Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã 1
1 Honhom mu nkɔso a wɔn a wɔabɛka yɛn ho foforo benya no yɛ nea ɔdɔ a wɔbɛda no adi wɔ Bible mu nokware ahorow ho ne anisɔ kɛse a wobenya ama Yehowa ahyehyɛde ne ne nhyehyɛe horow ka ho. (Dw. 33:12; 119:97) Enti ɛsɛ sɛ adesua a yɛbɛkɔ so ne nnipa a wɔyɛ foforo ayɛ daa no hyɛ Yehowa ne ɔsom ho nhyehyɛe fɛfɛ a wayɛ no anuonyam. Sɛ yɛde nokwaredi twe adwene kɔ ahyehyɛde no dwumadi wɔ yɛn asetra mu so a, yɛbɛda yɛn ho adi sɛ Ahenni no ho akyerɛkyerɛfo pa wɔ Bible adesua horow mu na akanyan osuani no ma wanya nkɔso kɛse.
2 Sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ no betu mpɔn ma yɛanya Kristo nokware asuafo a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so boa nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye ma wohu Yehowa ahyehyɛde no na wonya ho anisɔ. Ahenni adawurubɔfo pii atumi asow aba fɛfɛ denam adwene a wɔdan kɔ ahyehyɛde no so nkakrankakra no so. Akwan horow bɛn na yebetumi afa so akanyan anigye wɔ asafo nhyiam horow mu? Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a yɛne wɔn yɛ Bible adesua no abehu ahyehyɛde no yiye? Nyansahyɛ ahorow a ɛho wɔ mfaso bɛn na yebetumi de adi dwuma de ayi adwene biara a ɛmfata a ebia afoforofo wɔ no afi hɔ ansa na wɔakɔ Ahenni Asa so nea edi kan?
NYANSAHYƐ AHOROW A ƐHO WƆ MFASO
3 Efi adesua a edi kan no so no ma ɛnyɛ wo su sɛ wobɛka ahyehyɛde no ho asɛm dapɛn biara. Ɛsɛ sɛ osuani no hu wo ho nyinaa a wode ahyɛ nokware no mu, ɔdɔ a wowɔ ma wo nuanom ne obu a wowɔ ma Yehowa nhyehyɛe no. Fa anuanom din di dwuma bere a woreka wɔn ho asɛm na fa afoforo a wɔbɔ mmɔden ka wo ho kɔ adesua no. Eyi betumi aboa ma dapɛn biara nkɔmmɔbɔ no ayɛ anigye ne nea ɛma nkɔso. Bere bi akyi no ebia osuani no bɛda anigye ne anisɔ koro no ara a wowɔ ma Kristofo asafo no adi.—Luka 6:40.
4 Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ suro a ebia afoforofo suro sɛ wɔbɛkɔ nhyiam horow nea edi kan no agu? Adawurubɔfo bi a wɔn ho akokwaw ahu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wɔkyerɛkyerɛ Ahenni Asa no atirimpɔw ne dwuma a wodi wɔ hɔ no mu. Bere a abusua bi apow nsa a na wɔto frɛ wɔn sɛ wɔmmra asafo nhyiam horow mpɛn pii akyi no, onua a ɔne wɔn sua ade no hui sɛ obetumi de saa abusua yi akɔ Ahenni Asa so hɔ bere a wɔnyɛ adesua biara. Wokokyinkyin hɔ, na efi saa bere no wofii ase kɔɔ nhyiam horow. Nhumu a ɔde dii dwuma no boaa no ma odii biribi a na ɛresiw afoforofo yi kwan wɔ nhyiam horow a wɔbɛkɔ ho so nkonim.
5 Yɛn fie Bible adesua dwumadi no fã yi nyɛ den, nanso egye ɛho a yebedi kan asusuw na yɛayɛ ho nhyehyɛe. Nanso, ɛho nhia sɛ eyi gye bere tenten. Susuw osuani no nipasu ne nea ɔreyɛ wɔ Bible mu nokware ahorow ho de besi saa bere yi no ho. Bere a eyi wɔ w’adwene mu no, ebia wobɛpɛ sɛ wusiesie simma anum kosi du nkɔmmɔbɔ bi a egyina Kyerɛwnsɛm so a ɛfa ahyehyɛde no ho. Sɛ wunim adawurubɔfo bi a wɔn ho akokwaw a wotumi boa Bible suafo ma wɔba asafo nhyiam horow a, dɛn nti na wunni kan nka nkyerɛ wɔn mma wɔmma wo nyansahyɛ ahorow bi a ɛho wɔ mfaso? Bere bi akyi no wubenya nsɛm pii a wubetumi de adi dwuma wɔ w’adesua yɛ mu.
NEA ENTI A ƐHO WƆ MFASO
6 Sɛ yɛantwe osuani no adwene amma ahyehyɛde no so a, yesiw nkɔso a obenya abɛyɛ osuani pa no ano. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ nokware nkyerɛkyerɛ a ɔresua no nyɛ nea efi yɛn ankasa ntease mu, na mmom wiase nyinaa ahyehyɛde a egyina Kyerɛwsɛm so a Yehowa de redi dwuma na ohyira so no na ɛde ma. Boa wɔn a wo ne wɔn sua ade no ma wonnya nkate wɔ wɔn koma mu a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔne yɛn abɔ fekuw. (Sak. 8:20-23; 1 Kor. 14:24, 25) Suasua Yesu na kyerɛ nnipa komapafo adwene kwan kɔ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no so. Yɛn Ahenni Som afoforo a ɛbɛba akyiri yi no de nyansahyɛ afoforo bɛma, a nhomawa Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century a yɛde bedi dwuma de akyerɛ anigye kwan akɔ ahyehyɛde no so no ka ho.