Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 12/8 kr. 31
  • Buronya—Ne Fibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Buronya—Ne Fibea
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Buronya​—Dɛn Nti Na Agye Din Wɔ Japan Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  •  Nea Ɛkɔfaa Nnɛyi Buronya Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Buronya—Dɛn Nti na Wodi Wɔ Apuei Fam Mpo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 12/8 kr. 31

Buronya—Ne Fibea

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ

AKA nnansa pɛ ma 1993 Buronya adu so no, Pope John Paul II gye toom sɛ Buronyadi nni nnyinaso wɔ Bible no mu. Ɛdefa ɛda December 25 ho no, pope no gye toom sɛ: “Edu saa da no wɔ tete abosonsomfo mu a, na wodi ‘Owia a Biribiara Ntumi Nni So’ no awoda ma ɛne sum a ɛba ntɛm awɔw bere no hyia.” Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na Buronya fii ase? Pope no toaa so sɛ: “Na ɛte sɛnea ntease wom na efi awosu mu ma Kristofo sɛ wɔde nokware Owia koro pɛ, Yesu Kristo, afahyɛ no besi saa afahyɛ no ananmu.”

“Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a,” sɛnea sɛnkyerɛwfo Nello Ajello kyerɛw wɔ La Repubblica mu no, “obi na ɔnam ne nsusuwii hunu so bɔɔ ne tirim de da a wɔwoo Yesu a ɛnyɛ nokware no sii hɔ.” Bere bɛn na saa bɔsrɛmka yi bae? Amanneɛbɔ bi a efi Vatican kae sɛ: “Bere a edi kan a wodii Buronya afahyɛ no ne 354 [Y.B.].”

Na January 6, Epiphany da, no nso a wɔde kae bere a Magifo no de kɔsraa Yesu a wɔawo no foforo no nso ɛ? Amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Adanse ahorow boa yɛn ma yetumi hu sɛ, te sɛ December 25 a ɛyɛ Romafo dapɔnna a wɔpawee sɛ wɔmfa nni Yesu awoda no, January 6 yɛ nea abosonsom afahyɛ na ɛde bae. Nokwarem no, wɔ Alexandria no, anadwo a ɛda January 5 ne 6 ntam no, na abosonsomfo de di onyame Aeon (ɛbere ne mfe santen nyame) no awoda. . . . Ɛte sɛnea Asɔre no pɛe sɛ wɔdan saa afahyɛ yi yɛ no Kristofo de.”

Yesu anhyɛ n’asuafo no da sɛ wɔnka nokware som ne abosonsom amanne ahorow mmɔ mu. Mmom no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛ “nea mahyɛ mo nyinaa.” (Mateo 28:19, 20, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Bio nso, bere a ne bere so nyamesom akwankyerɛfo baa ne nkyɛn no, Yesu bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so?” (Mateo 15:3) Wobetumi abisa wɔn a wose wɔyɛ Kristofo a wɔkora abosonsom amanne so nnɛ no asɛm koro no ara ma afata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena