Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Nyinsɛn a Wotu Gu Madi mfe 14, na mo nsɛm a wɔato din “Nyinsɛn a Wotu Gu—Nkwa a Wɔyɛ ne Nkwa a Wɔsɛe No” (August 8, 1993) aboa me ma mate sɛnea saa asɛm yi ho hia yiye nnɛ no ase kɛse. Esii so dua sɛ ɛwom sɛ abofra a wɔnyem no no te ase wɔ ɔbea nipadua mu de, nanso nyinsɛn a wotu gu ka biribi a ɛsen ɔbea no nipadua ara kwa. Abofra a wɔnyem no no yɛ nkwa fi bere a wonyinsɛn no—ɔnyɛ akwaa bi ara kwa. Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔbara nyinsɛn a wotu gu.
J. R. W., United States
Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no kasa tia nyinsɛn a wotu no pefee de, nanso “Nyan!” mfa ne ho nhyehyɛ amammuisɛm mu, na ennyina kuw bi a ɛhyɛ sɛ wɔmmara nyinsɛn a wotu gu afã. Mmom no, yɛkyerɛw yɛn nsɛm no na aboa ankorankoro ma wɔde Onyankopɔn Asɛm adi dwuma wɔ wɔn asetram.—SM.
Dɛmdi Ahorow Dɛmdi ho nsɛm kakraa bi a wɔakyerɛw na ɛka dɛmdi ho nokwasɛm te sɛ nea asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Me Dɛmdi no Ano?” (September 8, 1993) yɛe no. Bere a na mede mfe bi asom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Rome, Italy no, minyaa kar akwanhyia bi a na anibere wom a ɛsɛee ehon ntini kɛse a ɛhyɛ m’akyi brɛmo nnompe mu no. Nneɛma a ne yɛ nyɛ den te sɛ nantew ne nsu kuruwa a wɔma so bɛyɛɛ den maa me mpofirim. Ɛho behiae sɛ minya obi ma ɔma me so fi mpa so, ɔhyɛ me atade, ɔde me foro atrapoe ne nea ɛkeka ho mpofirim. Bere a na mede bere tenten afa abufuw, adi awerɛhow, asu me ho mmɔbɔ, na m’asu agu me mu akyi no, awiei koraa no, mibegyee tebea no toom na mihui sɛ na ɛsɛ sɛ meyɛ nea metumi biara wɔ tebea a na m’abam no mu. Ɛdenam mmoa a minya fii oduruyɛfo bi a otuu ne ho ma de boaa me, m’awofo, ne me nnamfonom hɔ so no, me tebea no anya nkɔso, na makɔ so asom wɔ baa dwumadibea hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho sɛ obi di dɛm no, obetumi akɔ so ayɛ adwuma na ne so aba mfaso!
A. E., Italy
Okunkɛse ho Nneɛma Akorae M’adwumam panyin yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔrekɔsra Okunkɛse ho Nneɛma Akorae. Memaa no Nyan! a ɛbae July 8, 1993 a ɛkaa “Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo” ho asɛm no biako na aboa no ma wanya mfaso wɔ ne nsrahwɛ no mu. Nneɛma akorae no de nnipa 500 a wɔde wɔn ani huu nsɛm no ankasa anom nsɛm a wɔakyerɛw wɔ kratawa so mema. Ná Yehowa Dansefo bi—Emma Arnold—asɛm na ɛwɔ krataa a onyae no so. M’abusua hyiaa Arnold abusua no wɔ 1951 mu na yɛwɔ wɔn mfonini wɔ mfonini nhoma mu. M’adwumam panyin no ho dwiriw no sɛ ɛnyɛ sɛ onyaa Ɔdansefo bi suahu a wɔakyerɛw kɛkɛ na mmom sɛ́ ɔyɛ obi a m’abusua nim no ankasa nso! Mene ɔno ne afoforo a me ne wɔn yɛ adwuma hwɛɛ yɛn mfonini no, na yɛbɔɔ Onuawa Arnold asew barima, Max Liebster suahu a epuee wɔ The Watchtower October 1, 1978 mu no ho nkɔmmɔ.
J. K., United States
Awaregyae Bere a yɛwaree mfe abien akyi no, me kunu ne ɔbea foforo a ɔyɛ m’adamfo paa bɔɔ aguaman. Mfe abien akyi ogyaee me aware. Enti bere a mihuu September 8, 1993 Nyan! anim asɛm a wɔato din “Awaregyae—So Ɛde Asetra a Anigye Wom Ba?” no, m’ani annye ho. Ɛtɔ da bi a ɛyɛ den ma me sɛ mesua asɛm bi a ɛka abusua asetra ho asɛm. Nanso, awiei koraa bere a mekenkanee sɛ, “ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi ayɛ obi a ne ho yɛ den na odi mũ bere a wafi amanehunu no mu no,” ɛhyɛɛ me nkuran. Menka sɛ maba saa tebea yi mu mprempren, nanso merenya nkɔso. Na mewɔ adwenemhaw a emu yɛ den mu. Nanso adwenemhaw ho nsɛm pii a mode baa nsɛmma nhoma afoforo mu no aboa m’asafo mu mpanyimfo ma wɔaboa me wɔ mmere a na emu yɛ den yiye mu. Meda mo ase ne mmoa a monam nsɛmma nhoma horow no so de ma yɛn no.
D. P., United States
Awofo a Wɔwɔ Mmanoma Bere a mekenkan mo asɛm a ese “Nsɛm a Mfaso wɔ so Ma Awofo a Wɔwɔ Mmanoma” (September 8, 1993) no, ɛkaa me sɛ menkyerɛw mo. Madi mfe du, na me ne me maame na ɛte. Me papa asan aware, enti mprempren manya maame foforo. Bere a mekenkan sɛnea mmofra te nka wɔ wɔn papa yerenom ne wɔn maame kununom ho no, mekae wɔ me tirim sɛ, Saa pɛpɛɛpɛ na mete nka! ‘Ɛyɛ me anigye sɛ na mo afotu ahorow no biako ka sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ ninkuntwe ho.’ Mpɛn pii no, mibu me papa yere foforo no sɛ obi a me ne no si akane. Ɛtɔ da bi a me papa ma me te nka sɛ ɔdɔ me maame kora no sen me koraa. Mewɔ anidaso sɛ me papa ne ne yere no bɛkenkan asɛm a ɛyɛ anigye yi na wɔate me ase kɛse.
V. N., United States