Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Nyinsɛn a Wotu Gu Mo nsɛm “Nyinsɛn a Wotu Gu—Nkwa a Wɔyɛ ne Nkwa a Wɔsɛe No” (August 8, 1993) maa nusu guu me na midii yaw me komam. Sɛ mekan saa asɛm yi mfe awotwe a atwam no mu a, anka mantu nyinsɛn angu. Egyee me mfe ason ansa na meretumi aka ho asɛm akyerɛ me kunu a ɔno na anka ɔbɛyɛ abofra no papa no. Me yam a anka obiara a ɔpɛ sɛ otu nyinsɛn gu no akenkan nsɛm no na wahu sɛ nkwa som bo na ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.
G. D., United States
Madi mfe 16, na yesuaa nyinsɛn a wotu gu ho ade wɔ sukuu. Nanso, sɛnea ɛte no manhu ɛyaw a abofra no te no. Na bere a mekenkan saa nsɛmma nhoma yi no, me bo fuwii yiye, na misui. Dɛn nti na nnipa nkyerɛ obu koraa mma nkwa a ɛsom bo a Yehowa fi ayamye mu de ma no?
N. K., Japan
Mede nsɛmma nhoma yi kɔɔ sukuu, na sukuufo no ani gyee ho ma ɛyɛɛ me nwonwa yiye! Ɛkaa me mfɛfo sukuufo no koma araa ma wɔn mu biako antumi anni ne ho so ma osui. Ná watu nyinsɛn agu nna kakraa bi akyi ansa na ɔrete nsɛm yi.
L. S., United States
Nasi Ɔtaa Meda mo ase wɔ asɛm “Mudi mu Kura wɔ Nasi Nniso Ase wɔ Germany” ho. (April 8, 1993) Yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea pii afa sɔhwɛ bebree mu, nanso wɔkɔ so gyina mu wɔ nokwaredi mu! Sɛ mihyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, mewɔ anidaso sɛ menya Josef Rehwald ne n’abusua ahoɔden ne wɔn mmɔdenbɔ no bi.
D. J. United States
Makan Josef Rehwald asetra ho nsɛm no nnɛ. Bere a misusuw sɛnea Yehowa hwɛ ne nkoa wɔ amanehunu bere mu ho no, misui. Na mintumi mfa N’aseda nni!
V. M., Italy
Nusu Asɛm “Dɛn ne Nusu Bebree Yi?” (February 8, 1993) kaa me koma yiye. Mapɛ sɛ mehu nea enti a yesu ne dwuma a nusu di bere bi ni. Meda mo ase wɔ asɛm a mokyerɛw no yiye no ho, afei mate ase. Ɛma mede aseda a emu yɛ den ma Yehowa wɔ sɛnea ɔbɔɔ yɛn wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no ho.
F. G., Portugal
Nnwom Mprempren ara na makenkan nsɛm a ɛfa “Nnɛyi Nnwom—So Ɛyɛ Anigyede a Empira?” ho no awie. (August 8, 1993) Bere a na mewɔ ntoaso sukuu no, rock nnwom a ano yɛ den nyaa me so nkɛntɛnso kɛse. Me subammɔne ne atuatew su horow no nyinaa fi adwene a wɔda no adi wɔ saa nnwom a ɛmfata no mu no. Nanso bere a mebɛn Yehowa kɛse no, dodow no ara na metan saa nnwom no nnyigyei mpo!
L. K., United States
Mode afotu a ɛho hia na efi mmeae a ɛfata ama yɛn mmofra yi. Ebinom susuw sɛ bere a wɔnkyerɛ sɛ nnwom bi yɛ rap a ano yɛ den anaa rap no de, na eye, sɛ ɛhyɛ abrabɔ bɔne, basabasayɛ, ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ho nkuran mpo a. Saa nsɛm yi abɔ adwene a ɛnteɛ a ɛte saa no agu. Afei yɛn nyinaa ahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim bere a yɛrepaw yɛn nnwom no.
F. M., Italy
Wɔatu me babarima kumaa afi Kristofo asafo no mu nnansa yi ara. Mebɔɔ mmɔden biara sɛ mɛma no agyae rap nnwom tie—me ne no susuw nsɛm ho, kyerɛɛ no Bible mu nnyinasosɛm ahorow, na yɛbɔɔ nnwom ho nsɛm a apue nsɛmma nhoma mu ho nkɔmmɔ. Nanso owiaa ne ho tiee rap nnwom, a na ɔte nka sɛ ennya ne so nkɛntɛnso biara. Nanso, ɔbɛyɛɛ nneɛma bɔne pii a wɔhyɛ no anuonyam wɔ nnwom yi mu no bi. Meda so ara di yaw wɔ me ba no ahwease no ho. Migye di sɛ Kristofo awofo nyinaa bɛkyerɛ anisɔ ama saa asɛm yi denam kenkan a wɔbɛkenkan na wɔne wɔn mma asua no so.
G. C., United States
Ɛnyɛ kyerɛ nko na mokyerɛ nnwom ko a ɛsɛ sɛ yɛkwati na mmom mode nsɛm a wontumi mmɔ ngu a efi odwo, ɔdɔ ne ntease mu nso ka ho. Yɛte nka sɛ ɛyɛ mo asɛnhia sɛ mobɛboa mmofra ma wɔaguan wiase a aporɔw yi korakora.
B. V., France