Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 4/8 kr. 19
  • Adwennwen “Owudifo a Odi Awu Sie”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwennwen “Owudifo a Odi Awu Sie”
  • Nyan!—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
    Nyan!—1998
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
    Nyan!—1981
  • Adwennwene—Nnɛ Bere Mu Nsanyare
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 4/8 kr. 19

Adwennwen “Owudifo a Odi Awu Sie”

“Sɛnkyerɛnne a edi kan a mihui ne yaw a emu yɛ den. Efii ase wɔ me koko so dompe mu; ɛtrɛw ntɛmntɛm kɔɔ me mmati, me kɔn, ne m’apantan; na esianee bio bɛkaa m’abasa abien nyinaa. Ná ɛte sɛ nea ɔsono ahuruw agyina me koko so. Ná ɛyɛ den sɛ mɛhome. Mifii ase tee fifiri. Me yam fii ase kekaw me, na afei mefee pii. . . . Akyiri yi, bere a ayarehwɛfo no boa de me kɔtoo ayaresabea mpa so no, mekae sɛ mede ahodwiriw kae sɛ, ‘Manya komayare.’ Ná madi mfe aduanan anan.”

SAA na Oduruyɛfo Robert S. Eliot ka wu a anka ɔreyɛ awu bɛboro mfe 20 a atwam ni no ho asɛm wɔ ne nhoma From Stress to Strength mu. Ná wadi kan akɔ nhyiam saa da no anɔpa akɔma ɔkasa bi—a nea ɛyɛ nwonwa no, na ɛfa komayare ho. Mpofirim ara, Oduruyɛfo Eliot a ɔyɛ koma ho nimdefo no hui sɛ “obi mmom na ɔreyɛ ne koma ho adwuma.” Dɛn na ɔka sɛ ɛde ɔhaw a na ɔnhwɛ kwan no bae? Oduruyɛfo Eliot ka sɛ: “Wɔ me mu no, na asi a m’ankasa me nipadua ne adwennwen redi no rekum me.”a

Sɛnea Oduruyɛfo Eliot suahu no kyerɛkyerɛ mu no, adwennwen betumi de obi nkwa ato asiane mu. Nokwarem, wɔ United States no, wɔde aka nneɛma a edi awu sen biara no bi ho. Nea adwennwen de ba no ano betumi aboaboa a wonhu kosi bere bi, na afei ayi ne ho adi a ɛmmɔ nkae. Ɛno nti na ntease wom sɛ wɔafrɛ adwennwen “owudifo a odi awu sie” no.

Anwonwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ su bi a wɔfrɛ no type-A—a ɛma wɔn bo fuw ntɛmntɛm, wɔn ani yɛ den, na wosi akan—no nkutoo ne nkurɔfo a wohyia amanehunu a adwennwen de ba no. Wɔn a ɛte sɛ nea wodwo no nso betumi akɔ asiane mu, sɛ wɔn dwo no yɛ nnipa ani so de kɛkɛ, a ɛte sɛ mmuaso a ɛnkataa aduan a esi gya so yiye so a. Oduruyɛfo Eliot te nka sɛ na eyi te saa wɔ ne fam. Enti ɔbɔ afoforo kɔkɔ seesei sɛ: “Wubetumi ahwe ase awu nnɛ—a wunnim sɛ ɔtopae a ɛtow wɔ ne bere mu akyekyere wo koma ho.”

Nanso ɛnyɛ komayare ne ɔpatuwu nkutoo ne ɔhaw a adwennwen de ba, sɛnea asɛm a edi hɔ bɛkyerɛ no.

[Ase hɔ asɛm]

a Bere a adwennwen betumi ayɛ nneɛma a ɛde komayare ba no mu biako no, srade nso betumi asɛe komam ntini kɛse a mogya fa mu no. Enti, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ obi bebu komayare ho sɛnkyerɛnne adewa, a ebia ogye di sɛ adwennwen a ɔbɛtew so ara kwa no betumi asa no yare. Hwɛ December 8, 1996 Nyan! no nkratafa 3-13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena