Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 5/8 kr. 29
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 5/8 kr. 29

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Abusua bi ne Nasifo Di Asi Madi mfe 90, na mene Yehowa Adansefo resua ade. Mekenkanee asɛm “Oo, Yehowa, Boa Me Babea Kumaa Yi Ma Onni Nokware!” (March 8, 1994, Nyan!) no. Ná asɛm no fa Adansefo awofo bi ne wɔn babea a ɛmfa ho Hitler nhyɛso a emu yɛ den a wɔde baa ne so no, ɔperee denneennen de kuraa Yehowa nkyerɛkyerɛ mu no ho. Bere a merekenkan no, misui. Masi me bo sɛ mede anibere kɛse besua Yehowa nkyerɛkyerɛ no.

S. T., Japan

Saa osuahu yi kaa me kɛse. Ná Simone Arnold Liebster yɛ abeawa kumaa bi a wɔde no kɔtoo mmofra bɔne sukuu mu a n’awofo nka ne ho esiane osetie a ɔyɛ maa Yehowa no nti. Gyidi ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!

M. C. L. S., Brazil

Ho a wɔde to Yehowa so ne ɔdɔ, nidi, ne ahoɔden a ɔno ne n’awofo de traa ase no maa mesan susuw abusuabɔ a mene Yehowa wɔ no ho bio. Mebotowee, na ɛboaa me ma minyaa honhom fam nnepa a ɛne boasetɔ ne gyidi no ho anisɔ.

V. B., Australia

Ankonamyɛ Mekenkanee nsɛm a ɛfa ankonamyɛ ho (September 22, 1993, Awake!) no mpɛn abiɛsa anaa anan. Mokamfo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ obi saw, to nnwom, na ɔma n’ani gye. Nanso moanka sɛnea nipadua mu ahoɔdennuru a ɛnkari pɛ no betumi ama obi anya nkate sɛ obekum ne ho ho asɛm.

P. C., United States

Wɔankyerɛw nsɛm no amma wɔn a wɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den anaasɛ wonya ɔpɛ sɛ wobekum wɔn ho, a mpɛn pii no, ɛhwehwɛ sɛ wonya ɔhwɛ titiriw no. Mmom no, wɔkyerɛw maa wɔn a wɔte ankonamyɛ nka wɔ bere tiaa bi mu esiane nsɛm tebea horow bi a ɛyɛ awerɛhow te sɛ ɔdɔfo bi a wɔhwere no wɔ owu mu no. Yetintim adwenemhaw ho nsɛm wɔ yɛn October 22, 1987 Awake! no mu ne afei wɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” a ɛwɔ nea ekura wo yi mu no.—Samufo.

Adwinnidi ho Anisɔ Bere a mihuu Onyankopɔn wiase foforo no ho mfonini a ɛwɔ December 8, 1993, Nyan! no anim no, m’ani gyei kɛse. Mekɔɔ so hwɛɛ mfonini no a na merebɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akɔtra hɔ bi. Mesan hwɛe bio nna kakra bi akyi, na ɛkaa me koma saa ara. Meda mo ase wɔ mo nkuranhyɛ a ɛte saa ho.

S. H., United States

Minnim nkurɔfo a wɔyɛ mo mfonini no, nanso wɔn adwuma no ka koma yiye! Mo nhoma no mu mfonini ahorow ka nea ɛyɛ fɛ sen biara a mahu pɛn no ho. M’ankasa meyɛ adwinnidifo, na mitumi hu adwinni a ɛyɛ fɛ ankasa.

D. W., United States

Wuram Mmoa ho Bammɔ Meyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho kuw bi a ɛwɔ yɛn mpɔtam no titrani. M’ani gye sɛ mehu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nokwasɛm a ɛte saa. (“Who Will Protect Our Wildlife?,” [“Hena na Ɔbɛbɔ Yɛn Wuram Mmoa ho Ban”], November 8, 1993, Awake!) Efi mfe pii ni na mahu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a anka yɛawuwu dedaw.

M. S., United States

Nokwarem no, Onyankopɔn ayɛ asase no a etumi siesie ne ho, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛno nti na akɔ so agyina mmɔden a nnipa abɔ sɛ wɔbɛsɛe no no ano. Nanso, awiei no, nea Ɔbɛyɛ de adi ho dwuma koraa ne sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18)—Samufo.

AIDS M’ani gyee AIDS ho nsɛm a epuee wɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” afã hɔ no ho kɛse. (August 22, 1993, Awake!; October 8, 1993, Nyan!) Madi mfe 20 na ɛtɔ da bi a na ɛyɛ me aniwu sɛ meyɛ ɔbaabun. Nanso mekenkanee saa nsɛm no akyi no, mabehu sɛ me baabunyɛ no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ.

L. K., United States

Ɛyɛ mfomso sɛ mobɛka sɛ ɔbarima ne ɔbea nna de obi to asiane koro no ara a mmarima a wɔne wɔn ho da wom no mu. Nhwehwɛmu nyinaa kyerɛ sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da na wotumi nya HIV (AIDS mmoawa) kɛse.

J. S., United States

Ɛyɛ nokware sɛ nhwehwɛmu da no adi sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da na wotumi nya HIV kɛse. Nanso wɔ eyi mu mpo no, animdefo ka sɛ wɔn a wonya ɔyare fi ɔbarima ne ɔbea nna mu no dodow renya nkɔanim kɛse. Na sɛnea United States adwumakuw a ɛhwɛ nnuan ne nnuru ho nsɛm so kasamafo bi ka no, mmea “ne nkurɔfo a wɔrenya HIV no bi ntɛmntɛm wɔ ɔman yi mu.” Ɛnyɛ sɛ mfomso no fi mmea no bere nyinaa; wɔn mu pii wɔ hɔ a wɔn kununom a wobu bra bɔne na wɔde yɛ wɔn.—Samufo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena