Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Dɛmdi Ahorow Asɛm “Mmofra Bisa Sɛ. . . Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Dɛmdi Ma Mihu Amane? (August 8, 1993) kyerɛkyerɛ ɔhaw yi mu wɔ ɔkwan a ntease wom so. Meyɛ obubuafo na sɛ nkurɔfo yɛ wɔn anim mmɔbɔmmɔbɔ de hwɛ me a, ɛhaw me yiye. Nea ɛhyɛ me abufuw sen biara ne bere a obi kyɛ m’ade no—te sɛ nea mɛsrɛsrɛ ade! Nea ɛkyekye me werɛ ne sɛnea mahu sɛ Yehowa nhwɛ sɛnea nipadua no te, na mmom “ɔhwɛ komam” no.—1 Samuel 16:7.
A. A. A. S., Brazil
Me ne mo nyɛ adwene sɛ mokaa amemene mu dɛmdi a wɔfrɛ no cerebral palsy ho asɛm sɛ ɔyare. Amemene ho a ɛka no na ɛde saa dɛmdi no ba, na ɛtaa ba wɔ nyinsɛn mu, awo mu, anaa awo akyi pɛɛ. Ɛnyɛ tebea a ɛkɔ so sɛe, na ɛnsan afoforo. Ɛnyɛ yare na ɛnsɛ sɛ wɔka ho asɛm saa da.
L. Z., United States
Ɛyɛ yɛn yaw sɛ nsɛmfua a yɛde dii dwuma no haw wo. Yɛde adwene a asɛmfua “ɔyare” da no adi a wɔde ama wɔ “Webster’s New Collegiate Dictionary” mu no na edii dwuma, ɛne sɛ “tebea bi . . . a ɛmma obi ntumi nni biribi titiriw bi ho dwuma”—SAMUFO.
Mmea Awode a Wodi no Dɛm Meda mo ase sɛ moada sɛnea mmea awode a wodi no dɛm yɛ adaemonesɛm ne adebɔne no adi! (“Mpempem Pii Rehu Amane—So Wobetumi Aboa Wɔn?” June 8, 1993) Sɛ abofra biako pɛ tumi kwati sum ase amumɔyɛ a ɛyɛ hu yi mu amanehunu no a, ɛnde na asɛm a mutintim no so aba mfaso.
J. C., United States
Misui bere a misusuw ho sɛ awofo ma mmofra a wontumi mmɔ wɔn ho ban hu amane saa no. Wonntintim nsɛm a ɛte sɛɛ wɔ yɛn atesɛm nkrataa mu, enti meda mo ase sɛ moama mahu nea ɛrekɔ so no.
C. C. G. M., Brazil
Sukuu nnwuma a Wɔyɛ wɔ Fie Meda mo ase pii wɔ asɛm a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ. . . Dɛn na Metumi Ayɛ wɔ Sukuu nnwuma Pii a Wɔyɛ wɔ Fie no Ho?” (July 8, 1993) no ho. Mekenkan asɛm no wɔ bere a na sukuu nnwuma a wɔyɛ wɔ fie ama me ho akyere me mu. Ná minnya bere nnye m’ahome anaa nsiesie me ho mma Kristofo nhyiam horow. Mede mo nyansahyɛ no redi dwuma mprempren.
M. H., United States
Ɔman Foforo a Wotu Kɔtra Mu Ɛyɛ me anigye sɛ mereda anisɔ a manya wɔ asɛm a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Ɔman a Wodi Yiye Kɛse Mu?” (June 8, 1993) ho no adi. Madi mfe 16 na masusuw ho sɛ metu akɔtra ɔman a metumi anya asetra pa wom mu. Nanso bere a mekenkan asɛm no wiei no, mete nka sɛ faako a yɛte mfa ho. Sɛ yɛde Yehowa Ahenni di kan wɔ yɛn asetra mu a, akyinnye biara nni ho sɛ yebedi yiye [wɔ honhom mu] efisɛ Yehowa bɛboa yɛn.
V. L. A., Brazil
Mmonnaato Metee anigye ne awerɛhow nka bere a me nsa kaa May 8, 1993 de a ɛfa “Mmonnaato—Ade a Eyi Ɔbea Hu” ho no. Wɔtoo hyɛɛ me maame, bere nyinaa asɛmpakafo no so wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛto no mmonnaa wɔ n’ankasa fie. Nsɛm no akenkan no aboa wɔ ayaresa no mu.
P. G., United States
Mene yɛn mpɔtam hɔ “Abusua mu Basabasayɛ ne Mmonnaato ho Dwumadi” panyin no abadiakyiri. Mo asomfo nkumaa no biako maa yefii ase kenkan Nyan! bere a ɔde mmonnaa a wɔto mmofra ho de (October 8, 1991 Awake!) no brɛɛ yɛn no. Mprempren yɛkra bi. Mepɛ sɛ mema muhu sɛnea m’ani gyee nea mokyerɛw faa ofie basabasayɛ ne mmonnaato ho no ho. Mokyerɛw no yiye na moyɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri.
D. G., United States