Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 6/8 kr. 30
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
Nyan!—1994
g94 6/8 kr. 30

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Ntafowayi Afei na makenkan asɛm “Bible no Adwene . . . So Asiane wɔ Ntafowayi Mu?” no (September 8, 1993, Nyan!), mate nea enti a ntafowayi yɛ bɔne no ase ankasa. Ahonhom a wobisa wɔn nsɛm a ebesisi daakye abɛyɛ ade a aba so foforo wɔ me sukuu mu nnansa yi. Afoforo ka kyerɛ me sɛ, ‘Womfa wo ho mmɛbɔ yɛn?,’ na ɛwom sɛ na memfa me ho nhyɛ mu de, nanso na minhu nea enti a ɛyɛ bɔne. Mebɔɔ mmɔden sɛ menya ɛho nkyerɛkyerɛmu nanso mannya nea ɛmaa me bo tɔɔ me yam. Bere a m’abam bui a migyaee hwehwɛ pɛ na mo asɛm no puei. Minyaa nkyerɛkyerɛmu a abotɔyam wom. Meda mo ase sɛ mutintim saa asɛm no.

M. K., Japan

Mfonini a Wɔde Di Agoru M’ani gyee mo asɛm “Are Violent TV Cartoons Harmful?” [So Television so Mfonini a Wɔde Di Agoru a Basabasayɛ Wom no Tumi Pira?] (December 8, 1993, Awake!) no ho. M’ani gyee ho ankasa efisɛ television so dwumadi ahorow a basabasayɛ wom saa no anya mmofra nkumaa pii so nkɛntɛnso. Madi mfe 13.

D. L., United States

Wiase no a Wɔbɛma Ayɛ Biako “Dɛn na Ɛbɛma Wiase no Ayɛ Biako?” nsɛm (February 8, 1994, Nyan!) no kaa me kɛse. Nsɛm a ɛrekɔ so wɔ Bosnia ne Herzegovina ne Somalia—sɛnea wɔhyɛ nkurɔfo ma wɔtra ɔko tebea ahorow, ɔkɔm, ne owu mu—no maa me werɛ howee. Nanso, saa nsɛm yi kyerɛɛ ano aduru ankasa, ne sɛnea ɛredi dwuma wɔ saa awerɛhow wiase yi mu no. Esiane sɛ meka wɔn a wɔkɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Poland no ho nti, mitumi hu sɛ ɔdɔ ne onuayɛ a biakoyɛ wom a Yehowa Adansefo wɔ no te sɛ nnɛ bere yi mu anwonwade.

H. K., Japan

Mmea a Wodi Wɔn Dɛm Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ mmea twetiatwa ho asɛm a mutintimii wɔ June 8, 1993 de no mu no ho (“Ɔpepem Pii Rehu Amane—So Wobetumi Aboa Wɔn?”). Efi bere a mekenkan saa asɛm yi no, mate nka kɛse ama wɔn a wɔyɛ mmerɛw a wɔyɛ wɔn ayayade a ɛte saa no. Ɛyɛ awofo a wɔwɔ adwenhorow a ɛnteɛ wɔ nkate a mmea wɔ wɔ nna ho ho na wɔhyɛ saa adeyɛ yi ho nkuran. Nanso ɛnkyerɛ ɔdɔ sɛ wɔbɛyɛ mmofra adeyɛ a ntease nnim a honam ne adwene mu haw ahorow taa di akyiri ba no.

J. O. K., Nigeria

Wiase Nsɛm Mepɛe sɛ mekyerɛw mo na meka kyerɛ mo sɛ moreyɛ adwuma kɛse ankasa. “Wiase Nsɛm” afã no aboa me kɛse, sɛ ɛba sɛ merekyerɛw amanneɛbɔ ntiantia akɔ sukuu a.

J. W., United States

Madi mfe 14, na metaa kenkan Nyan! M’ani gye emu nsɛm no nyinaa ho yiye. Nanso, ɔfã a mepɛ sɛ meda mo ase wɔ ho titiriw ne “Wiase Nsɛm” no. Misua nneɛma pii fi mu. Ɛka nsɛm wɔ ne bere mu bere nyinaa, na metaa hu nneɛma bi wom a yɛresua ho ade wɔ sukuu. M’ani gye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ momfa mo ankasa mo adwene nkyerɛkyerɛ saa nneɛma yi mu no nso ho. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wo ne afoforo besusuw nsɛm no ho a ɛmfa akyinnyegye biara mma.

T. M., United States

Nsusuwii Hunu Merekyerɛw ada mo ase wɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . .” nsɛm a ɛfa nsusuwii hunu ho a nsɛm pii wom no ho. (Is It Wrong to Daydream?,” [“So Ɛyɛ Bɔne sɛ Wubenya Nsusuwii Hunu?], July 8, 1993, Awake! ne “How Can I Stop Daydreaming So Much?,” [Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyae Nsusuwii Hunu Pii No?] July 22, 1993, Awake! Bere a mekenkan asɛm a ɛto so abien no, mihui sɛ abɛyɛ me su mfe pii sɛ mesusuw nneɛma hunu ho. Wɔyɛɛ me ayayade wɔ me mmofraberem, na ɔkwan a menam so gyina ano (nsusuwii hunu) no de nkakrankakra bɛyɛɛ adwenem akwanside wɔ me mpanyin mu. Nsusuwii hunu ayɛ akwanside ama me wɔ m’adwumayɛ ne me karka mu. Anya m’aware so nkɛntɛnso bɔne mpo. Ɛdenam mo nsɛm no, me ho so a mahyɛ, mmɔdenbɔ, ne mpaebɔ so no, mafi ase renya me nsusuwii so tumi.

L. G., United States

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena