Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayɛ Nsakrae Mprempren A Me Nananom Ne Yɛn Te Yi’?
NÁ WO ne wo nananom ka yiye. Ná bere a wokodii wɔ wɔn nkyɛn no yɛ anigye ne soronko. Nanso mprempren wɔne w’abusua abɛtra.
Sɛ nananom tu bɛtra mo nkyɛn a, ebia a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa yɛ nsakrae.a Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ nsakrae ma ɛne wɔn ho wɔn ho akwan hyia. Nanso tebea no nyɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Sɛ wode Bible nnyinasosɛm di dwuma a, wubetumi aboa mo abusua no ma moaka abom sen sɛ mo ntam betetew.
Ɔdɔ Tumi
Ɔkwan biako a wobɛfa so abrɛ abusua no haw ase ne sɛ wode nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 16:14 no bedi dwuma: “Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu.” Kristofo dɔ ‘kata bɔne pii so.’ (1 Petro 4:8) Na sɛnea atesɛm krataa Family Relations mu nhwehwɛmu bi kyerɛ no, mfaso wɔ nokware dɔ a wonya ma abusuafo a wɔn mfe akɔ anim no so; ɛbrɛ ɔhwɛ a wɔde ma mu ahokyere ne ɔhaw ase.
Awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔwɔ ɔdɔ a ɛte saa ma wɔn nananom. Ebinom bu wɔn animtiaa sɛ wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa na wɔn ho nni mfaso. Nanso Kristofo mmofra mmu mpanyimfo saa. Wɔkae nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 20:29 no: “Nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.” Yiw, wo nananom wɔ ahokokwaw ne osuahu. Wobetumi ayɛ afotu ne akwankyerɛ fibea a eye kyɛn so, ne titiriw sɛ wɔyɛ Kristofo a. Na te sɛ nananom mu fã kɛse no ara no, ebia wodwen wo ho kɛse wɔ wɔn komam sen sɛnea wuhu no.—Mmebusɛm 17:6.
Sɛ ebesi saa bere yi no, mo abusuabɔ mu nyɛɛ den kɛse a, dɛn nti na wommɔ mmɔden nsakra nneɛma? Eyi maa abeawa bi sii gyinae sɛ ɔbɛda adamfofa su adi. Ɔkae sɛ: “Metɔɔ sɔks a n’ahosu gu ahorow a na minim sɛ me nanabea ani begye ho. Ɔde saa sɔks no kyerɛɛ obiara a ɔbaa hɔ!” Saa kwan yi ara so no, wubetumi ne wɔn adi nkɔmmɔ simma kakra da biara. Anaasɛ wubetumi de wo ho ama ma wɔasomasoma wo. Saa a wobɛyɛ no bɛboa pii ma woabɛn wɔn kɛse.
Nokwarem no, tebea horow betumi asɔ obiara dɔ ahwɛ. Ebetumi ayɛ den ama mpanyimfo sɛ wɔbɛsakra ma ɛne wɔn tebea foforo no ahyia. Ebia na wɔyare na ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn anim tew. Na bere a ebia ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae ahorow bi wɔ w’asetra kwan mu—ebia wode nneɛma bi bɛbɔ afɔre mpo—no, hu sɛ ɛnyɛ mmerɛw mma wo nananom nso saa ara. Nokwarem no, eyi betumi ayɛ “nna bɔne” ama wɔn. (Ɔsɛnkafo 12:1) Hu sɛ eyinom hwɛɛ w’awofo bere a wɔyɛ mmofra no. Onyankopɔn bu ɔhwɛ a wode ma wo nananom no sɛ “akatua a ɛsɛ,” ne ɔsom a wode ma no no fã.—1 Timoteo 5:4, New World Translation; Yakobo 1:27.
Nsɛm Mu a Wubegyae Ma Aka
Nanso wubetumi akwati nsɛnnennen mpɛn pii, sɛ wudwen wo nananom ho wɔ ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so a. (Filipifo 2:4) Sɛ nhwɛso no, wubetumi ama atra w’adwenem sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ntaa mpɛ dede; dwom a wɔbɔ no dennen betumi ama wɔahaw. (Ɔsɛnkafo 12:4) Wobetumi ahaw nso sɛ woyɛ dede bere biara a wo nnamfo ba wo nkyɛn no. Nsɛm a ɛte saa no betumi ama moaham. Nanso Bible no kae yɛn sɛ ‘nyansa a efi soro wɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo.’—Yakobo 3:17.
Obi a ɔpɛ asomdwoe no yɛ ade a ɛde asomdwoe ba. Ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ mmɔden biara—ɛbɛhaw no mpo a—ma ɔne afoforo anya abusuabɔ pa. Saa ara nso na obi a ɔte asɛm ase nka sɛ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ bere nyinaa, na mmom ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegye obi foforo nsusuwii atom. Bere a saa nsɛm yi wɔ w’adwenem no, bɔ mmɔden fa odwo kɔ wo nananom nkyɛn. Sɛ́ anka wobɛhyɛ sɛ wɔmfa “hokwan ahorow” a wowɔ mma wo no, bɔ mmɔden siesie nsɛm.
Ebia wo nnamfo betumi aba wo nkyɛn bere a wo nananom kodi gua no. Anaa ebia dede no renhaw wɔn kɛse sɛ wo nnamfonom ba hɔ ntɛm a. Nokwarem, mo adwene rentumi nhyia bere nyinaa, na ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛyɛ nea wɔpɛ. Ebia wubetumi akohyia wo nnamfo wɔ beae foforo anaa wobɛhyɛ atiri a wɔde hyɛ asom tie dwom bere a wopɛ sɛ wutie dwom no. Ɛyɛ ɔhaw anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛte saa. Nanso saa a woyɛ no boa ma asomdwoe tra hɔ.
Sɛ wo nananom wɔ su bi a ɛtaa haw wo a, tumi a wotumi gyaa nsɛm mu ma ɛka no so ba mfaso. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔmma kwan ma wo nkutoo ntra baabi. Ebia wɔde nkɔmmɔ bɛhyɛ wo bere a w’ani abere yɛ wo sukuu adwuma a wode aba fie no. Sɛ́ anka wobɛhaw no, hu sɛ ebia wɔayɛ ankonam kakra na wohia wo fekuw ara kwa. Wo ho a wobɛtew anaa bua a woremmua wɔn no bɛma tebea no asɛe, na ɛbɛkyerɛ sɛ wunni obu ma wɔn. (Mmebusɛm 18:1) Chris a wadi mfe dunkron no faa kwan bi so siesiee nsɛm. Ose: “Midi kan ne me nanabea kasa wɔ bere a eye ma yɛn baanu nyinaa no mu.”
Kari Pɛ
Na sɛ ehia sɛ wɔma ani ku wo nananom ho na wɔhwɛ wɔn kɛse nso ɛ? Wo nananom a wobɛdɔ wɔn no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo nkutoo na wudi asɛyɛde yi ho dwuma. Nokwarem no, Bible no kyerɛ sɛ ‘mma ne mmanana’ na ɛsɛ sɛ wɔkyɛ saa asɛyɛde no. (1 Timoteo 5:4) Enti ɛdefa eyi ho no, w’awofo na asɛyɛde no yɛ wɔn de titiriw, na wobetumi akyerɛ afã a ɛfata sɛ wunya wɔ adwuma no mu. Bio nso, 1 Petro 1:13 (NW) hyɛ Kristofo sɛ: “Mo ani nna hɔ koraa.” Anaasɛ sɛnea nkyekyem yi pue wɔ ase hɔ nsɛm no mu no, “kɔ so kari pɛ.” Adwuma no mmoroso a wobɛyɛ no bɛma woabrɛ, na awiei koraa, woanya menasepɔw.
Sɛ́ wobɛkari pɛ sɛ Kristoni no bɛboa wo ma w’agyina wo ne w’abusuafo sintɔ ahorow ano. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden yiye sɛ ɔbɛda ‘Onyankopɔn honhom aba’ no adi. (Galatifo 5:22, 23) Nanso sɛ wɔwɔ adwene pa sɛ dɛn ara mpo a, abusuafo bo betumi afuw. Sɛ́ anka wobɛma wo bo afuw no, gye nokwasɛm no tom sɛ “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfoni asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” (Yakobo 3:2) Akasakasa a ɛba abusua mu wɔ bere ne bere mu no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛde ɔhaw a anibere wom ankasa ba.
Agyinakɔ
Mfaso pii betumi aba bere a wo ne w’awofo kasa no. “Wɔkwati agyinakɔ a atirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Sɛ́ nhwɛso no, so woahaw na wo bo fuw esiane sɛ wunni w’ankasa dan nti? So ɛhaw wo, efisɛ wususuw sɛ woredi wo nananom hwɛ no mu ɔhaw no mu fã kɛse ho dwuma? Sɛ́ anka wubedi ho yaw anaa wobɛbotow no, ma wo awofo nhu sɛnea wote nka.
Nokwarem no, nneɛma betumi ahaw wo awofo mpo na ebia wontumi nyɛ pii wɔ ho. Enti hwehwɛ bere pa fa ɔdɔ kasa kyerɛ wɔn, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na bu ɔhaw no sɛ mo nyinaa na morehyia. (Mmebusɛm 15:23) Ka nea ɛhaw wo no ho asɛm nokwarem na ma mu nna hɔ. (Efesofo 4:25) Bere a asɛm no ada adi no, anyɛ yiye koraa no wɔde mmɔborɔhunu betie wo. Na ebia a wubetumi anya ano aduru a etumi yɛ adwuma.
Ebia wobetumi ayi fie hɔ beae bi ama wo sɛ fa di dwuma bere a wuhia kokoam baabi akenkan anaa woasua ade no. Anaasɛ wowɔ nuanom a, mubetumi akyɛ adwuma no. Wɔ abusua bi mu no, wosii gyinae sɛ abarimaa no bɛkenkan nhoma akyerɛ ne nanabea ade a wɔn baanu ani gye ho na wɔhwɛɛ kwan. Wɔde hyɛɛ ne nua mmea baanu nsa sɛ wɔmmoa wɔ n’ahosiesie ne n’aguare mu.
Osuahu a Mfaso Wom
Akyinnye biara nni ho sɛ ebia nananom a wo ne wɔn te no yɛ osuahu foforo wɔ asetra mu—ma wɔn ne wo. Nanso sɛ obiara da boasetɔ, ɔdɔ, ne ɔpɛ sɛ ɔbɛma nneɛma ho kwan a, ebetumi ayɛ osuahu a mfaso wɔ so yiye. Wubetumi anya hokwan ne nnipa anyansafo baanu a wɔwɔ osuahu a wodwen wo ho ankasa anya abusuabɔ a ɛyɛ anigye na ɔdɔ wom. Saa adamfofa yi betumi ayɛ nea akomatɔyam kɛse wom sen abusuabɔ a ɛnkyɛ a wo ne wo tipɛn bi nya no. Na ebetumi aboa ma woanyin. Abeawa bi a wɔfrɛ no Beverly ka sɛ: “Mibu mmoa a mede ma me nanabea no sɛ hokwan a mede resua ho a wɔde bɔ afɔre su horow a ebehia me akyiri yi wɔ m’asetra mu.”
Abofra bi a wɔfrɛ no Aaron huu biribi a ɛte saara. Ɔka sɛ: “Bere a midii wɔ me nanabea nkyɛn no kyerɛɛ me sɛnea metumi ne mpanyimfo a wɔwɔ m’asafo mu no abɔ nkɔmmɔ. Na anka mikyia wɔn kɛkɛ. Afei de me ne obiara kasa simma kakra. M’ani gye ho! Na mabehu wɔn a wɔn mfe akɔ anim yi sɛ me nnamfo.”
Enti yɛ pii sen tebea no ano a wubegyina kwa; ma ɛnyɛ osuahu a mfaso wɔ so! Bere bi akyi no, wubehyira da a wo nananom tu bɛtraa mo nkyɛn no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛmti “Why Did Our Grandparents Move In?” a epuei wɔ yɛn July 8, 1992 Awake! mu no.
[Kratafa 14 mfonini]
Wo ne wo nananom no ntam adamfofa no betumi ayɛ nea mfaso ne anigye kɛse wom