obi a Ɔwɔ Ntease a Wobɛka Wo Nsɛm Akyerɛ No
Bible bɛ bi se: “Nea watwe ne ho no bɛhwehwɛ n’ankasa pɛsɛmenkominya akɔnnɔ; ɔbɛsɔre atia nyansa nyinaa.” (Mmebusɛm 18:1, New World Translation) Sɛ ɔsadweam agyae asãnom koraa mpo a, ebetumi ayɛ no sɛ ntease wɔ sɛnea osusuw nsɛm ho no mu. Enti, ohia obi a ɔbɛte no ase nanso ɔyɛ den a ɔbɛka ne nsɛm akyerɛ no (wɔtaa frɛ no ɔhwɛfo) . Sɛ nea wɔka nsɛm kyerɛ no no nso yɛ obi a ɔregyae sadweamyɛ a watumi adi asanom gyae mu nsɛnnennen ho dwuma yiye a, ɛyɛ papa. (Fa toto Mmebusɛm 27:17 ho.) Ɛsɛ sɛ nea wɔka nsɛm kyerɛ no sɛɛ no nya obu ma ɔsadweam no nyamesom mu gyidi ahorow na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho bɔ afɔre na wonya no ma ɔde mmoa ma bere nyinaa—Mmebusɛm 17:17.
4. Tɔ Wo Bo Ase
Ɛsodi yɛ nkakrankakra. Egye bere na ɔsadweam de asiesie n’asetram. Ebia obehyia sikasɛm mu ahokyere, adwumam ɔhaw ahorow, ofie nsɛm tebea a ayɛ basaa. Nsã a wogyae nom nkyerɛ ho a wɔde fi nsɛnnennen ho. Mfiase no, ɔsadweam a ɔregyae asanom no bɛte ahoyeraw nka bere a ɔtra ase a ɔnnom aduru biara a ‘edi nsɛnnennen ho dwuma’ no. Sɛ ahoyeraw a ɛte sɛɛ no yɛ sɛ nea ɔrentumi nni so a, ɛsɛ sɛ ɔsadweam a ɔregyae asanom no kae odwontofo no awerɛkyekye nsɛm no: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.
5. Paw Nnamfo Pa
Ɛsɛ sɛ ɔsadweam fi nokwaredi mu bisa ne ho sɛ: ‘So me nnamfo yɛ wɔn a wɔboa me wɔ nsa a magyae nom no ho anaa wɔkɔ so ka “bere pa a atwam” no ho asɛm ma mete nka sɛ merehwere biribi?’ Mmebusɛm 18:24, NW se: “Ayɔnkofo bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn ho wɔn ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua ankasa.” Egye nhumu na wode ahu wɔn a wɔyɛ nnamfo pa ne nnamfo a wobetumi asɛe wo.
6. Kwati Ahotoso Mmoroso
“Me ho atɔ me—asãnom nyɛ me akɔnnɔ mpo bio!” Ɔsadweam a ɔka saa asɛm yi rebu nkɔso a wanya no sɛ ɛkɔ akyiri dodo na ommu tumi a ɛwɔ ne sadweamyɛ no mu no yiye. Anigye a efi ahotɔ a edi kan mu ba, a wɔfrɛ no nnaadaa no yɛ nea ɛnkyɛ. Nhoma Willpower’s Not Enough hyɛ nyansa sɛ: “Bɔ mmɔden nya adwene a ɛkari pɛ. Anyɛ saa a, wo sadweamyɛ no bɛsan aba, na ɛne ahotɔ mu twe yiye.”—Fa toto Mmebusɛm 16:18 ho.
7. Hwɛ Yiye wɔ Nneɛma a Wɔde Si Ananmu a Wontumi Nnyae
Pii gyae nsãnom, nanso wonya adidi mu ɔhaw ahorow anaa wɔbɛdan wɔn a wɔyɛ adwuma boro so, wontumi nni wɔn ho so wɔ kyakyatow ho, ne nea ɛkeka ho. Ebia ɔsadweam a ɔregyae asãnom no bɛka sɛ, ‘Bɔne bɛn na ɛwɔ ho? Anyɛ yiye koraa no, sɛ magyae asãnom!’ Ampa, honam fam dwumadi ahorow bi betumi ayɛ papa. Nanso sɛ wode biribi anaa dwumadi bi kum wo nkate a, nea ɛde ba ara ne atoro ahobammɔ a ɛyɛ bere tiaa mu de ara kwa.
8. Yɛ Nsakrae a Ɛne wo Dwumadi Foforo wɔ Abusua no mu no Hyia
Asadweam pii sɛe wɔn ahotɔ no bere a nneɛma fi ase kɔ yiye no! Dɛn ntia? Efisɛ asãnom a wagyae no yɛ osuahu foforo ma no. Ebia ɔsadweam no bɛte nka sɛ ɔnsan nkɔ asetra kwan a ɛno na onim yiye no mu. Bio nso, sɛ ɔsadweam no gyae asãnom a, ɛde nsakrae akɛse ba abusua no mu. Enti ɛsɛ sɛ abusua no muni biara yɛ nsakrae wɔ afã a ɔwɔ no mu. Nhomawa Recovery of the Whole Family ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔtow krataa a abusua no hwɛ so yɛ ade no nyinaa kyene na wɔyɛ foforo hyɛ anan mu.” Wofi ntease pa mu afrɛ sadweamyɛ a wogyae no sɛ abusua mũ nyinaa dwumadi.—Fa toto 1 Korintofo 12:26 ho.
9. Hwɛ Yiye na Wansan Amfi Ase
Ahotoso mmoroso, ayɔnko bɔne, nneɛma afoforo a wontumi nnyae a wɔde si anan mu, ne wo ho a wokɔ so twe fi afoforo ho betumi ayɛ nea ɛbɛma wasan afi sadweamyɛ ase. Wo ne nea woka wo nsɛm kyerɛ no no mmɔ nkate a ɛtete sɛɛ biara ho nkɔmmɔ bere nyinaa.
Ɔsadweam bi a ɔregyae asanom se: “Asadweam nyinaa gyae asãnom. Yɛn mu bi ti ye sɛ yegyaee bere a yɛda so ara te ase.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Mmeae a wɔhwɛ asadweam, ayaresabea ahorow, ne nhyehyɛe a wɔde gyae ahorow pii wɔ hɔ a wobetumi de amanneɛbɔ a ɛte sɛɛ ama. Nyan! nkamfo ɛho dwumadi biako pɔtee bi. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow tra ase no bɛpɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamfa wɔn ho ankɔhyɛ dwumadi ahorow a ɛbɛma wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ato nkyɛn mu. Obi a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no behu akwankyerɛ ahorow a ɛboa wɔ The Watchtower, May 1, 1983, nkratafa 8-11 mu.
[Kratafa 7 adaka]
Sɛ Etwa sɛ Ɔyɛ Aduru A
Aduru biara a nsã wom betumi akanyan akɔnnɔ na ama obi asan afi sadweamyɛ ase bio.
Oduruyɛfo James W. Smith kyerɛw sɛ: “Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsadweam a wagyae asãnom mfe bi akyi no bɛsan afi sadweamyɛ ase bio esiane waw aduru a nsã wom a ɔno ankasa hyɛ ne ho nom nti. Nnuru a etumi ma wɔda nyinaa betumi ahaw ɔsadweam. Sɛ etwa sɛ ɔsadweam nom nnuru a ɛbɛma wada a, ɛsɛ sɛ . . .
1. okohu obi a ɔyɛ nnuru ho adwuma na ɔkyerɛ no asiane ahorow a ebetumi afi mu aba.
2. ɔbɔ nea ɔka ne nsɛm kyerɛ no no amanneɛ, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔfrɛ no ansa na wanom bi bere biara.
3. ɔyɛ dodow a ɔnom biara ho kyerɛwtohɔ.
4. ogyae nom ntɛm ara wɔ bere biara a obetumi agyae ma ayɛ yiye mu.
5. ɔtow nnuru a wannom no gu bere a wanom nea ɛfata sɛ ɔnom ma ne yare no agyae awie no.