So Wowɔ Ahobammɔ Wɔ Wo Fie?—Nneɛma 20 A Ɛsɛ Sɛ Woma W’ani Ku Ho
“EFIE ne fie!” Ebia bere a woayɛ adwumaden na woapɔn aba fie no, wugu ahome a ɛte sɛɛ a ɛkyerɛ sɛ woadu fie na wowɔ anigye ne ahobammɔ. Nanso, ɛyɛ nokware sɛ wowɔ ahobammɔ? Anwonwasɛm ne sɛ, asiane akɛse to nnipa binom wɔ fie a wonnim. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ mma nkumaa titiriw yɛ ahwɛyiye kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma asiane a ɛtaa sisi fie no so atew. Adɛn nti na womfa nyansahyɛ a wɔde ama yi nni dwuma mfa nyɛ nsakrae a ɛho hia sɛ woyɛ wɔ wo fie no?
✔ Afifide. Sɛ wowɔ mma nkumaa a, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ awuduru biara nni nneɛma a woadua wɔ fie no mu so. Hyɛ no nsow sɛ nkokoaa a wɔn ho yɛ ahometew no pɛ sɛ wɔde biribiara a wobesom no hyɛ wɔn anom.
✔ Nkataano. Bɔ nhama a ɛhyehyɛ nkataano a ɛwɔ wo fie mu no ho ban. Ebetumi akyekyere mmofra nkumaa kɔn—na ahyɛ wɔn akɔmfo—mpo.
✔ Nnaka a wɔde gyaade nneɛma gu mu. Hwɛ sɛ wobɛtom yiye. Eyi mma mmofra ntumi nkoso gyaade nneɛma a ano yɛ nam ne nnuru a etumi di awu a wɔde siesie fie no mu.
✔ Atrapoe. So kanea a ɛfata bobɔ so na nneɛma ngugu so basabasa? So wode nnade agye ho a mmofra ntumi mfa mu mmɛhwe fam?
✔ Sutof. Ma kankyee a woreyɛ mu ade wɔ sutof no so no nsa nhwɛ baabi a ɛfata, ne titiriw bere a worenoa aduan no.
✔ Kankyee a wɔkyew mu nam. Hohoro mu daa. Kankyee a ngo ayeyɛ mu betumi ama ogya atɔ gyaade hɔ.
✔ Ade a wɔde dum gya. Anyɛ yiye koraa no, nya biako wɔ wo fie na kyerɛ obiara a n’ani afi sɛnea wɔde di dwuma.
✔ Nkokoaa mpa. Ɛsɛ sɛ wɔma nnade anaa nnua a wɔde ayɛ no bobɔ ho. Ɛsɛ sɛ akwan a ɛdeda mpa no ho no yɛ nketenkete sɛnea ɛbɛyɛ a abofra no ti nkɔhyem.
✔ Mpomma. Ɛsɛ sɛ nnade a wɔde ahyehyem no tumi yɛ nea ɛfata a ɛmma mmofra mfa mu nhwe ase na ɔpanyin bi nso betumi ayiyi bere a ogya atɔ ofie hɔ no.
✔ Nnuru a yɛnom. Fa gu adaka mu na tom anaasɛ fa sie baabi a mmofra nhu.
✔ Ade a wogyina mu guare. Nnya abofra nkutoo nsi ade a woguare wom mu da. Nsu kakraa bi—betumi afa abofra—wɔ bere tiaa bi mu.
✔ “Microwave.” Hyɛ no nsow sɛ aduan ben ntɛmntɛm wɔ saa ade yi mu. Sɛ nhwɛso no, ɛmfa ho sɛ toa a nkokoaa aduan gu mu no nyɛ hyew papa no, aduan a ɛwom no tumi yɛ hyew paa.
✔ Ade a wɔtõ mu aduan. Ɛsɛ sɛ wotaa hwehwɛ nea wotõ mu aduan no mu hwɛ sɛ mframa a edi awu biara mmaa mu a.
✔ Egya a wɔhow so nam. Hwɛ sɛ womma mmofra nkɔ nea wɔhow so nam no ho, ɛnkanka bere a ayɛ hyew no.
✔ Dan a wɔde kar si mu no ano pon. Kyerɛkyerɛ mmofra no sɛ ɛnsɛ sɛ wotu mmirika fa saa ɔpon no ase, ne titiriw no sɛ wɔde elɛtrik ahoɔden na ɛto mu a.
✔ Abɛn a ɛma yehu sɛ wusiw wɔ baabi. Siesie adwinnade yi daa ma ɛho ntew. Sesa batere a ɛhyem no afe biara.
✔ Plɔg ne nhama a anyinam ahoɔden fam. Tow elɛtrik ahama biara a asɛe gu. Ɛyɛ papa sɛ wobɛkata plɔg biara a wɔmfa nni dwuma no so.
✔ Elɛtrik mfiri. Bɔ mfiri a ɛtete saa biara a ɛwɔ aguaree ne faako a wohohoro nkankyee mu no ho ban. Nneɛma biara a ɛtwetwe anyinam ahoɔden a wubeyi afi hɔ no de ahobammɔ ba.
✔ Nnaka a wɔde agode gu mu. Ma ntokuro a ɛsɛ nneda nnaka no ho na kata so yiye na ɛso ammuebue.
✔ Ayɔn. Bɔ ayɔn—ne ahama a ɛsa so no—ho ban na mmofra antumi anso mu.