Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 11/8 kr. 13
  • Ɔko Kunkum Mmofra Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔko Kunkum Mmofra Pii
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔko Asesa Nnansa Yi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Wɔn a Akodi Ma Wohu Amane Afei
    Nyan!—2000
  • Na Wiase Te Dɛn Mfe 50 a Atwam Ni?
    Nyan!—1995
  • Daakye a Ɛyɛ Anigye Ma Yɛn Mmofra
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 11/8 kr. 13

Ɔko Kunkum Mmofra Pii

ANKA ɛsɛ sɛ mmofraberem yɛ anigye bere. Bere a wɔkorɔkorɔ obi bɔ ne ho ban. Bere a obi nnim hwee. Wɔhwɛ kwan sɛ mmofra bedi agoru, asua ade, na wɔanya su horow a ɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ mpanyin pa. Anka ɛnsɛ sɛ wokum mmofra, na ɛnsɛ sɛ wɔn nso kum nnipa ɔkwan biara so. Nanso, sɛ ɔko ba a, nneɛma pii sisi a anka ɛnsɛ sɛ ɛba saa.

Awerɛhosɛm ne sɛ, akodi abu so wɔ wiase nyinaa, na ekunkum mmofra pii, yɛ mmofra ne wɔn mmofraberem pasaa. Wɔ 1993 mu no, akodi akɛse kɔɔ so wɔ aman 42 mu, na amammui mu basabasayɛ kɔɔ so wɔ afoforo 37 mu. Ná mmofra wɔ saa aman 79 yi mu biara mu.

Ɛnnɛ mmofra pii nhuu asomdwoe da. Ebeduu 1995 awiei no, na wɔadi ako bɛboro mfe 30 wɔ Angola, mfe 17 wɔ Afghanistan, mfe 11 wɔ Sri Lanka, ne mfe 7 wɔ Somalia. Wɔ mmeae pii no, amanyɔfo de ahotoso kaa “asomdwoe ho agyinatu” ho asɛm, nanso akodi a ɛkɔ so na ennyae da no kɔɔ so sɛee nnipa asetra.

Akodi apira mmofra bere nyinaa, nanso nsakrae a aba sɛnea wodi ako mu nnansa yi no ama wɔn a wɔnyɛ asraafo a wowuwu, a mmofra ka ho, no adɔɔso. Wɔ ako a wodii wɔ mfeha a ɛto so 18 ne 19 no mu ne saa afeha yi mfiase no, na nnipa a ɔko akunkum wɔn no mu bɛyɛ fã na wɔnyɛ asraafo. Wɔ Wiase Ko II a ɛkɔɔ so fi 1939 kosi 1945 mu no, nnipa a wɔnyɛ asraafo a wowuwui no dodow kɔɔ soro koduu nnipa a wowuwu wɔ akodi mu no mu baasa biara mu baanu, a ne fã bi fi nkurow akɛse a wɔde atopae sɛee hɔ pasaa no.

Eduu 1980 mfe no awiei no, na nnipa a wɔnyɛ asraafo a wowuwu wɔ akodi mu no akɔ soro akodu bɛyɛ ɔha biara mu 90! Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ seesei wɔatu mpɔn wɔ akodi mu. Asraafo mfa nsi ani wɔ akono bio. Akodi a ɛkɔ so nnɛ no dodow no ara nyɛ aman ntam de, na mmom ɛyɛ ɔmanko. Bio nso, ɔko kɔ so wɔ nkuraase ne nkuropɔn mu, na esiane atirimɔden ne adwemmɔne a wonya ma afoforo nti, awudifo tumi de wɔn a wɔnka ho no fra atamfo.

Mmofra pii na wokunkum wɔn. Wobu akontaa sɛ wɔ mfe du a atwam mu nkutoo no, sɛnea Amanaman Nkabom Mmofra Foto Ahyehyɛde no kyerɛ no, akodi akunkum mmofra ɔpepem abien, na adi afoforo ɔpepem anan kosi anum dɛm. Akodi ama mmofra bɛboro ɔpepem biako ayɛ nyisaa, na ama ɔpepem 12 nni baabi te. Esiane ɔko nti, mmofra bɛyɛ ɔpepem du anya adwenemhaw.

Akodi ho nhoma ayɛ nhomakorabea ahorow amaama. Eyinom kyerɛ ɔkwan a wɔfaa so dii ako ne nea enti a wɔyɛɛ saa; ɛkyerɛkyerɛ akode a wɔde dii dwuma ne akwan a wɔfaa so dii ako no mu; ɛbɔ asahene a wodii okunkɛse no anim din kae wɔn. Sini ahorow ka anigye a akodi yɛ ho asɛm, na ɛnka amanehunu a ɛwom no ho hwee. Nhoma ne sini a ɛtete saa no nka nnipa a wɔn ho nni asɛm a edi wɔn awu no ho asɛm. Nsɛm a edi hɔ no kyerɛ sɛnea wɔayɛ mmofra akofofo de asɛe wɔn, sɛnea wokunkum wɔn sen biara wɔ akodi mu, ne nea enti a yɛka sɛ ɛnnɛ mmofra betumi anya daakye a ɛyɛ anigye ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena