Nkokoaa a Wɔde Wɔn Di Akɔneaba—Akwan a Afrikafo ne Amerika Kusuu Famfo Fa So
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ
AKWAN pii na nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa fa so de nkokoaa di akɔneaba. Akwan a Amerika Kusuu Famfo ne Afrikafo fa so no yɛ soronko koraa.
Sikasɛm tebea nyɛ pɛ wɔ saa nsasepɔn yi so. Enti yɛbɛhwɛ kwan sɛ akwan a wɔfa so di akɔneaba nso bɛyɛ soronko koraa. Nea edi kan no, momma yɛnhwɛ sɛnea Amerika Kusuu Famfo taa di tebea no ho dwuma.
Sɛnea Amerika Kusuu Famfo Yɛ No
Wɔ United States ne wiase mmeae foforo pii no, nea wɔtaa de di dwuma ne nkokoaa akentengua a ɛwɔ ntwahonan anan. Na nea wɔreyɛ no nnansa yi mfe mu no ma ne dwumadi yɛ mmerɛw, ɛyɛ fɛ, na akokoaa no ho tɔ no wom. Emu pii mu yɛ tofoo, na ɛwɔ nsumii a wotumi horo ne atrae a wɔama so kɔ soro.
Nkokoaa akentengua ma mmofra nya baabi home, ɛma wotumi yɛ nneɛma foforo, na ɛma wonya baabi de wɔn nan a ɛyɛ wɔn yaw no to. Nkokoaa akentengua no betumi ayɛ sɛ mpa a etumi kyinkyin ama abofra a n’ani kum. Mpɛn pii no, sɛ nkokoaa akentengua rekɔ a, ɛma abofra a wabrɛ a ɔyɛ wɛna ho yɛ no fɔmm.
Nkokoaa akentengua ma awofo nso adwuma yɛ mmerɛw. Ɔwofo bi kae sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sen sɛ wubeturu abofra no akɔ baabiara.” Sɛ abofra no sua a, ebia ne turu bɛyɛ mmerɛw, nanso sɛ ne mu duru fi ase yɛ mmɔho abien anaa abiɛsa a, ɛbɛyɛ asɛm foforo koraa. Bio nso, awofo ani gye sɛ wobehu sɛ wɔn ba no wɔ ahobammɔ na ne ho tɔ no wɔ nkokoaa akentengua a wotumi di ho dwuma no mu.
Wɔ United States no, wɔde ahwɛyiye yɛ nkokoaa akentengua ma ɛyɛ nea ahobammɔ wom. Wɔyɛ ma ase no yɛ tɛtrɛɛ, na ase no yɛ duru sɛnea ɛbɛyɛ a entumi mmuni nhwe ntɛm. Wɔma nea ɛma no gyina faako no mu yɛ den, na wɔde bɔ baabi a abofra a ɔda akentengua no mu ntumi nkyim no. Wɔde nnade suso nkokoaa akentengua no mu na ammobɔw mpofirim. Wɔhwɛ yi biribiara a “etumi tĩtĩ”—mmeae a ebetumi atĩtĩ nkokoaa nsa ho. Nea wɔde kyekyere mmofra fam mu no ma wonya ahobammɔ kɛse.
Wotumi de nkokoa akentengua gye boro $20 kosi ne mmɔho bɛyɛ awotwe anaa du. Biako bi a ɛyɛ fɛ a wɔtɔn no bɛyɛ $300 no wɔ kɛntɛn kɛse bi ka ho, emu yɛ tofoo, akyi no tumi wim tebea, na ne ntwahonan no tumi kyim hwɛ baabiara, na wotumi bobɔ no ntɛmntɛm, na ne dade mu nyɛ duru. Wɔtɔn “ammirikatufo nkokoaa akentengua,” a ɛna anaa agya tumi pia abofra no wom bere a ɔretu mmirika no gye bɛyɛ $380.
Sɛnea Afrikafo Yɛ No
Wɔ Afrika ne Asia aman pii nso mu no, ɛnanom dodow no ara turu wɔn mma wɔ wɔn akyi sɛnea wɔn nanom ne wɔn nso nanom yɛe no. “Mmofra a wɔde wɔn hyɛ akyi,” sɛnea Afrikafo pii frɛ no no, yɛ nea ɛmmɔ ka kɛse na ne yɛ nyɛ den. Ade a ɛho hia ara ne ntamasin a ɛwɔ ahoɔden a wɔfrɛ no nkataso. Ɛna no bɔ ne mu ase de ne ba no hyɛ n’akyi wɔ ɔkwan tiawa a asiane nnim so, na afei ɔde ntama no kyekyere no fam ne ho.
Ɛyɛ a nkokoaa no tumi hwe fam bere a wɔrekyekyere wɔn no anaa? Ɛkame ayɛ sɛ eyi nsi da. Sɛ ɛna no rekyekyere akokoaa bi a, ɔde ne nsa biako so ne mu, na ɔde biako a aka no yɛ nkataso no yiye. Ɛdefa mmofra a wɔanyinyin kakra ho no, Nigeriani bea bi a wɔfrɛ no Blessing kae sɛ: “Mmofra ntwetwe wɔn ho; wɔhyɛ hɔ dinn. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ wɔn maame akyi. Ɛtɔ mmere bi a wosu sɛ wɔmfa wɔn nhyɛ hɔ. Nanso sɛ ɛba sɛ abofra no yɛ peterepetere a, ɛna no tumi ka abofra no nsa biako anaa abien no nyinaa hyɛ ne mmɔtoam kosi sɛ ɔde nkataso no bɛbɔ ne so.”
Sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra nketewa paa no kɔn nkyea nkɔtɔ nkyɛn no, ɛnanom de ntama foforo bɔ so kyekyere no te sɛ nkataso a edi kan no pɛpɛɛpɛ. Wɔde nkataso no kyekyere mmofra nketewa anaa wɔn a wɔadeda nsa na aso wɔn mu yiye. Woyi mmofra a wɔanyinyin no nsa.
Afrika ɛnanom de wɔn mma hyɛ akyi kosi bere bɛn? Mmere bi a atwam no, na mmusuakuw bi te sɛ Yorubafo a wɔwɔ Nigeria no de wɔn mma hyɛ akyi kosi mfe abiɛsa. Nnansa yi, woturu abofra bɛyɛ mfe abien, gye sɛ saa bere no mu no, ɛna no wo ɔba foforo ma obetu ɔpanyin no ade so.
Bere a wɔakyekyere abofra no ahyɛ ne maame akyi ma ne ho atɔ no no, otumi kɔ baabiara a ne maame bɛkɔ—bere a odi atrapoe so aforosian, ɔnantew kwan a ɛso mmɔnkye mmɔnka so, na odi kar mu aforosian. Nanso sɛ yeyi sɛnea ɛmmɔ ka kɛse sɛ wɔde mmofra bɛhyɛ akyi adi akɔneaba ne sɛnea edi mu no to nkyɛn a, edi nkate fam ahiade a ɛho hia te sɛ awerɛkyekye ho dwuma. Ɛna de abofra a ɔresu hyɛ n’akyi; abofra no da, na ɛna no toa so yɛ n’adwuma.
Sɛ ɔreyi abofra a wada no afi n’akyi ato mpa so a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no bɔkɔɔ, efisɛ mmofra pii mpɛ sɛ wɔposow wɔn. Sɛ ɛna reyɛ saa a, ɔda ne nkyɛnmu brɛoo, na ɔsan nkataso a afei ɛbɛyɛ nnaso no bɔkɔɔ. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛna no bɛma abofra no ate ahobammɔ nka te sɛ nea ɔhyɛ n’akyi no, ɔde sumii hyɛ n’anim.
Mfaso afoforo wɔ mmofra a wɔde wɔn hyɛ akyi no so. Ɛma ɛna no hu ne ba ahiade ahorow bere nyinaa. Sɛ abofra no nkeka ne ho yiye, ɔnhyɛ hɔ dinn, ne ho yɛ hyew, anaa n’ase fɔw a, ɛna no tumi hu. Mfaso a ɛtra hɔ kyɛ nso wom sɛ wɔde mmofra bɛhyɛ akyi. Nhoma a ɛne Growth and Development ka sɛ: “Bɛn a akokoaa bɛn ne maame kɛse no ma ayɔnkofa a ahobammɔ ne ɔdɔ wom bɛda ɛna no ne abofra no ntam, na ɛno na abusuabɔ a wobenya wɔ mfe a ɛbɛba mu no gyina so. Wogye di sɛ ade a ɛho hia wɔ saa ayɔnkofa yi mu ne nokwasɛm a ɛne sɛ ɛnyɛ den sɛ abofra a ne maame ka no bɛn no pɛɛ no behu sɛnea ne maame koma bɔ te sɛ nea na ɛte bere a na ɔda so wɔ ne maame awotwaa mu no ara pɛ.”
Mmofra pɛ ayɔnkofa a emu yɛ den a akyi a wɔde wɔn hyɛ ma wonya no. Afrika baabiara a wobɛkɔ no, wubehu mmofra a wɔhyɛ wɔn nanom akyi a wɔn ani agye. Ebinom da ma wɔn asom dwo wɔn. Ebinom nso de wɔn maame ti nhwi, wɔn aso, anaa wɔn kɔnmude di agoru. Afoforo nso fi ahomeka mu de wɔn nne gye so bere a wɔn maame to dwom bɔkɔɔ ma ɛne wɔn anammɔntutu kɔ no.
Yiw, ɔkwan a Afrikafo fa so de mmofra di akɔneaba no taa yɛ soronko koraa wɔ ɔkwan a Amerika Kusuu Famfo fa so no ho. Nanso emu biara fata ɛhɔ asetra na edi n’atirimpɔw ho dwuma.